< 1 Korintofo 13 >

1 Sɛ meka nnipa ne abɔfo kasa foforo na minni ɔdɔ a, na mete sɛ ayowa a egyigye anaa akasae a ɛwosow kɛkɛ.
Baldin guiçonén eta Aingueruen lengoagez minça banadi, eta charitateric eztudan, eguin naiz cobre soinu eguiten duenaren, edo cymbala dindatzen duenaren pare.
2 Sɛ mewɔ akyɛde a mitumi ka asɛmpa no ma ɛka nnipa koma; na mewɔ osuahu ne ntease ma mete ahintasɛm nyinaa ase; na mewɔ gyidi a ɛma mitumi tutu mmepɔw, nanso minni ɔdɔ a, menka hwee.
Eta baldin banu prophetiazco dohaina, eta naquizquian mysterio guciac eta scientia gucia: eta nuen fede gucia, hambat non mendiac transporta nitzan, eta charitateric eztudan, deus eznaiz.
3 Sɛ mede nea mewɔ nyinaa akyɛ na mpo mitu me nipadua si hɔ sɛ wɔnhyew, nanso sɛ minni ɔdɔ a, minnya hwee.
Eta baldin distribui baditzat neure on guciac paubrén hatzeco, eta baldin eman badeçat neure gorputza erre içateco, eta charitateric eztudan, etzait deus probetchatzen.
4 Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛw; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa onni ahomaso su.
Charitatea patient da, benigno da, charitatea ezta inuidioso: charitateac eztu insolentiaric, eta ezta hancen:
5 Ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkominya; ne bo nhaw no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu.
Eztu deshonestateric eguiten, eztabila bere probetchuén ondoan, ezta despitatzen: eztu gaitzic pensatzen:
6 Ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokware.
Ezta bidegabeaz alegueratzen, baina alegueratzen da eguiaz.
7 Ɔdɔ mpa abaw; ne gyidi, nʼanidaso ne ne boasetɔ nni nhuammɔ.
Gauça guciac pairatzen ditu, gauça guciac sinhesten ditu, gauça guciac speratzen ditu, gauça guciac suffritzen ditu.
8 Ɔdɔ wɔ hɔ daa. Nkɔmhyɛ wɔ hɔ, nanso ɛnte hɔ daa; akyɛde a ɛma wɔka kasa foforo wɔ hɔ, nanso ɛwɔ nʼawiei; osuahu wɔ hɔ, nanso ebetwa mu.
Charitatea nehoiz-ere ezta erorten: baina are prophetiác abolituren dirade, eta lengoagéc fin harturen duté, eta scientiá abolituren da.
9 Nea yenim ne nkɔm a yɛhyɛ no yɛ fa ne fa bi;
Ecen partez eçagutzen dugu eta partez prophetizatzen.
10 nanso nea ɛyɛ pɛ no nya ba a, nea ɛyɛ fa ne fa no begu.
Eta perfectionea ethorri datenean, orduan partez dena abolituren date.
11 Meyɛ abofra no, mekasaa sɛ abofra, medwenee sɛ abofra, misusuwii sɛ abofra, na meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofrasɛm no.
Haourra nincenean, haour anço minço nincén, haour anço iugeatzen nuen, haour anço pensatzen nuen: baina guiçon eguin naicenean, abolitu vkan ditut haourtassuneco manerác.
12 Nea yehu no mprempren no te sɛ su bi a ɛyɛ kusuu wɔ ahwehwɛ mu. Ɛno akyi na, yebehu no kann. Nea minim mprempren no yɛ ɛho fa bi; akyiri no, ebedi mu te sɛ Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ wɔ me ho no.
Ecen orain mirail batez ikusten dugu ilhunqui: baina orduan beguithartez beguitharte ikussiren dugu: orain eçagutzen dut partez, baina orduan eçaguturen dut eçagutu-ere naicén beçala.
13 Na afei nneɛma abiɛsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidi, anidaso, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛse.
Bada orain badaude hirur gauça hauc, fedea, sperançá, charitatea: baina hautarico handiena charitatea da.

< 1 Korintofo 13 >