< 1 Beresosɛm 29 >

1 Afei, Ɔhene Dawid dan nʼani kyerɛɛ ɔmanfo no kae se, “Me babarima Salomo a Onyankopɔn ayi no sɛ onni Israel so sɛ ɔhene foforo no da so yɛ abofra a onni osuahu biara. Adwuma a ɛda nʼanim no so, na Asɔredan a obesi no nyɛ dan hunu bi. Ɛyɛ Awurade Nyankopɔn no ankasa de.
Entonces el rey David dijo a todos los allí reunidos: “Mi hijo Salomón, elegido sólo por Dios, es joven e inexperto, y el trabajo a realizar es grande porque este Templo no será para el hombre, sino para el Señor Dios.
2 Mede nea mitumi yɛ biara adi dwuma, maboaboa nea matumi anya nyinaa ano ama me Nyankopɔn Asɔredan no si. Mprempren, sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae, nnade ne nnua ne apopobibiri abo ne aboɔden abo, aboɔden agude ne abo pa ne abohemaa ahorow nyinaa pii wɔ hɔ.
Con todos mis medios he provisto para la casa de mi Dios: oro para los artículos de oro, plata para la plata, bronce para el bronce, hierro para el hierro y madera para la madera; piedras de ónice y piedras para los engastes: turquesa, piedras de diferentes colores, toda clase de piedras preciosas; y mucho mármol.
3 Na esiane me ho a mede ama me Nyankopɔn Asɔredan no nti, mede mʼankasa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bɛboa ɔdan no si. Eyinom bɛka adansi no ho nneɛma a maboaboa ano ama asɔredan kronkron no ho.
“Además, por mi devoción a la casa de mi Dios, ahora doy mi fortuna personal de oro y plata, además de todo lo que he provisto para esta santa casa.
4 Mama Ofir sikakɔkɔɔ a ɛboro nsania ani tɔn ɔha ne dumien ne dwetɛ a wɔahoa ho nsania ani tɔn ahannu aduosia abien a wɔde begu adan no afasu anim,
3.000 talentos de oro -el oro de Ofir- y 7.000 talentos de plata refinada irán a cubrir las paredes de los edificios,
5 ne sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwuma a aka a adwumfo no bɛyɛ no. Afei, hena na obeyi ne yam de nʼayɛyɛde ama Awurade nnɛ?”
el oro para la orfebrería, y la plata para la platería, y para todo el trabajo de los artesanos. ¿Quién quiere comprometerse de buen grado a dar hoy al Señor?”
6 Na abusua ntuanofo, Israel mmusuakuw ntuanofo, asahene ne asraafo mpanyimfo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa fii ɔpɛ pa mu mae.
Dieron de buena gana: los jefes de familia, los responsables de las tribus de Israel, los comandantes de millares y de centenas, y los funcionarios encargados de la obra del rey.
7 Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔn ɔha aduɔwɔtwe awotwe, sika ankasa mpem du, dwetɛ bɛyɛ tɔn ahaasa aduɔson anum, kɔbere mfrafrae bɛyɛ tɔn ahansia aduɔson anum ne nnade bɛyɛ tɔn mpem ahaasa ahanson ne aduonum, de boaa Asɔredan no si.
Dieron para el servicio de la casa de Dios 5.000 talentos y 10.000 dáricos de oro, 10.000 talentos de plata, 18.000 talentos de bronce y 100.000 talentos de hierro.
8 Wɔmaa aboɔden abo bebree a wɔkɔkoraa no wɔ sikakorabea a ɛwɔ Awurade fi maa Yehiel a ɔyɛ Gerson aseni hwɛɛ so.
Los que tenían piedras preciosas las entregaron al tesoro de la casa del Señor, bajo la supervisión de Jehiel el gersonita.
9 Nnipa no ani gyee ɔma no ho, efisɛ wofi ɔpɛ pa ne koma pa mu na woyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yiye.
El pueblo celebró porque sus líderes habían estado tan dispuestos a dar al Señor, libremente y de todo corazón. El rey David también se alegró mucho.
