< 1 Beresosɛm 9 >

1 Wɔkyerɛw Israel anato biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nhoma mu. Esiane sɛ na Yudafo no nni Awurade nokware no nti, wotwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.
Wɔtwerɛɛ Israel abusuadua biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nwoma mu. Esiane sɛ na Yudafoɔ no nni Awurade nokorɛ no enti, wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.
2 Wɔn a wɔsan ba bɛfaa wɔn agyapade wɔ wɔn nkurow dedaw mu no yɛ mpapahwekwa. Wɔne asɔfo, Lewifo ne asɔredan mu aboafo no bi na wɔbae.
Wɔn a wɔsane baeɛ bɛfaa wɔn agyapadeɛ wɔ wɔn nkuro dada mu no yɛ Israelfoɔ bi, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔredan mu aboafoɔ.
3 Nnipa a wofi Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase mmusuakuw mu ba bɛtenaa Yerusalem.
Nnipa a wɔfiri Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase mmusuakuo mu ba bɛtenaa Yerusalem no yɛ:
4 Abusua baako a wɔsan bae no yɛ Amihud babarima Utai a ɔyɛ Omri babarima na ɔno nso yɛ Imri babarima na ɔno nso yɛ Bani babarima a wɔyɛ Yuda babarima Peres asefo.
Amihud babarima Utai a ɔyɛ Omri babarima na ɔno nso yɛ Imri babarima na ɔno nso yɛ Bani babarima a wɔyɛ Yuda babarima Peres asefoɔ.
5 Wɔn a wɔsan bae a na wofi Silonfo abusua mu no yɛ: Asaia a ɔyɛ abakan no ne ne mmabarima.
Wɔn a wɔfiri Silonfoɔ abusua mu no yɛ: Asaia a ɔyɛ abakan no ne ne mmammarima.
6 Serah abusua mu no: Yeuel ne nʼabusuafo na wɔsan bae. Yuda abusuakuw no mu mmusua ahansia aduɔkron na wɔsan bae.
Serah abusua mu no: Yeuel ne nʼabusuafoɔ na wɔsane baeɛ. Yuda abusuakuo no mu mmusua ahansia aduɔkron na wɔsane baeɛ.
7 Wɔn a wofi Benyamin abusuakuw mu a wɔsan bae no ne: Mesulam babarima Salu, a ɔyɛ Hodawia babarima na ɔno nso yɛ Hasenua babarima;
Wɔn a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔsane baeɛ no ne: Mesulam babarima Salu, a ɔyɛ Hodawia babarima na ɔno nso yɛ Hasenua babarima;
8 Yibneia a ɔyɛ Yeroham babarima, Ela a ɔyɛ Usi babarima, Mikri babarima; Mesulam a ɔyɛ Sefatia babarima, Reuel babarima, Yibnia babarima bae.
Yibneia a ɔyɛ Yeroham babarima; Ela a ɔyɛ Usi babarima, Mikri babarima; Mesulam a ɔyɛ Sefatia babarima, Reuel babarima, Yibnia babarima baeɛ.
9 Saa mmarima yi nyinaa, na wɔyɛ mmusua ntuanofo, na wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn mmusuakuw anato nhoma mu. Benyamin abusuakuw mu mmusua ahankron ne aduonum asia na wɔsan bae.
Saa mmarima yi nyinaa, na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ, na wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mmusuakuo mmusuadua nwoma mu. Benyamin abusuakuo mu mmusua aha nkron ne aduonum nsia na wɔsane baeɛ.
10 Asɔfo a wɔsan bae no bi ne: Yedaia, Yehoriarib, Yakin,
Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ no bi ne: Yedaia, Yehoriarib, Yakin;
11 Asaria a ɔyɛ Hilkia babarima a ɔno nso yɛ Mesulam babarima na ɔno nso yɛ Sadok babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima na ɔno nso yɛ Ahitub babarima. Na Asaria yɛ Onyankopɔn fi ahwɛfo so panyin.
