< 1 Beresosɛm 7 >
1 Na Isakar mmabarima baanan no din de Tola, Pua, Yasub ne Simron.
Na Isakar mmammarima baanan no din de Tola, Pua, Yasub ne Simron.
2 Tola mmabarima no ne: Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofo. Ɔhene Dawid bere so no, na mmarima dodow a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahansia.
Tola mmammarima no ne: Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofoɔ. Ɔhene Dawid ɛberɛ so no, na mmarima dodoɔ a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne ahansia.
3 Na Usi babarima din de: Yisrahia. Na Yisrahia mmabarima din de: Mikael, Obadia, Yoel ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano.
Na Usi babarima din de: Yisrahia. Na Yisrahia mmammarima din de: Mikael, Obadia, Yoɛl ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano.
4 Mmarima dodow a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduasa asia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmabarima yɛ bebree.
Mmarima dodoɔ a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduasa nsia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmammarima yɛ bebree.
5 Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wofi Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduɔwɔtwe ason. Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din nnidiso nnidiso guu wɔn anato krataa mu.
Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wɔfiri Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduɔwɔtwe nson. Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din nnidisoɔ nnidisoɔ guu wɔn abusuadua krataa mu.
6 Na Benyamin mmabarima baasa no din de: Bela. Beker ne Yediael.
Na Benyamin mmammarima baasa no din de: Bela, Beker ne Yediael.
7 Na Bela mmabarima yɛ: Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofo baanum yi yɛ mmusua ntuanofo. Nnipa a wofi wɔn asefo mu yɛɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne aduasa anan. Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din guu wɔn anato krataa mu.
Na Bela mmammarima yɛ: Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofoɔ baanum yi yɛ mmusua ntuanofoɔ. Nnipa a wɔfiri wɔn asefoɔ mu yɛɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne aduasa ɛnan. Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din guu wɔn abusuadua krataa mu.
8 Na Beker mmabarima din de: Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet.
Na Beker mmammarima din de: Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet.
9 Sɛnea na wɔn anato kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofo akyi no, wɔn asefo mpem aduonu ne ahannu wɔ hɔ a wotumi yɛ asraafo.
Sɛdeɛ na wɔn abusuadua kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofoɔ akyi no, wɔn asefoɔ ɔpeduonu ne ahanu wɔ hɔ a wɔtumi dɔm sraa.
10 Na Yediael babarima ne: Bilhan. Na Bilhan mmabarima ne: Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar.
Na Yediael babarima ne: Bilhan. Na Bilhan mmammarima ne: Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar.
11 Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofo a wɔn asefo a na wɔka wɔn ho a wotumi yɛ asraafo no dodow yɛ mpem dunson ne ahannu.
Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofoɔ a wɔn asefoɔ a na wɔka wɔn ho a wɔtumi dɔm sraa no dodoɔ yɛ ɔpedunson ne ahanu.
12 Na Ir mmabarima ne Supim, ne Hupim. Aher na ɔwoo Husim.
Na Ir mmammarima ne Supim, ne Hupim. Aher na ɔwoo Husim.
13 Na Naftali mmabarima yɛ: Yahsiel, Guni, Yeser ne Silum. Na wɔn nyinaa yɛ Yakob yere Bilha asefo.
Na Naftali mmammarima yɛ: Yahsiel, Guni, Yeser ne Salum. Na wɔn nyinaa yɛ Yakob yere Bilha asefoɔ.
14 Manase mmabarima a ɔne ne mpena Aramni wowoo wɔn ne Asriel ne Makir. Makir na ɔwoo Gilead.
Manase mmammarima a ɔne ne mpena Aramni wowoo wɔn ne Asriel ne Makir. Makir na ɔwoo Gilead.
15 Makir pɛɛ ɔyerenom maa Hupim ne Supim. Na wɔfrɛ Makir nuabea se Maaka. Na Makir asefo no mu baako a wɔfrɛ no Selofehad wowoo mmabea nko ara.
Makir pɛɛ ɔyerenom maa Hupim ne Supim. Na wɔfrɛ Makir nuabaa Maaka. Na Makir asefoɔ no mu baako a wɔfrɛ no Selofehad wowoo mmammaa nko ara.
16 Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no din Peres. Na ne nuabarima din de Seres. Peres mmabarima din de Ulam ne Rekem.
Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no edin Peres. Na ne nuabarima din de Seres. Peres mmammarima din de Ulam ne Rekem.
17 Na Ulam babarima din de: Bedan. Na wɔn nyinaa yɛ Gileadfo a wɔyɛ Manase babarima Makir asefo.
Na Ulam babarima din de: Bedan. Na wɔn nyinaa yɛ Gileadfoɔ a wɔyɛ Manase babarima Makir asefoɔ.
18 Makir nuabea Moleket woo Is-Hod, Abieser ne Mahla.
Makir nuabaa Moleket woo Is-Hod, Abieser ne Mahla.
19 Na Semida mmabarima yɛ: Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam.
Na Semida mmammarima yɛ: Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam.