10 Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim se, “Awurade, yɛn agya Israel Nyankopɔn, ayeyi nka wo daa nyinaa.
Entonces David alabó al Señor ante toda la asamblea: “¡Alabado seas, Señor, Dios de Israel, nuestro padre, por los siglos de los siglos!
11 Kɛseyɛ, ahoɔden, anuonyam, nkonimdi ne tumi yɛ wo de, Awurade. Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo de, Awurade, na ahenni yi nso yɛ wo de. Yɛma wo so sɛ wone ade nyinaa so tumfo.
Señor, tuyos son la grandeza, el poder, la gloria, el esplendor y la majestad, porque todo lo que hay en el cielo y en la tierra es tuyo. Señor, tuyo es el reino, y eres admirado como gobernante de todo.
12 Ahonya ne anuonyam fi wo nko ara, efisɛ woyɛ ade nyinaa sodifo. Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam na wopɛ mu na wufi ma nnipa yɛ kɛse na wonya ahoɔden.
Las riquezas y el honor provienen de ti y tú reinas de forma suprema. Tú posees el poder y la fuerza, y tienes la capacidad de engrandecer a las personas y de dar fuerza a todos.
13 Afei, yɛn Nyankopɔn, yɛda wo ase, na yɛkamfo wo din kronkron no.
“Ahora, nuestro Dios, te damos gracias y te alabamos a ti y a tu glorioso carácter.
14 “Na me ne hena na me nkurɔfo ne nnipa bɛn a yetumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no fi wo nkyɛn, na nea yɛde ma wo no yɛ nea wode ama yɛn dedaw no.
Pero, ¿quién soy yo y quién es mi pueblo, para que seamos capaces de dar de tan buena gana? Porque todo lo que tenemos viene de ti; sólo te devolvemos lo que tú nos has dado.
15 Yɛwɔ ha mmere tiaa bi sɛ nsrahwɛfo ne ahɔho wɔ asase a yɛn agyanom dii kan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsuma a etwa mu kɔ ntɛm so a wonhu bio.
A tus ojos somos extranjeros y forasteros, como nuestros antepasados. Nuestro tiempo aquí en la tierra pasa como una sombra, no tenemos esperanza de quedarnos mucho tiempo.
16 Awurade, yɛn Nyankopɔn, saa nneɛma a yɛaboaboa ano de rebesi asɔredan de ahyɛ wo din kronkron anuonyam yi mpo fi wo nkyɛn! Ne nyinaa yɛ wo dea.
“Señor, Dios nuestro, incluso toda esta riqueza que hemos proporcionado para construirte una casa para tu santo nombre proviene de lo que tú das, y todo te pertenece.
17 Me Nyankopɔn, minim sɛ wohwehwɛ yɛn koma mu, na sɛ wuhu nokwaredi wɔ mu a, wʼani gye. Wunim sɛ mede adwene pa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa, na mahwɛ ahu sɛnea wo nkurɔfo fi koma pa ne anigye mu de wɔn akyɛde aba.
Yo sé, Dios mío, que tú miras por dentro y te alegras cuando vivimos bien. Todo lo he dado de buena gana y con un corazón honesto, y ahora he visto a tu pueblo aquí dando felizmente y de buena gana para ti.
18 Awurade, yɛn agyanom Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn, ma wo nkurɔfo nyɛ osetie mma wo daa. Mma ɔdɔ a wɔde dɔ wo no nsesa.
Señor, el Dios de Abraham, de Isaac, de Israel y de nuestros antepasados, por favor, mantén estos pensamientos y compromisos en la mente de tu pueblo para siempre, y haz que permanezcan leales a ti.
19 Ma me babarima Salomo koma nyinaa mu ɔpɛ pa, na onni wʼahyɛde, wo mmara ne wo nkyerɛkyerɛ so, na onsi saa Asɔredan yi a mayɛ ho ahoboa nyinaa no.”
Por favor, dale también a mi hijo Salomón el deseo de cumplir de todo corazón tus mandamientos, decretos y estatutos, y de hacer todo lo posible para construir tu Templo que yo he dispuesto”.