Asaria a ɔyɛ Hilkia babarima, a ɔno nso yɛ Mesulam babarima, na ɔno nso yɛ Sadok babarima, na ɔno nso yɛ Meraiot babarima, na ɔno nso yɛ Ahitub babarima. Na Asaria yɛ Onyankopɔn fie ahwɛfoɔ so panin.
12 Asɔfo a wɔsan bae no bi ne Adaia a ɔyɛ Yeroham babarima a na ɔno nso yɛ Pashur babarima na ɔno nso yɛ Malkia babarima ne Masai a ɔyɛ Adiel babarima na ɔno nso yɛ Yahsera babarima na ɔno nso yɛ Mesulam babarima a ɔno nso yɛ Mesilemit babarima na ɔno nso yɛ Imer babarima.
Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ no bi ne Adaia a ɔyɛ Yeroham babarima, a na ɔno nso yɛ Pashur babarima, na ɔno nso yɛ Malkia babarima ne Masai a ɔyɛ Adiel babarima, na ɔno nso yɛ Yahsera babarima, na ɔno nso yɛ Mesulam babarima, a ɔno nso yɛ Mesilemit babarima, na ɔno nso yɛ Imer babarima.
13 Asɔfo a wɔsan bae nyinaa dodow yɛ apem ahanson aduosia. Na wɔyɛ mmusua ntuanofo a wɔyɛ nsiyɛfo. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔsom wɔ Onyankopɔn fi.
Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ nyinaa dodoɔ yɛ apem ahanson aduosia. Na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ a wɔyɛ nsiyɛfoɔ. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔsom wɔ Onyankopɔn fie.
14 Lewifo a wɔsan bae no yɛ: Semaia a ɔyɛ Hasub babarima a na ɔyɛ Asrikam babarima a na ɔno nso yɛ Hasabia babarima a na ɔyɛ Merari aseni,
Lewifoɔ a wɔsane baeɛ no yɛ: Semaia a ɔyɛ Hasub babarima, a na ɔyɛ Asrikam babarima, a na ɔno nso yɛ Hasabia babarima, a na ɔyɛ Merari aseni;
15 Bakbakar, Heres, Galal, Mika babarima Matania a ɔyɛ Sikri babarima na ɔno nso yɛ Asaf babarima,
Bakbakar; Heres; Galal; Mika babarima Matania a ɔyɛ Sikri babarima, na ɔno nso yɛ Asaf babarima,
16 Obadia a ɔyɛ Semaia babarima a ɔyɛ Galal babarima na ɔno nso yɛ Yedutun babarima ne Asa a ɔyɛ Elkana babarima Berekia a wɔtenaa Netofa asase so.
Obadia a ɔyɛ Semaia babarima, a ɔyɛ Galal babarima, na ɔno nso yɛ Yedutun babarima, ne Asa a ɔyɛ Elkana babarima Berekia a wɔtenaa Netofa asase so.
17 Apon ano hwɛfo a wɔsan bae no yɛ: Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn abusuafo. Salum na na ɔyɛ ɔpon ano hwɛfo panyin.
Apono anohwɛfoɔ a wɔsane baeɛ no yɛ: Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn mmusuafoɔ. Salum na na ɔyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ panin.
18 Kan no nso, na anka wɔn na wɔhwɛ ɔhene pon a ɛkyerɛ apuei fam no so. Na saa mmarima no som sɛ Lewifo atenae apon ano ahwɛfo.
Kane no nso, na anka wɔn na wɔhwɛ ɔhene ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no so. Na saa mmarima no som sɛ Lewifoɔ atenaeɛ apono ano ahwɛfoɔ.
