< 1 Beresosɛm 6 >

1 Na Lewi mmabarima yɛ: Gerson, Kohat ne Merari.
בני לוי גרשון קהת ומררי
2 Na Kohat asefo nso yɛ: Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.
ובני קהת--עמרם יצהר וחברון ועזיאל
3 Na Amram mma yɛ: Aaron, Mose ne Miriam. Na Aaron mmabarima yɛ: Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.
ובני עמרם אהרן ומשה ומרים ובני אהרן--נדב ואביהוא אלעזר ואיתמר
4 Eleasar woo Pinehas. Pinehas woo Abisua.
אלעזר הוליד את פינחס פינחס הליד את אבישוע
5 Abisua woo Buki, na Buki woo Usi.
ואבישוע הוליד את בקי ובקי הוליד את עזי
6 Usi woo Serahia. Serahia woo Meraiot.
ועזי הוליד את זרחיה וזרחיה הוליד את מריות
7 Meraiot woo Amaria, na Amaria woo Ahitub.
מריות הוליד את אמריה ואמריה הוליד את אחיטוב
8 Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Ahimaas.
ואחיטוב הוליד את צדוק וצדוק הוליד את אחימעץ
9 Ahimaas woo Asaria. Asaria woo Yohanan.
ואחימעץ הוליד את עזריה ועזריה הוליד את יוחנן
10 Yohanan woo Asaria a ɔno na na ɔyɛ ɔsɔfopanyin wɔ asɔredan a Salomo sii wɔ Yerusalem no mu.
ויוחנן הוליד את עזריה הוא אשר כהן בבית אשר בנה שלמה בירושלם
11 Asaria woo Amaria. Amaria woo Ahitub.
ויולד עזריה את אמריה ואמריה הוליד את אחיטוב
12 Ahitub woo Sadok. Sadok woo Salum.
ואחיטוב הוליד את צדוק וצדוק הוליד את שלום
13 Salum woo Hilkia. Hilkia woo Asaria.
ושלום הוליד את חלקיה וחלקיה הוליד את עזריה
14 Asaria woo Seraia. Seraia woo Yehosadak.
ועזריה הוליד את שריה ושריה הוליד את יהוצדק
15 Wotwaa Yehosadak asu bere a Awurade de Yudafo ne Yerusalemfo kɔɔ nnommum mu a na wɔhyɛ Nebukadnessar ase no.
ויהוצדק הלך--בהגלות יהוה את יהודה וירושלם ביד נבכדנאצר
16 Na Lewi mmabarima din de Gersom, Kohat ne Merari.
בני לוי גרשם קהת ומררי
17 Na Libni ne Simei ka Gersom asefo ho.
ואלה שמות בני גרשום לבני ושמעי
18 Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefo no ho.
ובני קהת--עמרם ויצהר וחברון ועזיאל
19 Na Mahli ne Musi ka Merari asefo no ho. Eyinom ne Lewifo mmusua sɛnea wɔn mpanyimfo nnidiso te.
בני מררי מחלי ומשי ואלה משפחות הלוי לאבתיהם
20 Na Gerson asefo yɛ: Libni, Yahat, Sima,
לגרשום--לבני בנו יחת בנו זמה בנו
21 Yoa, Ido, Serah ne Yeaterai.
יואח בנו עדו בנו זרח בנו יאתרי בנו
22 Na Kohat asefo ne Aminadab, Kora, Asir,
בני קהת--עמינדב בנו קרח בנו אסיר בנו
23 Elkana, Ebiasaf, Asir,
אלקנה בנו ואביסף בנו ואסיר בנו
24 Tahat, Uriel, Usia ne Saulo.
תחת בנו אוריאל בנו עזיה בנו ושאול בנו
25 Na Elkana asefo ne: Amasai, Ahimot,
ובני אלקנה--עמשי ואחימות
26 Sofai, Nahat,
אלקנה--בנו (בני) אלקנה צופי בנו ונחת בנו
27 Eliab, Yeroham, Elkana ne Samuel.
אליאב בנו ירחם בנו אלקנה בנו
28 Na Samuel mmabarima din ne: Yoel a ɔyɛ ɔpanyin ne Abiya a ɔto so abien no.
ובני שמואל הבכר ושני ואביה
29 Na Merari mma ne: Mahli, Libni, Simei, Usa,
בני מררי מחלי לבני בנו שמעי בנו עזה בנו
30 Simea, Hagia ne Asaia.
שמעא בנו חגיה בנו עשיה בנו
31 Dawid maa saa nnipa a wɔn din didi so yi dii Awurade fi nnwom anim, bere a wɔde Apam Adaka no sii hɔ no.
ואלה אשר העמיד דויד על ידי שיר--בית יהוה ממנוח הארון
32 Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ kosii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ.
