< 1 Beresosɛm 28 >

1 Dawid frɛɛ ne mpanyimfo nyinaa kɔɔ Yerusalem. Saa mpanyimfo no ne mmusuakuw no ntuanofo, asahene a wɔdeda asraafodɔm akuw dumien no ano, asraafo mpanyimfo a wɔaka no, wɔn a wɔhwɛ ɔhene agyapade ne ne mmoa so, ahemfi nhenkwaa, akofo akɛse ne akofo a wɔaka wɔ ahenni no mu no.
Or David assembla à Jérusalem tous les Chefs d'Israël, les Chefs des Tribus, et les Chefs des départements qui servaient le Roi; et les Gouverneurs de milliers et de centaines, et ceux qui avaient la charge de tous les biens du Roi, et de tout ce qu il possédait, ses fils avec ses Eunuques, et les hommes puissants, et tous les hommes forts et vaillants;
2 Dawid sɔre gyinaa wɔn anim, kasa kyerɛɛ wɔn se, “Me nuanom ne me nkurɔfo, anka mepɛɛ sɛ misi asɔredan a wɔde Awurade Apam Adaka, Onyankopɔn anan ntiaso no besi afebɔɔ. Meyɛɛ ho ahoboa nyinaa sɛ mede rebesi,
Puis le Roi David se leva sur ses pieds, et dit: Mes frères, et mon peuple, écoutez-moi: J'ai désiré de bâtir une maison de repos à l'Arche de l'alliance de l'Eternel, et au marchepied de notre Dieu, et j'ai fait les préparatifs pour la bâtir.
3 nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ me se, ‘Ɛnsɛ sɛ wusi asɔredan de hyɛ me din anuonyam, efisɛ woyɛ ɔkofo a woahwie mogya bebree agu.’
Mais Dieu m'a dit: Tu ne bâtiras point de maison à mon Nom, parce que tu es un homme de guerre, et que tu as répandu beaucoup de sang.
4 “Nanso Awurade, Israel Nyankopɔn, ayi me wɔ mʼagya abusua mu sɛ, minni ɔhene wɔ Israel so daa. Na wayi Yuda abusuakuw sɛ wonni hene na Yuda mmusua mu nso, oyii mʼagya abusua. Na mʼagya mma mu no nso, ɛyɛɛ Awurade fɛ sɛ osii me Israel nyinaa so hene.
Or comme l'Eternel le Dieu d'Israël m'a choisi de toute la maison de mon père pour être Roi sur Israël à toujours; car il a choisi Juda pour Conducteur, et de la maison de Juda la maison de mon père, et d'entre les fils de mon père il a pris son plaisir en moi, pour me faire régner sur tout Israël.
5 Na me mmabarima pii a Awurade de wɔn maa me no mu nso, oyii Salomo sɛ ɔntena Awurade ahenni agua no so nni Israel so.
Aussi d'entre tous mes fils ( car l'Eternel m'a donné plusieurs fils ) il a choisi Salomon mon fils, pour s'asseoir sur le trône du Royaume de l'Eternel sur Israël.
6 Ɔka kyerɛɛ me se, ‘Wo babarima Salomo na obesi mʼasɔredan ne nʼadiwo nyinaa, efisɛ mayi no sɛ me babarima na mɛyɛ nʼagya.
Et il m'a dit: Salomon ton fils est celui qui bâtira ma maison et mes parvis; : car je me le suis choisi pour fils et je lui serai père.
7 Na sɛ ɔkɔ so di mʼahyɛde ne me mmara so, sɛnea ɔyɛ mprempren yi a, mɛma nʼahenni atim afebɔɔ.’
Et j'affermirai son règne à toujours, s'il s'applique à faire mes commandements [et à observer] mes ordonnances, comme [il le fait] aujourd'hui.
8 “Enti mprempren a Onyankopɔn yɛ yɛn dansifo yi, menam wo so de saa asodi yi ma Israel nyinaa a wɔyɛ Awurade manfo no: Monhwɛ yiye na munni Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛde nyinaa so sɛnea mobɛfa saa asase pa yi, na moagyaw ama mo asefo sɛ wɔn agyapade daa.
Maintenant donc [je vous somme] en la présence de tout Israël, qui est l'assemblée de l'Eternel, et devant notre Dieu qui l'entend, que vous ayez à garder et à rechercher diligemment tous les commandements de l'Eternel votre Dieu, afin que vous possédiez ce bon pays, et que vous le fassiez hériter à vos enfants après vous, à jamais.
9 “Afei, me ba Salomo, hu wʼagyanom Nyankopɔn. Fa wo koma ne wʼadwene nyinaa sɔre no, na som no. Efisɛ Awurade hu koma biara mu, enti ohu na onim emu nhyehyɛe ne nsusuwii biara. Sɛ wohwehwɛ no a, wubehu no. Na sɛ wopo no a, ɔbɛpo wo afebɔɔ.
Et toi Salomon mon fils, connais le Dieu de ton père, et sers-le avec un cœur droit, et une bonne volonté; car l'Eternel sonde tous les cœurs, et connaît toutes les imaginations des pensées. Si tu le cherches, il se fera trouver à toi; mais si tu l'abandonnes, il te rejettera pour toujours.
10 Enti fa no asɛnhia. Awurade ayi wo sɛ si asɔredan ma no, sɛ ne kronkronbea. Yɛ den, na di dwuma no.”
Considère maintenant, que l'Eternel t'a choisi pour bâtir une maison pour son sanctuaire; fortifie-toi donc, et applique-toi à y travailler.
