< 1 Beresosɛm 4 >

1 Yuda asefo no bi din de Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal.
καὶ υἱοὶ Ιουδα Φαρες Αρσων καὶ Χαρμι καὶ Ωρ Σουβαλ
2 Sobal babarima Reaia na ɔwoo Yahat. Yahat woo Ahumai ne Lahad. Eyinom na na wɔyɛ Sorafo mmusua.
καὶ Ραια υἱὸς αὐτοῦ καὶ Σουβαλ ἐγέννησεν τὸν Ιεθ καὶ Ιεθ ἐγέννησεν τὸν Αχιμι καὶ τὸν Λααδ αὗται αἱ γενέσεις τοῦ Σαραθι
3 Na Etam asefo no ne Yesreel, Yisma, Yidbas ne Haslelponi a na ɔyɛ ne babea,
καὶ οὗτοι υἱοὶ Αιταμ Ιεζραηλ καὶ Ραγμα καὶ Ιαβας καὶ ὄνομα ἀδελφῆς αὐτῶν Εσηλεββων
4 Penuel a na ɔyɛ Gedor agya ne Eser a na ɔyɛ Husa agya. Eyinom na na wɔyɛ Hur a na ɔyɛ Efrata abakan ne Betlehem agya no asefo.
καὶ Φανουηλ πατὴρ Γεδωρ καὶ Αζηρ πατὴρ Ωσαν οὗτοι υἱοὶ Ωρ τοῦ πρωτοτόκου Εφραθα πατρὸς Βαιθλαεμ
5 Na Tekoa agya a ne din de Ashur no wɔ yerenom baanu a wɔfrɛ wɔn Hela ne Naara.
καὶ τῷ Σαουρ πατρὶ Θεκωε ἦσαν δύο γυναῖκες Αωδα καὶ Θοαδα
6 Naara woo Ahusam, Hefer, Temeni ne Ahastari.
καὶ ἔτεκεν αὐτῷ Αωδα τὸν Ωχαζαμ καὶ τὸν Ηφαδ καὶ τὸν Θαιμαν καὶ τὸν Ασθηραν πάντες οὗτοι υἱοὶ Αωδας
7 Hela woo Seret, Sohar, Etnan,
καὶ υἱοὶ Θοαδα Σαρεθ καὶ Σααρ καὶ Εθναν
8 ne Kos a nʼasefo ne Anub, Hasobeba ne Harum babarima Aharhel, Harum ne ne mmusua nyinaa.
καὶ Κως ἐγέννησεν τὸν Ενωβ καὶ τὸν Σαβηβα καὶ γεννήσεις ἀδελφοῦ Ρηχαβ υἱοῦ Ιαριμ
9 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yabes a ɔyɛɛ ɔkɛse sen ne nuabarimanom nyinaa. Ne na too no din Yabes, efisɛ onyaa ɔyaw wɔ nʼawo mu.
καὶ ἦν Ιγαβης ἔνδοξος ὑπὲρ τοὺς ἀδελφοὺς αὐτοῦ καὶ ἡ μήτηρ ἐκάλεσεν τὸ ὄνομα αὐτοῦ Ιγαβης λέγουσα ἔτεκον ὡς γαβης
10 Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpae kyerɛɛ Israel Nyankopɔn se, “Ao, hyira me na trɛw mʼahye mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ nea mɛyɛ biara mu, na yi me fi ɔhaw ne ɔyaw nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisade no maa no.
καὶ ἐπεκαλέσατο Ιγαβης τὸν θεὸν Ισραηλ λέγων ἐὰν εὐλογῶν εὐλογήσῃς με καὶ πληθύνῃς τὰ ὅριά μου καὶ ᾖ ἡ χείρ σου μετ’ ἐμοῦ καὶ ποιήσεις γνῶσιν τοῦ μὴ ταπεινῶσαί με καὶ ἐπήγαγεν ὁ θεὸς πάντα ὅσα ᾐτήσατο