ויהיו משרתים לפני משכן אהל מועד בשיר עד בנות שלמה את בית יהוה בירושלם ויעמדו כמשפטם על עבודתם
33 Saa mmarima yi na wɔne wɔn mma som wɔ hɔ no. Heman, dwom ho nimdefo no, na ofi Kohat abusua mu. Wɔto nʼabusua ana fi Yoel, Samuel,
ואלה העמדים ובניהם מבני הקהתי--הימן המשורר בן יואל בן שמואל
34 Elkana, Yeroham, Eliel, Yoa,
בן אלקנה בן ירחם בן אליאל בן תוח
35 Suf, Elkana, Mahat, Amasai
בן ציף (צוף) בן אלקנה בן מחת בן עמשי
36 Elkana, Yoel, Asaria, Sefania,
בן אלקנה בן יואל בן עזריה בן צפניה
37 Tahat, Asir, Ebiasaf, Kora,
בן תחת בן אסיר בן אביסף בן קרח
38 Ishar, Kohat, Lewi ne Israel ase.
בן יצהר בן קהת בן לוי בן ישראל
39 Herman abediakyiri a odi kan no din de Asaf, a na ofi Gerson abusua mu. Wɔto Asaf abusua ana fi Berekia, Simea,
ואחיו אסף העמד על ימינו--אסף בן ברכיהו בן שמעא
40 Mikael, Baaseia, Malkia,
בן מיכאל בן בעשיה בן מלכיה
41 Etni, Serah, Adaia,
בן אתני בן זרח בן עדיה
42 Etan, Sima, Simei,
בן איתן בן זמה בן שמעי
43 Yahat, Gersom ne Lewi ase.
בן יחת בן גרשם בן לוי
44 Herman abediakyiri a ɔto so abien no din de Etan, a na ofi Merari abusua mu. Wɔto Etan abusua ana fi Kisi, Abdi, Maluk,
ובני מררי אחיהם על השמאול--איתן בן קישי בן עבדי בן מלוך
45 Hasabia, Amasia, Hilkia,
בן חשביה בן אמציה בן חלקיה
46 Amsi, Bani, Semer,
בן אמצי בן בני בן שמר
47 Mahli, Musi, Merari ne Lewi ase.
בן מחלי בן מושי בן מררי בן לוי
48 Wɔmaa wɔn abusuafo a wɔyɛ Lewifo no nso dwuma ahorow bi dii wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛyɛ Onyankopɔn fi no mu.
ואחיהם הלוים נתונים--לכל עבודת משכן בית האלהים
49 Aaron ne nʼasefo nko na wɔsom sɛ asɔfo. Na wɔde afɔrebɔde gu ɔhyew afɔremuka ne ohuam afɔremuka so, na wodi dwuma biara a ɛfa kronkron mu kronkron hɔ ho. Wɔnam mmara a Onyankopɔn somfo Mose de maa wɔn no so, yɛɛ mpata maa Israel.
ואהרן ובניו מקטירים על מזבח העולה ועל מזבח הקטרת לכל מלאכת קדש הקדשים ולכפר על ישראל ככל אשר צוה משה עבד האלהים
50 Na Aaron asefo yɛ: Eleasar, Pinehas, Abisua,
ואלה בני אהרן--אלעזר בנו פינחס בנו אבישוע בנו
51 Buki, Usi, Serahia,
בקי בנו עזי בנו זרחיה בנו
52 Meraiot, Amaria, Ahitub,
מריות בנו אמריה בנו אחיטוב בנו
53 Sadok ne Ahimaas.
צדוק בנו אחימעץ בנו
54 Eyi ne abakɔsɛm a ɛfa nkurow ne asase a wɔnam ntontobɔ kronkron so de maa Aaron ne nʼasefo a wofi Kohat abusua mu no.
ואלה מושבותם לטירותם בגבולם--לבני אהרן למשפחת הקהתי כי להם היה הגורל
55 Na Hebron ne mmoa adidibea nsase a atwa ho ahyia wɔ Yuda no ka ho.
ויתנו להם את חברון בארץ יהודה ואת מגרשיה סביבתיה
56 Nanso mfuw ne nkuraa a atwa ho ahyia no de, wɔde maa Yefune babarima Kaleb.
ואת שדה העיר ואת חצריה--נתנו לכלב בן יפנה
57 Enti saa nkurow yi a mmoa adidibea atwa biara ho ahyia na wɔde maa Aaron asefo: Hebron, a ɛyɛ guankɔbea kurow, Libna, Yatir, Estemoa,
ולבני אהרן נתנו את ערי המקלט--את חברון ואת לבנה ואת מגרשיה ואת יתר ואת אשתמע ואת מגרשיה
58 Hilen, Debir,
ואת חילז ואת מגרשיה את דביר ואת מגרשיה
59 Asan, Yuta ne Bet-Semes.
ואת עשן ואת מגרשיה ואת בית שמש ואת מגרשיה
60 Na wɔmaa wɔn Gibeon, Geba, Alemet ne Anatot fii Benyamin asase mu a mmoa adidibea ka emu biara ho. Enti nkurow dumiɛnsa na wɔde maa Aaron asefo.