20 Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfo no nyinaa se, “Monkamfo Awurade, mo Nyankopɔn!” Na ɔmanfo no nyinaa kamfoo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔkotow buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim.
Entonces David dijo a todos los presentes: “¡Alaben al Señor, su Dios!” Y todos alabaron al Señor, el Dios de sus padres. Se inclinaron en reverencia ante el Señor y ante el rey.
21 Ade kyee no, wɔde anantwinini apem, adwennini apem ne nguamma anini apem bɛbɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Wɔsan gyinaa Israel anan mu, de ɔnom afɔrebɔde pii ne afɔrebɔde ahorow bae.
Al día siguiente presentaron sacrificios y holocaustos al Señor: mil toros, mil carneros y mil corderos, con sus libaciones y abundantes sacrificios para todo Israel.
22 Wɔde ahosɛpɛw didi nomee da no wɔ Awurade anim. Na bio, wɔhyɛɛ Dawid babarima Salomo ahenkyɛw sɛ wɔn hene foforo. Wɔsraa no ngo wɔ Awurade anim sɛ wɔn ntuanoni, na wɔsraa Sadok nso ngo sɛ wɔn sɔfo.
Entonces comieron y bebieron en presencia del Señor con gran alegría aquel día. Hicieron rey por segunda vez a Salomón, hijo de David, y lo ungieron como gobernante del Señor, y ungieron a Sadoc como sacerdote.
23 Na Salomo tenaa Awurade ahengua no so sɛ nʼagya Dawid nanmusini, na ɔkɔɔ so yiye, na Israel nyinaa tiee no.
Así Salomón ocupó el trono del Señor como rey en lugar de David, su padre. Tuvo éxito, y todos los israelitas le obedecieron.
24 Adehye mpanyimfo nyinaa, asahene ne Dawid mmabarima nyinaa sua kyerɛɛ ɔhene Salomo.
Todos los funcionarios y guerreros, así como todos los hijos del rey David, hicieron una promesa solemne de lealtad al rey Salomón.
25 Na Awurade pagyaw Salomo maa Israelman no maa no nidi nwonwaso, na ɔmaa Salomo ahonya ne anuonyam sen nʼagya.
El Señor hizo que Salomón fuera muy respetado en todo Israel, y le dio mayor majestad real que la que se le había dado a cualquier otro rey de Israel antes de él.
26 Enti Yisai babarima Dawid dii Israel nyinaa so hene.
Así, David, hijo de Isaí, gobernó sobre todo Israel.
27 Odii hene wɔ Israel mfe aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, odii Hebron so mfe ason, na mfe aduasa abiɛsa nso, ɔtenaa Yerusalem.
Gobernó sobre Israel cuarenta años: siete en Hebrón y treinta y tres en Jerusalén.
28 Ɔtenaa ase kyɛe, nyinii yiye, nyaa ahode ne anuonyam ansa na ɔrewu. Na ne babarima Salomo dii nʼade sɛ ɔhene.
David murió a una buena edad, habiendo vivido una larga vida bendecida con riquezas y honor. Entonces su hijo Salomón tomó el relevo y gobernó en su lugar.
29 Efi Ɔhene Dawid adedi mfiase de kosi nʼawie mu nsɛm nyinaa, wɔakyerɛw agu ɔdehufo Samuel abakɔsɛm nhoma, odiyifo Natan abakɔsɛm nhoma ne ɔdehufo Gad abakɔsɛm nhoma mu.
Todo lo que hizo el rey David, desde el principio hasta el final, está escrito en las Actas de Samuel el Vidente, las Actas de Natán el Profeta y las Actas de Gad el Vidente.
30 Nʼadedi mu akokodurusɛm ne biribiara a ɛbaa ne so, Israel ne ahenni ahorow a atwa ne ho ahyia nyinaa nso yɛ nsɛm a wɔakyerɛw.
Estos incluyen todos los detalles de su reinado, su poder y lo que le sucedió a él, a Israel y a todos los reinos de los países vecinos.

< 1 Beresosɛm 29 >