< 1 Beresosɛm 5 >

1 Na Israel babarima panyin ne Ruben. Nanso esiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenanom no mu baako kɔdae no nti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmabarima. Esiane saa asɛm yi nti, wɔamfa Ruben din anka anato no ho sɛ abakan.
Rubens barn, första Israels sons, ty han var förste sonen; men derföre, att han sins fäders säng besmittade, vardt hans förstfödslorätt gifven Josephs barnom, Israels sons; och han vardt icke räknad till förstfödslona.
2 Yuda asefo na wɔyɛɛ abusuakuw a wɔwɔ tumi pa ara; ne saa nti woyii ɔman no sodifo fii wɔn mu, nanso mpanyinni no de, na ɛyɛ Yosef dea.
Ty Juda, som mägtig var ibland sina bröder, honom vardt Förstadömet för honom gifvet, och Joseph förstfödslorätten.
3 Israel abakan Ruben no mmabarima ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.
Så äro nu Rubens, första Israels sons, barn: Hanoch, Pallu, Hezron och Charmi.
4 Yoel asefo ne Semaia, Gog, Simei,
Joels barn voro: Semaja. Hans son var Gog. Hans son var Simei.
5 Mika, Reaia, Baal,
Hans son var Micha. Hans son var Reaja. Hans son var Baal.
6 ne Beera. Bere a Asiriahene Tilgat-Pilneser de Rubenfo kɔɔ nnommumfa mu no, Beera na na odi Rubenfo no anim.
Hans son var Beera, hvilken ThiglathPilneser, Konungen i Assyrien, bortförde fången; han är en Förste ibland de Rubeniter.
7 Wɔakyerɛw Beera nkurɔfo din sɛnea wɔn mmusua ne abusua no te: Yeiel ne wɔn ntuanoni, na Sakaria
Men hans bröder i deras ätter, då de i deras börd räknade vordo, hade Jegiel och Zacharia för höfvitsmän.
8 ne Asas babarima Bela a ɔyɛ Sema babarima a ɔyɛ Yoel babarima. Saa Rubenfo yi tenaa beae a efi Aroer de kosi Nebo ne Baal-Meon.
Och Bela, Asas son, Serna sons, Joels sons, han bodde i Aroer, och intill Nebo och BaalMeon;
9 Esiane sɛ na wɔwɔ anantwi bebree wɔ Gilead asase so no nti, wodidi kɔɔ apuei fam wɔ nweatam a ɛtrɛw kɔ Asubɔnten Eufrate no ho.
Och bodde emot öster intill man kommer till öknena vid den älfvena Phrath; förty deras boskap var mycken i Gileads land.
10 Ɔhene Saulo bere so, Rubenfo dii Hagarfo so nkonim wɔ ɔko mu. Enti wotu kɔɔ Hagarfo atenae a ɛwɔ Gilead apuei fam hɔ no.
Och i Sauls tid förde de örlig emot de Hagariter, så att de föllo genom desses hand, och bodde i deras hyddor, in mot alla den östra ängden Gilead.
11 Basan asase so no, na Gad asefo na wɔtete asase a edi Rubenfo de no so. Wɔtrɛw kɔɔ apuei fam kosii Saleka.
Gads barn bodde tvärtöfver ifrå dem, uti de landena Basan, allt intill Salcha:
12 Na Yoel na otua wɔn ano wɔ Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat yɛ nʼaboafo.
Joel den främste, Sapham den andre, Jaenai och Saphat i Basan.
13 Na wɔn abusuafo a wɔyɛ ntuanofo ma mmusua afoforo ason din ne: Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber.
Och deras bröder i deras fäders hus voro: Michael, Mesullam, Seba, Jorai, Jaecan, Sia och Eber, de sju.
14 Eyinom nyinaa yɛ Huri babarima Abihail a ɔyɛ Yaroa babarima, Gilead babarima, Mikael babarima, Yesisai babarima Yahdo babarima, Bus babarima.
Desse äro Abihails barn, Huri sons, Jaroahs sons, Gileads sons, Michaels sons, Jesisai sons, Jahdo sons, Bus sons.
