< 1 Korintofo 12 >

1 Me nuanom, mempɛ sɛ morenhu nsɛm a ɛfa Honhom Kronkron akyɛde no ho no.
Now about spiritual gifts, brothers, I do not want you to be uninformed.
2 Munim sɛ bere a na moyɛ abosonsomfo no, moyeraa kwan kɔɔ ahoni a awuwu no nkyɛn.
You know that when you were pagans, you were influenced and led astray to mute idols.
3 Nea ɛsɛ sɛ mote ase ne sɛ, obiara a ɔwɔ Onyankopɔn Honhom akwankyerɛ no ka se “Yesu yɛ Awurade,” na ɔnnome Yesu.
Therefore I inform you that no one who is speaking by the Spirit of God says, “Jesus be cursed,” and no one can say, “Jesus is Lord,” except by the Holy Spirit.
4 Akyɛde no gu ahorow nanso Honhom koro no ara na ɛkyekyɛ.
There are different gifts, but the same Spirit.
5 Akwan ahorow bebree wɔ hɔ a wɔfa so som nanso Awurade koro no ara na wɔsom no.
There are different ministries, but the same Lord.
6 Tumi ahorow bebree wɔ hɔ a wɔnam so som, nanso Onyankopɔn koro no ara na ɔma obiara tumi ma ɔde som.
There are different ways of working, but the same God works all things in all people.
7 Honhom Kronkron no nam yɛn mmaako mmaako so da ne ho adi wɔ akwan bi so ma ɛboa yɛn nyinaa.
Now to each one the manifestation of the Spirit is given for the common good.
8 Honhom Kronkron no ma obi nyansa na Honhom Kronkron no ara nso ama obi osuahu.
To one there is given through the Spirit the message of wisdom, to another the message of knowledge by the same Spirit,
9 Saa Honhom Kronkron no ara ma obi gyidi na ɔma obi nso tumi a ɔde sa nyarewa.
to another faith by the same Spirit, to another gifts of healing by that one Spirit,
10 Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔyɛ anwonwade; obi nso, ɔma no tumi ma ɔka Onyankopɔn asɛm; na ɔfoforo nso ɔma no tumi ma ɔkyerɛ nsonoe a ɛda akyɛde a efi Honhom Kronkron no ne nea emfi Honhom Kronkron no mu. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔka kasa foforo na ɔma ɔfoforo nso tumi ma ɔkyerɛ kasa foforo no ase.
to another the working of miracles, to another prophecy, to another distinguishing between spirits, to another speaking in various tongues, and to still another the interpretation of tongues.
11 Ɛyɛ Honhom Kronkron koro no ara na ɔyɛ eyinom nyinaa; akyɛde ahorow a ɔpɛ sɛ ɔde ma obiara no, ɔde ma no.
All these are the work of one and the same Spirit, who apportions them to each one as He determines.
12 Kristo te sɛ onipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwɔ mu sɛ ɛwɔ akwaa bebree de, nanso ɛyɛ nipadua koro no ara.
The body is a unit, though it is composed of many parts. And although its parts are many, they all form one body. So it is with Christ.
13 Wɔnam saa ɔkwan koro no ara so abɔ yɛn Yudafo ne amanamanmufo ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron koro no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipa koro no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn nyinaa se yɛnnom.
For in one Spirit we were all baptized into one body, whether Jews or Greeks, slave or free, and we were all given one Spirit to drink.
14 Onipadua no ankasa nyɛ akwaa baako; ɛyɛ akwaa bebree.
For the body does not consist of one part, but of many.
15 Sɛ nan ka se, “Esiane sɛ menyɛ nsa nti, menka nipadua no ho” a, ɛnyɛ ɛno na ɛremma no nyɛ nipadua no fa bi.
If the foot should say, “Because I am not a hand, I do not belong to the body,” that would not make it any less a part of the body.
16 Na sɛ aso ka se, “Esiane sɛ menyɛ aniwa nti, menka nipadua no ho” a, ɛnyɛ ɛno na ɛremma no nyɛ nipadua no fa bi.
And if the ear should say, “Because I am not an eye, I do not belong to the body,” that would not make it any less a part of the body.