11 Suba nuabarima Kelub woo Mehir. Mehir woo Eston.
καὶ Χαλεβ πατὴρ Ασχα ἐγέννησεν τὸν Μαχιρ οὗτος πατὴρ Ασσαθων
12 Eston woo Bet-Rafa, Paseah ne Tehina. Tehina woo Ir-Nahas. Eyinom ne Reka asefo.
καὶ Ασσαθων ἐγέννησεν τὸν Βαθρεφαν καὶ τὸν Φεσσηε καὶ τὸν Θανα πατέρα πόλεως Ναας ἀδελφοῦ Εσελων τοῦ Κενεζι οὗτοι ἄνδρες Ρηφα
13 Kenas mmabarima ne Otniel ne Seraia. Otniel mmabarima ne Hatat ne Meonotai.
καὶ υἱοὶ Κενεζ Γοθονιηλ καὶ Σαραια καὶ υἱοὶ Γοθονιηλ Αθαθ
14 Meonotai woo Ofra. Na Seraia woo Yoab a ofii Adwumfo Bon ase, efisɛ na adwumfo pii tete hɔ.
καὶ Μαναθι ἐγέννησεν τὸν Γοφερα καὶ Σαραια ἐγέννησεν τὸν Ιωαβ πατέρα Αγεαδδαϊρ ὅτι τέκτονες ἦσαν
15 Na Yefune babarima Kaleb mmabarima yɛ Iru, Ela ne Naam. Na Ela babarima yɛ Kenas.
καὶ υἱοὶ Χαλεβ υἱοῦ Ιεφοννη Ηρα Αλα καὶ Νοομ καὶ υἱοὶ Αλα Κενεζ
16 Yehalelel mmabarima ne Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel.
καὶ υἱὸς αὐτοῦ Γεσεηλ Αμηαχι καὶ Ζαφα καὶ Ζαιρα καὶ Εσεραηλ
17 Ɛsra mmabarima yɛ Yeter, Mered, Efer ne Yalon. Mered waree Misraimnibea ma ɔwoo Miriam, Samai ne Yisba a ɔbɛyɛɛ Estemoa agya no.
καὶ υἱοὶ Εσρι Ιεθερ Μωραδ καὶ Αφερ καὶ Ιαλων καὶ ἐγέννησεν Ιεθερ τὸν Μαρων καὶ τὸν Σεμαι καὶ τὸν Μαρεθ πατέρα Εσθεμων
18 Mered nso waree ɔbea a ofi Yuda. Ɔno nso woo Yered a ɔbɛyɛɛ Gedor agya, Heber a ɔyɛ Soko agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na wɔfrɛ Mered yere Misraimni no se Bitia a na ɔyɛ Misraimhene babea.
καὶ ἡ γυνὴ αὐτοῦ αὕτη Αδια ἔτεκεν τὸν Ιαρεδ πατέρα Γεδωρ καὶ τὸν Αβερ πατέρα Σωχων καὶ τὸν Ιεκθιηλ πατέρα Ζανω καὶ οὗτοι υἱοὶ Γελια θυγατρὸς Φαραω ἣν ἔλαβεν Μωρηδ
19 Na Hodia yere yɛ Naham nuabea. Ne mmabarima no mu baako na ɔwoo Keila a ɔyɛ Garmini na ɔbaako nso woo Estemoa a ɔyɛ Maakatni.
καὶ υἱοὶ γυναικὸς τῆς Ιδουιας ἀδελφῆς Ναχεμ καὶ Δαλια πατὴρ Κεϊλα καὶ Σεμειων πατὴρ Ιωμαν καὶ υἱοὶ Ναημ πατρὸς Κεϊλα Αγαρμι καὶ Εσθεμωη Μαχαθι
20 Simon mmabarima ne Amnon, Rina, Ben-Hanan ne Tilon. Na Yisi asefo no ne Sohet ne Ben-Sohet.
καὶ υἱοὶ Σεμιων Αμνων καὶ Ρανα υἱὸς Αναν καὶ Θιλων καὶ υἱοὶ Ισεϊ Ζωαθ καὶ υἱοὶ Ζωαθ
21 Na Sela yɛ Yuda mma no mu baako. Na Sela asefo no ne Er a ɔwoo Leka, Lada a ɔwoo Maresa a na wɔyɛ nweratam ho adwuma wɔ Bet-Asbea,
υἱοὶ Σηλωμ υἱοῦ Ιουδα Ηρ πατὴρ Ληχα καὶ Λααδα πατὴρ Μαρησα καὶ γενέσεις οἰκιῶν εφραθ αβακ τῷ οἴκῳ Εσοβα
22 Yokim, Kosebafo, Yoas, ne Saraf a na wodi Moab ne Yasubi-Lehem so no. Saa din yi nyinaa, wonya fii tete nkyerɛw a na wɔakyerɛw agu hɔ mu.
