< 1 Beresosɛm 3 >

1 Eyinom ne mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron. Na nʼabakan din de Amnon a ne na a na ofi Yesreel no din de Ahinoam. Ne ba a ɔto so abien no, na ne din de Daniel. Na ne na a ofi Karmel no din de Abigail.
These also were the sonnes of Dauid which were borne vnto him in Hebron: the eldest Amnon of Ahinoam, the Izraelitesse: the seconde Daniel of Abigail the Carmelitesse:
2 Ne ba a ɔto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne na din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babea. Ne ba a ɔto so anan din de Adoniya a ne na din de Hagit.
The third Absalom the sonne of Maachah daughter of Talmai King of Geshur: the fourth Adoniiah the sonne of Haggith:
3 Ne ba a ɔto so anum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne na Abital. Ne ba a ɔto so asia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne na Egla.
The fift Shepatiah of Abital: ye sixt Ithream by Eglah his wife.
4 Wɔwowoo mmabarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Odii ade wɔ hɔ mfirihyia ason ne fa. Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na odii ade mfirihyia aduasa abiɛsa wɔ hɔ.
These sixe were borne vnto him in Hebron: and there hee reigned seuen yeere and sixe moneths: and in Ierusalem he reigned three and thirtie yeere.
5 Mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne: Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babea Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.
And these foure were borne vnto him in Ierusalem, Shimea, and Shobab, and Nathan, and Salomon of Bathshua the daughter of Ammiel:
6 Wɔsan wowoo mmabarima baakron bi maa Dawid. Wɔne Yibhar, Elisua, Elifelet,
Ibhar also, and Elishama, and Eliphalet,
7 Noga, Nefeg, Yafia,
And Nogah, and Nepheg, and Iaphia,
8 Elisama, Eliada ne Elifelet.
And Elishama, and Eliada, and Eliphelet, nine in nomber.
9 Eyinom ne Dawid mmabarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabea bi a wɔfrɛ no Tamar.
These are all the sonnes of Dauid, besides the sonnes of the concubines, and Thamar their sister.
10 Na Salomo asefo yɛ Rehoboam, Abia, Asa, Yehosafat,
And Salomons sonne was Rehoboam, whose sonne was Abiah, and Asa his sonne, and Iehoshaphat his sonne,
11 Yoram, Ahasia, Yoas,
And Ioram his sonne, and Ahaziah his sonne, and Ioash his sonne,
12 Amasia, Asaria, Yotam,
And Amaziah his sonne, and Azariah his sonne, and Iotham his sonne,
13 Ahas, Hesekia, Manase,
And Ahaz his sonne, and Hezekiah his sonne, and Manasseh his sonne,
14 Amon ne Yosia.
And Amon his sonne, and Iosiah his sonne.
15 Na Yosia mmabarima ne Yohanan a ɔyɛ abakan, Yehoiakim to so abien, Sedekia to so abiɛsa, na Salum to so anan.
And of the sonnes of Iosiah, the eldest was Iohanan, the second Iehoiakim, the thirde Zedekiah, and the fourth Shallum.
16 Yehoiakim babarima Yehoiakyin na odii nʼade, na ɔno nso ne wɔfa Sedekia bedii nʼade.
And the sonnes of Iehoiakim were Ieconiah his sonne, and Zedekiah his sonne.
17 Yehoiakyin a Babiloniafo kyeree no kɔtoo afiase no mmabarima ne Sealtiel,
And the sonnes of Ieconiah, Assir and Shealtiel his sonne:
18 Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama ne Nedabia.
Malchiram also and Pedaiah, and Shenazar, Iecamiah, Hoshama, and Nedabiah.
19 Na Pedaia mmabarima yɛ Serubabel ne Simei. Na Serubabel mmabarima yɛ Mesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabea nso a ne din de Selomit.
And the sonnes of Pedaiah were Zerubbabel, and Shimei: and the sonnes of Zerubbabel were Meshullam, and Hananiah, and Shelomith their sister,
20 Na ne mmabarima baanum bi nso din ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia ne Yusab-Hesed.
And Hashubah, and Ohel, and Berechiah, and Hazadiah, and Iushabheshed, fiue in nomber.
21 Na Hanania mmabarima din de Pelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania.
And the sonnes of Hananiah were Pelatiah, and Iesaiah: the sonnes of Rephaiah, the sonnes of Arnan, the sonnes of Obadiah, the sonnes of Shechaniah.
22 Na Sekania asefo yɛ Semaia ne ne mmabarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa yɛ baasia.
And the sonne of Shechaniah was Shemaiah: and the sonnes of Shemaiah were Hattush and Igeal, and Bariah, and Neariah, and Shaphat, sixe.
23 Na Nearia mmabarima din de Elioenai, Hiskia ne Asrikam. Na wɔyɛ baasa.
And the sonnes of Neariah were Elioenai, and Hezekiiah, and Azrikam, three.
24 Na Elioenai mmabarima din de Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.
And the sonnes of Elioenai were Hodaiah, and Eliashib, and Pelaiah, and Akkub, and Iohanan, and Delaiah, and Anani, seuen.

< 1 Beresosɛm 3 >