< 1 Korintofo 11 >
1 Munsua me sɛnea misua Kristo no.
Tsikombeo iraho hambañe amy te izaho ka ro mpiamy Norizañey.
2 Mekamfo mo, efisɛ bere biara mokae me, di nea mekyerɛɛ mo no so.
Ty andrengeako anahareo ry longo, le t’ie mahatiahy ahy amy ze he’e, naho tambozore’ areo o nafèn-droaeo, ami’ty do’e nitaroñako.
3 Na mepɛ sɛ mote ase sɛ, ɔbarima ti ne Kristo, na ɔbarima yɛ ɔbea ti, nanso Kristo ti ne Onyankopɔn.
Fa teako ho fohi’ areo te lohà’ ze hene ‘ndaty i Norizañey, le lohà’ ty rakemba ty lahilahy; le lohà’ i Norizañey t’i Andrianañahare.
4 Enti ɔbarima biara a ɔkata ne ti so bɔ mpae anaa ɔka Onyankopɔn asɛm wɔ bagua mu no gu Kristo anim ase.
Toe manalatse ty añambone’e ze lahilahy mikolopoke naho mihalaly ndra mitoky.
5 Na ɔbea a ɔnkata ne ti so na ɔbɔ mpae ka Onyankopɔn asɛm wɔ bagua mu no nso gu ne kunu anim ase. Nsonoe biara nna ɔne ɔbea a wayi ne tinwi no ntam.
Fa manalatse ty añambone’e ka ze rakemba tsy mampikolopoke ty añambone’e t’ie miloloke ndra mitoky—fa hambañe amy te niharatse.
6 Sɛ ɔbea no nkata ne ti so a, ɛsɛ sɛ otwitwa ne tinwi gu. Esiane sɛ ɛyɛ animguase sɛ ɔbea beyi ne tinwi anaa obetwitwa agu no nti, ɛsɛ sɛ ɔkata so.
Aa naho tsy mete mikolopo-doha ty rakemba, le hamake te hiharatse. Fe naho mahasalatse i rakembay te ho harateñe ndra hitsifañe le soa re te hikolopo-doha.
7 Ɛho nhia sɛ ɔbarima bɛkata ne ti so, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn anuonyam ne ne sɛso
Tsy kolopofa’ ty lahilahy ka ty añambone’e, amy t’ie ty vintan’ Añahare naho ty enge’e; le ty rakemba ro engen-dahilahy.
8 na wɔammɔ ɔbarima amfi ɔbea mu, na mmom wɔbɔɔ ɔbea fii ɔbarima mu.
(Toe tsy niboak’ami’ty rakemba ty lahilahy, fa ami’ty lahilahy ty rakemba.)
9 Saa ara nso na ɛnyɛ ɔbea nti na wɔbɔɔ ɔbarima, nanso ɔbea de, ɔbarima nti na wɔbɔɔ no.
Eka, tsy nitsenèñe ho a ty rakemba ty lahilahy, fa ty rakemba ho a ty lahilahy.
10 Esiane saa asɛm yi ne abɔfo no nti, ɛsɛ sɛ ɔbea nya nkataso bi wɔ ne ti so de kyerɛ sɛ ɔhyɛ tumi bi ase.
Ty amy tsraeñey le soa re te añambone’ i rakemba ty viloñe t’ie aman-dily, ty amo anjelio.
11 Yɛn asetena wɔ Awurade mu no, ɔbea nne ne ho na ɔbarima nso nne ne ho.
Ie amy zao, amy Talè ao, le tsy mifampiria ami’ty lahilahy ty rakemba, vaho tsy mihaha ami’ty rakemba ty lahilahy.
12 Na sɛnea wɔbɔɔ ɔbea fii ɔbarima mu no, saa ara nso na ɔbea woo ɔbarima, na biribiara nso fii Onyankopɔn.
Le hambañe amy te boak’ami’ty lahilahy ty rakemba te añamy rakemba ka o lahilahio; vaho kila boak’ aman’ Añahare.
13 Eye sɛ ɔbea bɛbɔ mpae afrɛ Onyankopɔn wɔ bagua mu a biribiara nkata ne ti so ana? Mo ara mummua mfa.
Mifañaraharà: Mañeva ty rakemba hao ty miloloke aman’ Añahare tsy mikolopoke?
14 Ɛnyɛ saa abɔde koro no ara na ɛka se sɛ ɔbarima ti fuw bebree a, ɛyɛ animguase ma no no?
Aa tsy anare’ o sata’ ty tane toio hao te manalatse o lahilahio ty maròy lava?
15 Nanso ɔbea de, sɛ ne ti fuw pii a, ɛyɛ anuonyam ma no ana? Wɔama no nwi pii sɛ nkataho.
Fe naho apò’ ty rakemba ho lava ty maroi’e, le enge’e; amy te nitoloreñe aze ho fandrakofañe o maroi’eo.
16 Nanso sɛ obi pɛ sɛ ogye eyi ho akyinnye a, asɛm a mewɔ ka wɔ ho ara ne sɛ, yɛn anaa Onyankopɔn asafo no nni ɔkwan foforo biara a wɔfa so som.
Aa naho eo ty te handietse, tsy aman-dilitse ila’e tika ndra o Fivorin’ Añahareo.