15 Abdiel babarima Ahi, Guni babarima no na na ɔyɛ wɔn mmusua no ntuano.
Ahi, Abdiels son, Guni sons, var en öfverste uti deras fäders hus;
16 Gadfo no tenaa Gilead asase a ɛwɔ Basan ne ne nkuraa ne Saron tataw no nyinaa so.
Och bodde uti Gilead i Basan, och i dess döttrar, och i alla Sarons förstäder, allt intill dess ändar.
17 Yudahene Yotam ne Israelhene Yeroboam bere so na wɔkyerɛw eyinom nyinaa guu abusuadua nkrataa mu.
Desse vordo alle räknade i Jothams, Juda Konungs, och Jerobeams, Israels Konungs tid.
18 Na akofo akɛse a wɔwɔ Ruben, Gad mmusua ne Manase abusua fa mu no ano si mpem aduanan anan ahanson ne aduosia. Wokurakura nkatabo, mfoa ne agyan, na wɔn nyinaa akwadaw wɔ akodi mu.
Rubens barn, de Gaditers, och de halfva slägtenes Manasse, voro stridsamme män, som sköld och svärd föra och båga spänna kunde, och förfarne till att strida; de voro fyra och fyratio tusend, och sjuhundrad och sextio, som i här drogo.
19 Wɔko tiaa Hagarfo, Yeturfo, Nafisfo ne Nodabfo.
Och då de stridde med de Hagariter, hulpo dem Jetur, Naphis och Nodab;
20 Wosu frɛɛ Onyankopɔn wɔ ɔko no mu, na otiee wɔn mpaebɔ, efisɛ wɔde wɔn ho too ne so. Enti wodii Hagarfo no ne wɔn dɔm nyinaa so nkonim.
Och gåfvo de Hagariter i deras händer, och allt det som med dem var; förty de ropade till Gud i stridene, och han bönhörde dem; ty de trodde till honom.
21 Asade a wɔfa fii Hagarfo no nkyɛn no yɛ yoma mpem aduonum, nguan mpem ahannu aduonum, mfurum mpenu ne nneduafo mpem ɔha.
Och de förde bort deras boskap, femtiotusend camelar, tuhundrad och femtio tusend får, tutusend åsnar, och hundradtusend menniskors själar.
22 Wokunkum Hagarfo no bebree wɔ ɔko no mu, efisɛ na Onyankopɔn reko tia wɔn. Enti wɔtenaa wɔn asase so kosii sɛ wotwaa wɔn asu.
Och der föllo månge såre; ty striden var af Gudi. Och de bodde i deras stad allt intill den tiden de fångne vordo.
23 Manase abusua fa no trɛw wɔ asase no so fi Basan kosii Baal-Hermon, Senir ne bepɔw Hermon ho. Na wɔdɔɔso yiye.
De halfva slägtenes Manasse barn bodde i de landena, ifrå Basan allt intill BaalHermon och Senir, och det berget Hermon, och de voro månge.
24 Eyinom ne wɔn mmusua no ntuanofo: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel. Na wɔn mu biara agye din sɛ ɔkofo kɛse ne ɔkannifo.
Och desse voro höfvitsmän till deras fäders hus: Epher, Jisei, Eliel, Asriel, Jeremia, Hodavia, Jahdiel; väldige, mägtige män, och namnkunnige höfvitsmän uti deras fäders husom.
25 Nanso na wonni nokware, na wobuu wɔn agyanom ne Onyankopɔn apam no so. Wɔsom aman a Onyankopɔn sɛee wɔn no anyame.
Och då de förtogo sig emot deras fäders Gud, och i horeri gingo efter de folks gudar der i landena, som Gud för dem förgjort hade,
26 Enti Israel Nyankopɔn de hyɛɛ Asiriahene Pul (a na wɔsan frɛ no Tilgat-Pilneser) koma mu sɛ ɔnko mfa asase no, na ɔnkyekyere Rubenfo, Gadfo ne Manasefo abusua fa sɛ nneduafo. Asiriafo no twaa wɔn asu kɔɔ Halah, Habor, Hara ne Asubɔnten Gosan ho a wɔda so te hɔ besi nnɛ.
Uppväckte Israels Gud Phuls anda, Konungens i Assyrien, och ThiglathPilnesers anda, Konungens i Assyrien, och förde bort de Rubeniter, Gaditer och den halfva slägtena Manasse, och lät komma dem till Halah och Hober och Hara, och till den älfvena Gosan, allt intill denna dag.

< 1 Beresosɛm 5 >