< 1 Korintofo 10 >
1 Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nenanom a wodii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Po Kɔkɔɔ no mu asomdwoe mu.
兄弟姐妹们,让我来向你们解释这一点。我们的先祖都曾居于云下,都曾穿海而过。
2 Wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu sɛ Mose akyidifo wɔ omununkum ne po no mu.
他们都曾在云中和海里由摩西受洗,这是一种象征性的仪式。
3 Wɔn nyinaa dii honhom fam aduan
他们享用着同样的灵性食粮,
4 na wɔnom honhom fam anonne. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsu; na saa ɔbotan no yɛ Kristo no ankasa.
都曾饮用同样的灵性之水,因为他们“饮用来自磐石之水。”这磐石与他们同在,这磐石就是基督。
5 Eyinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa wɔ sare no so hɔ.
但他们中大多数人都无法获得上帝的喜悦,因此最终死于荒野。
6 Mprempren, eyinom nyinaa yɛ nhwɛso ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yedi bɔne akyi sɛnea wɔyɛɛ no,
我们应该引以为戒,不要像他们那样贪恋恶行。
7 na ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni sɛnea wɔn mu bi yɛe no. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Nnipa no tenaa ase, didi nomee, na wogoruu abosongoru, yɛɛ ahuhude.”
你们也不可像他们中的某些人那样膜拜神像。正如经文所说:“民众大吃大喝,沉迷异教膜拜。”
8 Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ aguaman, sɛnea wɔn mu bi yɛe no na da koro wɔn mu mpem aduonu abiɛsa wuwui no.
我们不要像他们中的某些人那样行淫乱之事,这导致一天就有二万三千人死去。
9 Ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛnea wɔn mu bi yɛ maa awɔ kekaa wɔn kunkum wɔn no.
我们不要像他们中的某些人那样试探主,结果亡命于蛇口。
10 Ɛnsɛ sɛ munwiinwii sɛnea wɔn mu bi yɛ maa ɔsɛe bɔfo sɛe wɔn no.
我们不要像他们中的某些人那样埋怨上帝,最终亡于毁灭天使手中。
11 Eyinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛso maa afoforo. Na wɔkyerɛw guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Efisɛ yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛ na bere no aba awiei. (aiōn )
所有发生在他们身上的事情都要作为我们的警示,要将其记下来,惊醒我们这些生于末世之人。 (aiōn )
12 Obiara a osusuw sɛ ogyina hɔ no, ɔnhwɛ yiye na wanhwe ase.
所以如果你认为自己站得稳,要小心,免得跌倒!
13 Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no yɛ nea ɛba nnipa akwan mu. Esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so nti, ɔremma ho kwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano na woanya ho nyansa nso.
你们经历的试探不会超过任何其他人。上帝值得信赖,他不会允许超出你们承受能力的试探。在受试探的时候,他必定给你们打开一条出路,让你们可以保持强壮。
14 Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfi ahonisom ho.
所以我的朋友们,要远离神像膜拜。
15 Mekasa kyerɛ mo sɛ anyansafo. Asɛm a meka no mummua mfa.
我与明白事理之人讲述,你们来决定我所说的是否是真理。
16 Sɛ yɛnom kuruwa a wɔahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo mogya ayɔnkofa no ana? Brodo a yebubu mu no nso, sɛ yedi a, na ɛnyɛ Kristo nipadua ayɔnkoyɛ ana?
我们感谢主在最后晚餐中所使用的酒杯,难道不是分享基督的血吗?当我们掰开饼分享的时候,难道不是共享基督的身体吗?
17 Esiane sɛ brodo no yɛ baako na yedi no wɔ ɔhonam koro mu nti, ɛwɔ mu sɛ yɛdɔɔso de, nanso yɛn nyinaa yɛ nnipa baako.
通过共享一块饼,显示出尽管我们人数虽多,但我们分享一个身体。
18 Monhwɛ Israelman. Wɔn a wodi afɔre aduan no ne afɔremuka no wɔ ayɔnkoyɛ.
看看以色列人,那些吃下祭物的人,不就是一起在祭坛处分享吗?