17 Nhyehyɛe a edidi so yi mu no, minni nkamfo biara de ma mo, efisɛ mo asafo nhyiamu de ɔhaw brɛ mo mmom.
Fe amo taroñeñe zao, tsy rengeko nahareo; ie tsy mifanontoñe ho ami’ty hasoa, fa ho ami’ty haraty.
18 Nea edi kan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asi wɔ mo nhyiamu mu na migye di sɛ nokware kakra wɔ mu.
Valoha’e, naho mifanontoñe ho Fivory, inao t’ie mifampiriaria, fe mete hiantofako.
19 Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nokware bɛda adi.
(Toe tsy mahay tsy ama’ areo avao ty fifampitolahañe hampidodeàñe o niventèñe ama’ areoo.)
20 Sɛ muhyia sɛ kuw a, munnhyia sɛ moreyɛ Awurade Adidi
F’ie mifanontoñe, toe tsy ty hikama i sabadidak’ i Talèy,
21 efisɛ mugu so redidi no, obiara di nʼaduan. Ɛno nti bere a ɔkɔm de obi no na ɔfoforo nso abow nsa.
f’ie mikama, songa mandrambe ty mahakama’e heike; le ao ty kerè vaho ao ty jike.
22 Mo ara munni afi a mudidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mugu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a ade ahia wɔn no anim ase ana? Dɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo ana? Ɛsɛ sɛ muhu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo!
Hete! Tsy songa manañe anjomba hao hikamà’e naho hinoma’e? Ke rabioñe’ areo ty Fivorin’ Añahare, naho salare’ areo o rarakeo? Aa ino ty hitaroñako? Ho rengèko amy zay hao nahareo? Tsy hirengèako!
23 Awurade nkyɛn na minya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no se Awurade Yesu, anadwo a woyii no mae no, ɔfaa brodo
Fa rinambeko amy Talè, i nitaroñakoy, te nandrambe mofo t’i Talè Iesoà amy haleñe nifoterañe azey;
24 na ɔdaa Onyankopɔn ase no, obuu mu kae se, “Eyi ne me nipadua a mede ma mo. Monyɛ eyi mfa nkae me.”
nañandriañe re le finola’e vaho nanao ty hoe: Intoy ty sandriko ho anahareo, anò zao ho fitiahiañe ahy.
25 Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkae se, “Saa kuruwa yi yɛ Onyankopɔn apam foforo a wɔde me mogya ahyɛ mu den. Bere biara a mobɛnom no, momfa nkae me.”
Hambañ’ amy zay, rinambe’e i fitoviy, ie fa nikama, le nanao ty hoe: Fañina vao ami’ty lioko ty fitovy toy. Anò zao amy fikama’ areo aze ho fitiahiañe ahiko.
26 Bere biara a mubedi brodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wu no ho asɛm nkosi sɛ ɔbɛba.
Aa le amy ikama’ areo ty mofo toy naho inomañe ty fitovy toy, ro mitaroñe ty havilasi’ i Talè ampara’ ty fitotsaha’e.
27 Ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi di Awurade brodo no na ɔnom kuruwa no ano wɔ ɔkwan a ɛmfata so a, odi Awurade nipadua ne ne mogya no ho fɔ.
Aa ndra ia ia mikama amy mofoy ndra minoñe amy fitovi’ i Talèy ami’ty tsy fañeva’e, le aman-kakeo ami’ty fañòva naho ami’ty lio’ i Talè.
28 Enti ansa na obiara bedi brodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ sɛ ɔkari ne ho hwɛ.
Aa le tsy mete tsy hitso-batañe heike ondatio vaho hikama amy mofoy naho hinoñe amy fitoviy.
29 Na sɛ wammu Awurade Honhom no na odi, nom fi kuruwa no mu a, odi nom de atemmu ba nʼankasa so.
Amy t’ie mikama naho minoñe ro mikama naho minoñe fàtse ami’ty vata’e naho ie tsy maharedreke i fañovay.
30 Ɛno nti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛw na mo mu pii awuwu no.
Izay ty mampaifoifo naho mahasiloke maro ama’areo, mbore nampiròtse ty ila’e.
31 Sɛ yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yɛrenkɔ Onyankopɔn atemmu mu.
Ie mahafitsò-batañe ami’ty hatò tika le tsy ho zakaeñe.
32 Nanso Awurade bu yɛn atɛn, twe yɛn aso sɛnea ɔremmu yɛne wiase nyinaa fɔ.
F’ie zakaeñe, lilove’ i Talè tsy mone hatrao-pàtse ami’ty voatse toy.
33 Ɛno nti, me nuanom, sɛ muhyia sɛ morekɔ Awurade Adidi no a, mommɔ mu nnidi.
Ie amy zao, ry longo naho mifanontoñe hikama, mifandiñisa.
34 Sɛ ɔkɔm de obi a, onni biribi wɔ fie na Onyankopɔn ammu no atɛn wɔ wɔn nhyiamu no ase. Meba a mɛkyerɛ mo nea monyɛ bio.
Naho eo ty saliko, soa re te hikama añ’anjomba’e añe, tsy mone hivory hafàtse. Halahareko ho anahareo ami’ty fiàviko o raha ila’eo.