19 Na Salum yɛ Kore babarima a ɔyɛ Ebiasaf a ofi Kora abusua mu aseni. Na ɔne nʼabusuafo a wɔyɛ Korafo no na na wɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ kronkronbea hɔ no, sɛnea na wɔn mpanyimfo wɛn Ahyiae Ntamadan wɔ Awurade atenae hɔ no.
Na Salum yɛ Kore babarima a ɔyɛ Ebiasaf a ɔfiri Kora abusua mu aseni. Na ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ Korafoɔ no na na wɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ kronkronbea hɔ no, sɛdeɛ na wɔn mpanimfoɔ wɛnee Ahyiaeɛ Ntomadan wɔ Awurade atenaeɛ hɔ no.
20 Eleasar babarima Pinehas na kan no na ɔhwɛ apon ano ahwɛfo no so, na Awurade ka ne ho.
Eleasa babarima Pinehas na kane no na ɔhwɛ apono ano ahwɛfoɔ no so, na Awurade ka ne ho.
21 Akyiri no, Meselemia babarima Sakaria na na ɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu no ano.
Akyire no, Meselemia babarima Sakaria na na ɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no ano.
22 Ne nyinaa mu, saa bere no, na apon ano ahwɛfo no dodow yɛ ahannu ne dumien a na wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn anato nkrataa mu wɔ wɔn nkuraa. Dawid ne Samuel a na ɔyɛ ɔdehufo no ama wɔn dibea a ɛsom bo.
Ne nyinaa mu, saa ɛberɛ no, na apono ano ahwɛfoɔ no dodoɔ yɛ ahanu ne dumienu a na wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mmusuadua nkrataa mu wɔ wɔn nkuraaseɛ. Dawid ne Samuel a na ɔyɛ ɔdehunufoɔ no yiyii wɔn agyanom, ɛfiri sɛ na wɔyɛ nokwafoɔ.
23 Saa apon ano ahwɛfo yi ne wɔn asefo no, na wɔkyekyɛ wɔn mu kɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ Awurade fi, a kan no na ɛyɛ ntamadan no ano.
Saa apono ano ahwɛfoɔ yi ne wɔn asefoɔ no, na wɔkyekyɛ wɔn mu kɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ Awurade efie, a kane no na ɛyɛ ntomadan no ano.
24 Wɔde apon ano ahwɛfo no gyinagyinaa afanan no nyinaa a ɛyɛ apuei, atɔe, atifi ne anafo.
Wɔde apono ano ahwɛfoɔ no gyinagyinaa afanan no nyinaa a ɛyɛ apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ.
25 Bere ano bere ano, na wɔn abusuafo a wɔwɔ nkuraa no bɛboa wɔn wɔ wɔn nnanson nnanson dwumadi mu.
Ɛberɛ-ano-berɛ-ano, na wɔn abusuafoɔ a wɔwɔ nkuraaseɛ no bɛboa wɔn wɔ wɔn nnanson nnanson dwumadie mu.
26 Na saa Lewifo apon ano ahwɛfo mpanyimfo baanan no adwuma no yɛ nea ekura asodi kɛse, efisɛ wɔn na na wɔhwɛ adan ne sikakoradan a ɛwɔ Onyankopɔn fi hɔ no so.
Saa apono ano ahwɛfoɔ mpanimfoɔ baanan a na wɔyɛ Lewifoɔ no, na wɔn adwuma no yɛ deɛ ɛkura asodie kɛseɛ, ɛfiri sɛ, wɔn na na wɔhwɛ adan ne sikakoradan a ɛwɔ Onyankopɔn fie hɔ no so.
27 Wɔwɛn Onyankopɔn fi hɔ anadwo, efisɛ na ɛyɛ wɔn asɛde. Afei, na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara anɔpa wobuebue apon no.
Wɔwɛn Onyankopɔn fie hɔ anadwo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ. Afei, na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara anɔpa wɔbuebue apono no.