καὶ Ιωακιμ καὶ ἄνδρες Χωζηβα καὶ Ιωας καὶ Σαραφ οἳ κατῴκησαν ἐν Μωαβ καὶ ἀπέστρεψεν αὐτοὺς αβεδηριν αθουκιιν
23 Na wɔyɛ nkukunwemfo a na wɔte Netaim ne Gedera. Na wɔn nyinaa yɛ nnwuma ma ɔhene.
οὗτοι κεραμεῖς οἱ κατοικοῦντες ἐν Ναταϊμ καὶ Γαδηρα μετὰ τοῦ βασιλέως ἐν τῇ βασιλείᾳ αὐτοῦ ἐνίσχυσαν καὶ κατῴκησαν ἐκεῖ
24 Na Simeon mmabarima no din de Nemuel, Yamin, Yarib, Serah ne Saulo.
υἱοὶ Συμεων Ναμουηλ καὶ Ιαμιν Ιαριβ Ζαρε Σαουλ
25 Na Saulo asefo yɛ Salum, Mibsam ne Misma.
Σαλεμ υἱὸς αὐτοῦ Μαβασαμ υἱὸς αὐτοῦ Μασμα υἱὸς αὐτοῦ
26 Na Misma asefo yɛ Hamuel, Sakur ne Simei.
Αμουηλ υἱὸς αὐτοῦ Σαβουδ υἱὸς αὐτοῦ Ζακχουρ υἱὸς αὐτοῦ Σεμεϊ υἱὸς αὐτοῦ
27 Simei woo mmabarima dunsia ne mmabea baasia. Ne nuabarimanom de, na wɔn mu biara nni abusua kɛse saa. Ɛno nti, Simeon abusua annɔ te sɛ Yuda abusua no.
καὶ τῷ Σεμεϊ υἱοὶ ἑκκαίδεκα καὶ θυγατέρες τρεῖς καὶ τοῖς ἀδελφοῖς αὐτῶν οὐκ ἦσαν υἱοὶ πολλοί καὶ πᾶσαι αἱ πατριαὶ αὐτῶν οὐκ ἐπλεόνασαν ὡς υἱοὶ Ιουδα
28 Wɔtenaa Beer-Seba, Molada ne Hasar-Sual,
καὶ κατῴκησαν ἐν Βηρσαβεε καὶ Σαμα καὶ Μωλαδα καὶ Εσηρσουαλ
29 Bilha, Esem ne Tolad,
καὶ ἐν Βαλαα καὶ Βοασομ καὶ Θουλαδ
30 Betuel, Horma ne Siklag,
καὶ Βαθουηλ καὶ Ερμα καὶ Σεκλαγ
31 Bet-Markabot, Hasar-Susim, Bet-Biri ne Saaraim. Na saa nkurow yi nyinaa hyɛɛ wɔn ase kosii ɔhene Dawid bere so.
καὶ Βαιθμαρχαβωθ καὶ ἥμισυ Σωσιμ καὶ οἶκον Βαρουμσεωριμ αὗται πόλεις αὐτῶν ἕως βασιλέως Δαυιδ
32 Wɔn asefo nso tenaa Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan a ɛyɛ nkurow anum yi so,
καὶ ἐπαύλεις αὐτῶν Αιταμ καὶ Ηνρεμμων καὶ Θοκκαν καὶ Αισαν πόλεις πέντε
33 ne ne nkuraa a atwa ho ahyia no kosii Baal. Na wɔn atenae ni, na wɔahyehyɛ saa din yi nyinaa wɔ wɔn anato nkrataa mu.