20 Efraim asefo ne: Sutela, Bered, Tahat, Elada, Tahat,
Efraim asefoɔ ne: Sutela, Bered, Tahat, Elada, Tahat,
21 Sabad ne Sutela. Wokunkum Efraim mmabarima Eser ne Elad wɔ Gat, efisɛ wɔpɛe sɛ wowia nyɛmmoa fi akuafo a wɔbɛn hɔ no.
Sabad ne Sutela. Wɔkunkumm Efraim mmammarima Eser ne Elad wɔ Gat, ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔwia nyɛmmoa firi akuafoɔ a wɔbɛn hɔ no.
22 Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛe yiye, na nʼabusuafo bɛkyekyee ne werɛ.
Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛree yie, na nʼabusuafoɔ bɛkyekyeree ne werɛ.
23 Ɛno akyi no, Efraim kɔɔ ne yere ho, na onyinsɛn woo ɔbabarima. Efraim too no din Beria esiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafo faa mu no nti.
Ɛno akyi, Efraim kɔɔ ne yere ho, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima. Efraim too no edin Beria ɛsiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafoɔ faa mu no enti.
24 Efraim woo ɔbabea too no din Seer. Ɔno na ɔkyekyeree nkurow Bet-Horon Anafo, Atifi ne Usen-Seera.
Efraim woo ɔbabaa too no edin Seer. Ɔno na ɔkyekyeree nkuro Bet-Horon Anafoɔ, Atifi ne Usen-Seera.
25 Efraim asefo nnidiso ne Refa, Resef, Tela, Tahan,
Efraim asefoɔ nnidisoɔ ne Refa, Resef, Tela, Tahan
26 Ladan, Amihud, Elisama,
Ladan, Amihud, Elisama,
28 Efraim asefo no tenaa asase Bet-El ne ne nkurow a atwa afa anafo fam, Naaran a ɛda apuei fam, Geser ne ne nkuraa a ɛda atɔe fam ne Sekem ne ne nkuraa a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kosi Aya a nkuraa ka ho no so.
Efraim asefoɔ no tenaa asase Bet-El ne ne nkurotoɔ a atwa afa anafoɔ fam, Naaran a ɛda apueeɛ fam, Geser ne ne nkuraaseɛ a ɛda atɔeɛ fam ne Sekem ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kɔsi Aya a nkuraaseɛ ka ho no so.
29 Manase hye so no, na nkurow a ɛdeda hɔ yɛ Bet-Sean, Taanak, Megido, Dor ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia no. Israel ba Yosef asefo tenaa saa nkurow yi so.
Manase hyeɛ so no, na nkuro a ɛdeda hɔ yɛ Bet-Sean, Taanak, Megido, Dor ne wɔn nkuraase a atwa ho ahyia no. Israel ba Yosef asefoɔ tenaa saa nkuro yi so.
30 Na Aser mmabarima yɛ: Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ onuabea a ne din de Sera.
Na Aser mmammarima yɛ: Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sera.
31 Na Beria mmabarima din de: Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no.
Na Beria mmammarima din de: Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no.
32 Na Heber mmabarima din de Yaflet, Somer ne Hotam. Na wɔwɔ onuabea a ne din de Sua.
Na Heber mmammarima din de Yaflet, Somer ne Hotam. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sua.
33 Na Yaflet mmabarima din de: Pasak, Bimhal ne Aswat.
Na Yaflet mmammarima din de: Pasak, Bimhal ne Aswat.
34 Na Semer mmabarima din de: Ahi, Rohga, Hubah ne Aram.
Na Semer mmammarima din de: Ahi, Rohga, Hubah ne Aram.
35 Na ne nuabarima Helem mmabarima din de: Sofa, Yimna, Seles ne Amal.
Na ne nuabarima Helem mmammarima din de: Sofa, Yimna, Seles ne Amal.
36 Na Sofa mmabarima din de: Suah, Harnefer, Sual, Beri, Yimra,
Na Sofa mmammarima din de: Suah, Harnefer, Sual, Beri, Yimra,
37 Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera.
Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera.
38 Na Yeter mmabarima din de: Yefune, Pispa ne Ara.
Na Yeter mmammarima din de: Yefune, Pispa ne Ara.
39 Na Ula mmabarima din de: Arah, Haniel ne Risia.
Na Ula mmammarima din de: Arah, Haniel ne Risia.
40 Na Aser asefo no mu biara yɛ wɔn agyanom abusua panyin. Na wɔn nyinaa yɛ akofo pa ne ntuanofo a wodi mu. Na mmarima mpem aduonu asia na wɔwɔ hɔ a wɔakyerɛw wɔn din agu wɔn anato nhoma mu a wotumi yɛ asraafo.
Na Aser asefoɔ no mu biara yɛ wɔn agyanom abusua ɔdaanoni. Na wɔn nyinaa yɛ akofoɔ pa ne ntuanofoɔ a wɔdi mu. Na mmarima ɔpeduonu nsia na wɔwɔ hɔ a wɔatwerɛ wɔn din agu wɔn mmusuadua nwoma mu a wɔyɛ akofoɔ a wɔagye edin.