28 Na apon ano ahwɛfo no bi adwuma ne sɛ, wɔhwɛ nneɛma ahorow a wɔde yɛ ɔsom adwuma no so. Sɛ wɔrekɔfa, na wɔresan de akogu hɔ no nyinaa, wɔhwɛ sɛ bi renyera.
Na apono ano ahwɛfoɔ no bi adwuma ne sɛ wɔhwɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde yɛ ɔsom adwuma no so. Sɛ wɔrekɔfa, na wɔresane de akɔgu hɔ no nyinaa a, wɔhwɛ sɛ ebi nnyera.
29 Afoforo nso hwɛ nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ, nneɛma a wɔde brɛ wɔn, sɛ ebia, asikresiam a wɔayam no muhumuhu, nsa, ngo, nnuhuam ne kurobow ahorow so.
Afoforɔ nso hwɛ nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ, nneɛma a wɔde brɛ wɔn, sɛ ebia, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu, nsã, ngo, nnuhwam ne kurobo ahodoɔ so.
30 Nanso na asɔfo no na wodi nnuhuam no ne kurobow no ho dwuma.
Nanso, na asɔfoɔ no na wɔdi nnuhwam no ne kurobo no ho dwuma.
31 Lewini a wɔfrɛ no Matitia a ɔyɛ Korani Salum abakan no na na ɔto brodo a wɔde bɔ afɔre no.
Matitia a ɔyɛ Lewini, na ɔyɛ Korani Salum abakan no na na ɔto burodo a wɔde bɔ afɔdeɛ no.
32 Na nnipa bi a wofi Kohat abusua mu nso na na wɔhwɛ, siesie brodo a wɔde to pon Homeda no.
Na nnipa bi a wɔfiri Kohat abusua mu nso na na wɔhwɛ, siesie burodo a wɔde to ɛpono Homeda no.
33 Nnwom ho nimdefo a na wɔn nso yɛ Lewifo atitiriw no nyinaa, na wɔtete Asɔredan no mu. Na wɔmma wɔnnyɛ dwuma foforo biara, esiane wɔn adwuma a wɔyɛ no mmere nyinaa nti.
Nnwom ho nimdefoɔ a na wɔn nso yɛ Lewifoɔ atitire no nyinaa, na wɔtete Asɔredan no mu. Na wɔmma wɔnnyɛ adwuma foforɔ biara, ɛsiane wɔn adwuma a wɔyɛ no mmerɛ nyinaa enti.
34 Na saa nnipa yi nyinaa tete Yerusalem. Na wɔyɛ Lewifo mmusua no nyinaa ntuanofo a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ wɔn anato krataa mu.
Na saa nnipa yi nyinaa tete Yerusalem. Na wɔyɛ Lewifoɔ mmusua no nyinaa ntuanofoɔ a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ wɔn mmusuadua krataa mu.
35 Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon. Na ne yere din de Maaka,
Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon. Na ne yere din de Maaka,
36 a na ne babarima abakan din de Abdon. Na Yeiel mmabarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab,
a na ne babarima piesie din de Abdon. Na Yeiel mmammarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab,
37 Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot.
Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot.
38 Miklot na ɔyɛ Simeam agya. Na saa abusuafo yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem.
Miklot na ɔyɛ Simeam agya. Na saa mmusuafoɔ yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem.
39 Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.
Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.
40 Yonatan babarima ne: Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.
Yonatan babarima ne: Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.
41 Mika mmabarima ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
Mika mmammarima ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
42 Ahas woo Yara. Yara woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa.
Ahas woo Yara. Yara woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa.
43 Mosa woo Binea. Binea woo Refaia. Refaia woo Elasa. Elasa woo Asel.
Mosa woo Binea. Binea woo Refaia. Refaia woo Elasa. Elasa woo Asel.
44 Asel woo mmabarima baasia a wɔne: Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na eyinom yɛ Asel mma.
Asel woo mmammarima baasia a wɔne: Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na yeinom yɛ Asel mma.

< 1 Beresosɛm 9 >