17 Na sɛ nipadua no nyinaa yɛ aniwa a, anka ɛbɛyɛ dɛn ate asɛm? Na sɛ ɛyɛ aso a anka ɛbɛyɛ dɛn ahua ade?
If the whole body were an eye, where would the sense of hearing be? If the whole body were an ear, where would the sense of smell be?
18 Sɛnea Onyankopɔn pɛ no no na ɔde akwaa biara sii.
But in fact, God has arranged the members of the body, every one of them, according to His design.
19 Sɛ nipadua no nyinaa yɛ akwaa koro a, anka nipadua no bɛyɛ dɛn?
If they were all one part, where would the body be?
20 Sɛnea ɛte no, akwaa gu ahorow, nanso nipadua no yɛ baako pɛ.
As it is, there are many parts, but one body.
21 Eyi nti, aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa se, “Wo ho nhia me!” Saa ara na eti rentumi nka nkyerɛ nan se, “Wo ho nhia me!”
The eye cannot say to the hand, “I do not need you.” Nor can the head say to the feet, “I do not need you.”
22 Saa ara na yɛrentumi nyɛ biribiara a akwaa a ɛyɛ mmerɛw no nka ho mma ɛnyɛ yiye.
On the contrary, the parts of the body that seem to be weaker are indispensable,
23 Akwaa a yesusuw sɛ enni mu pii no mmom na yɛhwɛ no yiye, na nea ɛnyɛ fɛ wɔ nipadua ho no nso yɛhwɛ no yiye pa ara.
and the parts we consider less honorable, we treat with greater honor. And our unpresentable parts are treated with special modesty,
24 Na akwaa a edi mu no, saa ɔhwɛ no ho nhia no. Onyankopɔn ankasa nam ɔkwan bi so akeka nipadua no asisi anim de ahyɛ akwaa a wommu no no anuonyam.
whereas our presentable parts have no such need. But God has composed the body and has given greater honor to the parts that lacked it,
25 Enti nkyekyɛmu biara nni nipadua no mu. Akwaa no nyinaa keka wɔn ho wɔn ho bɔ mu.
so that there should be no division in the body, but that its members should have mutual concern for one another.
26 Sɛ akwaa baako ho ka a, akwaa a aka no nyinaa ho ka bi. Na sɛ wɔkamfo akwaa no bi a, anigye ka akwaa a aka no nyinaa.
If one part suffers, every part suffers with it; if one part is honored, every part rejoices with it.
27 Enti mo nyinaa moyɛ Kristo nipadua. Na mo mu biara yɛ nʼakwaa.
Now you are the body of Christ, and each of you is a member of it.
28 Onyankopɔn ahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu: Nea edi kan, asomafo; nea ɛto so abien, adiyifo; nea ɛto so abiɛsa, akyerɛkyerɛfo; afei wɔn a wɔyɛ anwonwade na wɔn a wɔama wɔn tumi de sa yare anaa wɔboa afoforo anaa wɔkyerɛ wɔn kwan anaa wɔka kasa foforo.
And in the church God has appointed first of all apostles, second prophets, third teachers, then workers of miracles, and those with gifts of healing, helping, administration, and various tongues.
29 Wɔn nyinaa nyɛ asomafo anaa adiyifo anaa akyerɛkyerɛfo. Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ tumi a wɔde yɛ anwonwade
Are all apostles? Are all prophets? Are all teachers? Do all work miracles?
30 anaa wɔsa nyarewa, anaa wɔka kasa foforo anaa wɔkyerɛ nea wɔka no ase.
Do all have gifts of healing? Do all speak in tongues? Do all interpret?
31 Monhwehwɛ akyɛde a ɛbɛboa mo yiye akyi kwan. Mɛkyerɛ mo ɔkwan foforo a eye pa ara.
But eagerly desire the greater gifts. And now I will show you the most excellent way.

< 1 Korintofo 12 >