וממטה בנימן את גבע ואת מגרשיה ואת עלמת ואת מגרשיה ואת ענתות ואת מגרשיה כל עריהם שלש עשרה עיר במשפחותיהם
61 Na Kohat asefo a wɔkae no nso, wonyaa nkurow du a wɔnam ntontobɔ kronkron so fii Manase abusua fa no asase so.
ולבני קהת הנותרים ממשפחת המטה ממחצית מטה חצי מנשה בגורל--ערים עשר
62 Gerson asefo nam ntontobɔ kronkron so nyaa nkurow dumiɛnsa fii Isakar, Aser ne Naftali nsase so. Wonyaa bi nso fii Basan pɔw mu a ɛyɛ Manase de, a ɛwɔ Yordan apuei fam no.
ולבני גרשום למשפחותם ממטה יששכר וממטה אשר וממטה נפתלי וממטה מנשה בבשן--ערים שלש עשרה
63 Merari asefo nam ntontobɔ kronkron so, nyaa nkurow dumien fii Ruben, Gad ne Sebulon nsase so.
לבני מררי למשפחותם ממטה ראובן וממטה גד וממטה זבלון בגורל--ערים שתים עשרה
64 Enti Israelfo de saa nkurow yi ne mmoa adidibea yi nyinaa maa Lewifo.
ויתנו בני ישראל ללוים את הערים ואת מגרשיהם
65 Wɔnam ntontobɔ kronkron so na wɔde nkurow a ɛwowɔ Yuda, Simeon ne Benyamin nsase so mae sɛnea wɔaka dedaw no.
ויתנו בגורל ממטה בני יהודה וממטה בני שמעון וממטה בני בנימן--את הערים האלה אשר יקראו אתהם בשמות
66 Saa nkurow yi ne ɛho mmoa adidibea na Kohat asefo nya fii Efraim asase so:
וממשפחות בני קהת--ויהי ערי גבולם ממטה אפרים
67 Sekem (guankɔbea kurow) a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so, Geser,
ויתנו להם את ערי המקלט את שכם ואת מגרשיה--בהר אפרים ואת גזר ואת מגרשיה
68 Yokmeam, Bet-Horon,
ואת יקמעם ואת מגרשיה ואת בית חורון ואת מגרשיה
69 Ayalon ne Gat-Rimon.
ואת אילון ואת מגרשיה ואת גת רמון ואת מגרשיה
70 Kohat asefo nkae no, wɔde saa nkurow a efi Manase abusua fa no mu na ɛmaa wɔn: Aner ne Bileam a emu biara mmoa adidibea ka ho.
וממחצית מטה מנשה את ענר ואת מגרשיה ואת בלעם ואת מגרשיה--למשפחת לבני קהת הנותרים
71 Gerson asefo nyaa kurow a wɔfrɛ no Golan a ɛwɔ Basan no fii Manase abusua fa asase so a Astarot ka ho, a ne nyinaa mmoa adidibea da ho.
לבני גרשום--ממשפחת חצי מטה מנשה את גולן בבשן ואת מגרשיה ואת עשתרות ואת מגרשיה
72 Isakar asase so nso, wɔmaa wɔn Kedes, Daberat,
וממטה יששכר את קדש ואת מגרשיה את דברת ואת מגרשיה
73 Ramot ne Anem a wɔn mmoa adidibea ka ho.
ואת ראמות ואת מגרשיה ואת ענם ואת מגרשיה
74 Aser asase so, wonyaa Masal, Abdon,
וממטה אשר את משל ואת מגרשיה ואת עבדון ואת מגרשיה
75 Hukok ne Rehob a na emu biara mmoa adidibea ka ho.
ואת חוקק ואת מגרשיה ואת רחב ואת מגרשיה
76 Naftali asase so, wɔde Kedes a ɛwɔ Galilea, Hamon ne Kiriataim maa wɔn, a na mmoa adidibea ka emu biara ho.
וממטה נפתלי את קדש בגליל ואת מגרשיה ואת חמון ואת מגרשיה ואת קריתים ואת מגרשיה
77 Merari asefo nkae no nyaa Yokneam, Karta, Rimon ne Tabor nkurow, fi Sebulon asase so, a na mmoa adidibea ka biara ho.
לבני מררי הנותרים--ממטה זבלון את רמונו ואת מגרשיה את תבור ואת מגרשיה
78 Ruben asase a ɛda Asubɔnten Yordan apuei fam a ɛne Yeriko di nhwɛanim no nso, wonyaa Beser a ɛyɛ nweatam kurow, Yahas,
ומעבר לירדן ירחו למזרח הירדן--ממטה ראובן את בצר במדבר ואת מגרשיה ואת יהצה ואת מגרשיה
79 Kedemot ne Mefaat a mmoa adidibea ka emu biara ho.
ואת קדמות ואת מגרשיה ואת מיפעת ואת מגרשיה
80 Na Gad asase so nso, wonyaa Ramot a ɛwɔ Gilead, Mahanaim,
וממטה גד--את ראמות בגלעד ואת מגרשיה ואת מחנים ואת מגרשיה
81 Hesbon ne Yaser a mmoa adidibea ka biara ho.
ואת חשבון ואת מגרשיה ואת יעזיר ואת מגרשיה

< 1 Beresosɛm 6 >