19 Mibisa se, afɔrebɔde a wɔde ama ohoni no yɛ biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi?
那么我要表达什么意思?我是说为神像牺牲会有意义?还是神像本体真实存在?当然不是!
20 Dabi, asɛm a mereka ne sɛ, nea wɔde abɔ afɔre wɔ ɔbosonsomni afɔremuka so no, wɔde ama ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ sɛ mode mo ho bɛhyehyɛ ahonhommɔne.
异教徒向魔鬼献祭,而非上帝,但我不想与魔鬼有任何关系。
21 Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsan nnom ahonhommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi wɔ Awurade pon so na monsan nnidi wɔ ahonhommɔne pon nso so.
你们不能喝主的酒杯,又喝魔鬼的酒杯。你们不能参加主的宴席,又参加魔鬼的宴席。
22 Anaa mopɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yegye di sɛ yɛyɛ den sen no ana?
难道我们想要激起主的嫉妒吗?我们比他更强大吗?
23 Wɔka se, “Woama yɛn ho kwan sɛ yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ.” Nanso ɛnyɛ biribiara na eye. “Wɔama yɛn ho kwan sɛ yɛnyɛ biribiara.” Nanso ɛnyɛ biribiara na etumi boa yɛn.
有人说:“我有做事的自由”,但不是每一件事都恰当!“我有做事的自由”,但不是每一件事都有益处。
24 Ɛnsɛ sɛ obiara pɛ ne nko ne yiyedi na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforo nso yiyedi.
你不应只为自己着想,而是要为邻里着想。
25 Tiboa nti mutumi tɔ biribiara a wɔtɔn wɔ gua so di a mummisa ho asɛm biara.
市场中卖什么就吃什么,不要为了良心的缘故问什么,
26 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Asase ne nea ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade dea.”
因为“大地和大地上的一切都属于上帝。”
27 Obi a ɔnyɛ ogyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene sɛ wobɛkɔ a, tiboa nti, aduan a ɔde bɛma wo biara no, di a wummisa ho asɛm biara.
如果一个不信基督的人请你吃饭,你也应该愿意去,摆在你面前的,都可以享用,不要因为良心而问什么。
28 Nanso sɛ obi ka kyerɛ wo se, “Wɔde saa aduan yi maa ahoni” a, esiane nea ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no tiboa nti, nni saa aduan no.
但是如果有人告诉你们:“这是曾献祭的食物。”那么,为了告诫你的这个人着想,也为了良心的缘故,就不要吃。
29 Ɛno nyɛ wo tiboa, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no tiboa. Obi bebisa se, “Adɛn nti na obi tiboa siw mʼahofadi ho kwan?
这里所说的,是他的良心。为什么我的自由要由别人的良心决定呢?
30 Sɛ meda Awurade ase wɔ mʼaduan ho a, adɛn nti na aduan a mada ho ase no obi ka ho asɛm?”
我若以感恩之心吃下这食物,为什么要因我所感恩的食物而被其他人批判?
31 Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.
所以,无论你吃喝什么,无论你做什么,一切都要以上帝的荣耀而行。
32 Monnyɛ biribiara mfa nhaw Yudafo anaa amanamanmufo anaa Onyankopɔn asafo.
无论是犹太人、希腊人或上帝的教会,不要让他们感到冒犯,
33 Monyɛ sɛnea meyɛ no. Mema obiara ani gye nea meyɛ ho a minnwen mʼankasa me yiyedi ho, na mmom midwen yɛn nyinaa yiyedi ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wɔn nkwa.
就像我努力让大家都获得喜悦。不是想什么对自己有好处,而是应该对别人有好处,以便他们可以获得拯救。