καὶ πᾶσαι αἱ ἐπαύλεις αὐτῶν κύκλῳ τῶν πόλεων τούτων ἕως Βααλ αὕτη ἡ κατάσχεσις αὐτῶν καὶ ὁ καταλοχισμὸς αὐτῶν
34 Wɔn a wɔka Simeon asefo ho no bi nso ne Mesobab, Yamlek ne Amasia babarima Yosa,
καὶ Μοσωβαβ καὶ Ιεμολοχ καὶ Ιωσια υἱὸς Αμασια
35 Yoel, Yosibia babarima Yehu a ɔyɛ Seraia babarima, na ɔno nso yɛ Asiel babarima,
καὶ Ιωηλ καὶ οὗτος υἱὸς Ισαβια υἱὸς Σαραια υἱὸς Ασιηλ
36 Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel ne Benaia,
καὶ Ελιωηναι καὶ Ιακαβα καὶ Ιασουια καὶ Ασαια καὶ Εδιηλ καὶ Ισμαηλ καὶ Βαναια
37 Sifi babarima Sisa a nʼagya yɛ Alon babarima, na ɔno yɛ Yedaia babarima, na ɔno nso yɛ Simri babarima a nʼagya yɛ Semaia.
καὶ Ζουζα υἱὸς Σεφεϊ υἱοῦ Αλλων υἱοῦ Ιεδια υἱοῦ Σαμαρι υἱοῦ Σαμαιου
38 Din a yɛabobɔ yi yɛ ntuanofo a wɔdeda Simeon mmusuakuw a wɔyɛ adefo no ano no bi.
οὗτοι οἱ διελθόντες ἐν ὀνόμασιν ἀρχόντων ἐν ταῖς γενέσεσιν αὐτῶν καὶ ἐν οἴκοις πατριῶν αὐτῶν ἐπληθύνθησαν εἰς πλῆθος
39 Wɔkɔɔ Gedor fam a na ɛwɔ obon no apuei fam sɛ wɔrekɔpɛ asase pa ama wɔn mmoa adidi so.
καὶ ἐπορεύθησαν ἕως τοῦ ἐλθεῖν Γεραρα ἕως τῶν ἀνατολῶν τῆς Γαι τοῦ ζητῆσαι νομὰς τοῖς κτήνεσιν αὐτῶν
40 Wonyaa mmoa adidibea pa wɔ hɔ. Na asase no so dwo na basabasayɛ biara nni hɔ. Na Ham asefo no bi akɔtena Gedor fa mu hɔ dedaw.
καὶ εὗρον νομὰς πίονας καὶ ἀγαθάς καὶ ἡ γῆ πλατεῖα ἐναντίον αὐτῶν καὶ εἰρήνη καὶ ἡσυχία ὅτι ἐκ τῶν υἱῶν Χαμ τῶν κατοικούντων ἐκεῖ ἔμπροσθεν
41 Yudahene Hesekia bere so no, Simeon ntuanofo no ko dii hɔ so, sɛee Ham ne Meunifo afi pasaa. Wokum obiara a na ɔte hɔ, faa asase no, efisɛ, na wɔpɛ sɛ wonya mmoa didibea pa no.
καὶ ἤλθοσαν οὗτοι οἱ γεγραμμένοι ἐπ’ ὀνόματος ἐν ἡμέραις Εζεκιου βασιλέως Ιουδα καὶ ἐπάταξαν τοὺς οἴκους αὐτῶν καὶ τοὺς Μιναίους οὓς εὕροσαν ἐκεῖ καὶ ἀνεθεμάτισαν αὐτοὺς ἕως τῆς ἡμέρας ταύτης καὶ ᾤκησαν ἀντ’ αὐτῶν ὅτι νομαὶ τοῖς κτήνεσιν αὐτῶν ἐκεῖ
42 Akofo no mu ahannum a wofi Simeon abusuakuw mu no kɔɔ bepɔw Seir so, a na Pelatia, Nearia, Refaia ne Usiel a wɔn nyinaa yɛ Yisi mmabarima no na na wodi wɔn anim.
καὶ ἐξ αὐτῶν ἀπὸ τῶν υἱῶν Συμεων ἐπορεύθησαν εἰς ὄρος Σηιρ ἄνδρες πεντακόσιοι καὶ Φαλεττια καὶ Νωαδια καὶ Ραφαια καὶ Οζιηλ υἱοὶ Ιεσι ἄρχοντες αὐτῶν
43 Amalekfo kakra a wɔkae no, wokunkum wɔn nyinaa, faa hɔ, na wɔtenaa hɔ.
καὶ ἐπάταξαν τοὺς καταλοίπους τοὺς καταλειφθέντας τοῦ Αμαληκ καὶ κατῴκησαν ἐκεῖ ἕως τῆς ἡμέρας ταύτης

< 1 Beresosɛm 4 >