11 Afei Dawid de asɔredan no ho mfoni a sikakorabea, soro adan, emu adan ne emu kronkronbea a Apam Adaka no afefare mu a ɛhɔ yɛ mpatabea, faako a wɔde Adaka no besi maa Salomo.
Et David donna à Salomon son fils le modèle du portique, de ses maisons, de ses cabinets, de ses chambres hautes, de ses cabinets de dedans, et du lieu du Propitiatoire.
12 Nhyehyɛe biara a Honhom no de maa Dawid a ɛfa Awurade Asɔredan adiwo ho, akyi adan, Onyankopɔn Asɔredan no mu sikakorabea ne akyɛde a wɔde ama Onyankopɔn no, ɔkyerɛɛ Salomo.
Et le modèle de toutes les choses qui lui avaient été inspirées par l'Esprit qui était avec lui, pour les parvis de la maison de l'Eternel, pour les chambres d'alentour, pour les trésors de la maison de l'Eternel, et pour les trésors des choses saintes;
13 Saa ara na ɔhene no kyerɛɛ Salomo dwuma a asɔfo ne Lewifo nkyekyɛmu ahorow no nyɛ wɔ Awurade Asɔredan no mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma pɔtee a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu a wɔde sɔre Awurade ne nea wɔde bɔ afɔre.
Et pour les départements des Sacrificateurs et des Lévites, et pour toute l'œuvre du service de la maison de l'Eternel, et pour tous les ustensiles du service de la maison de l'Eternel.
14 Dawid kyerɛɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ dodow a wɔmfa nyɛ nneɛma a ɛho behia.
[Il lui donna aussi] de l'or à certain poids, pour les choses qui devaient être d'or, [savoir] pour tous les ustensiles de chaque service; [et de l'argent] à certain poids, pour tous les ustensiles d'argent, [savoir] pour tous les ustensiles de chaque service.
15 Ɔkyerɛɛ Salomo sikakɔkɔɔ dodow a ɛho behia ama sikakɔkɔɔ akaneadua no ne akanea no, na ɔkyerɛɛ dwetɛ dodow a ɛho behia ama dwetɛ akaneadua no ne akanea no yɛ, ne ɔkwan ko a wɔbɛfa so de emu biara adi dwuma no.
Le poids des chandeliers d'or, et de leurs lampes d'or, selon le poids de chaque chandelier et de ses lampes; et [le poids] des chandeliers d'argent, selon le poids de chaque chandelier et de ses lampes, selon le service de chaque chandelier.
16 Ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodow a wɔmfa nyɛ ɔpon a wɔde Daa Daa Brodo no bɛto so; na ɔkyerɛɛ dwetɛ dodow a wɔmfa nyɛ apon a ɛka ho no.
Et le poids de l'or pesant ce qu'il fallait pour chaque table des pains de proposition; et de l'argent pour les tables d'argent.
17 Dawid san kyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodow a wɔmfa nyɛ nam darewa a wɔde besuso afɔrebɔ nam mu, hweaseammɔ, sukuruwa ne nyowa ne dwetɛ dodow a wɔmfa nyɛ asanka biara.
Et de l'or pur pour les fourchettes, pour les bassins, pour les gobelets, et pour les plats d'or, selon le poids de chaque plat; et [de l'argent] pour les plats d'argent, selon le poids de chaque plat.
18 Nea ɔde wiee ne sɛ, ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ a wɔabere ho dodow a wɔde bɛyɛ nnuhuam afɔremuka no ne sikakɔkɔɔ kerubim a ne ntaban atrɛw wɔ Awurade Adaka no so.
Et de l'or affiné à certain poids pour l'autel des parfums; et de l'or pour le modèle du chariot des Chérubins qui étendaient [les ailes], et qui couvraient l'Arche de l'alliance de l'Eternel.
19 Dawid ka kyerɛɛ Salomo se, “Saa mfoni yi nyinaa, Awurade nsa na ɔde kyerɛw maa me.”
Toutes ces choses, [dit-il], m'ont été données par écrit, de la part de l'Eternel, afin que j'eusse l'intelligence de tous les ouvrages de ce modèle.
20 Afei, Dawid toaa so se, “Yɛ den na ma wo bo nyɛ duru na yɛ adwuma no. Nsuro na mma dwumadi no kɛseyɛ ntu wo bo, efisɛ Awurade Nyankopɔn, me Nyankopɔn, ka wo ho. Ɔrenni wo huammɔ na ɔrennya wo. Ɔbɛhwɛ sɛ dwumadi biara a ɛfa Awurade Asɔredan no si ho no, wobewie no pɛpɛɛpɛ.
C'est pourquoi David dit à Salomon son fils: Fortifie-toi, et prends courage, et travaille; ne crains point, et ne t'effraie de rien; car l'Eternel Dieu, mon Dieu, [sera] avec toi, il ne te délaissera point, et il ne t'abandonnera point, que tu n'aies achevé tout l'ouvrage du service de la maison de l'Eternel.
21 Asɔfo ne Lewifo akuw no bɛsom wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu. Wɔn a aka a wɔwɔ nimdeɛ ahorow no nyinaa beyi wɔn yam aboa, na ntuanofo ne ɔman no nyinaa nso bɛyɛ biribiara a wobɛka.”
Et voici, [j'ai fait] les départements des Sacrificateurs et des Lévites pour tout le service de la maison de Dieu; et il y a avec toi pour tout cet ouvrage toutes sortes de gens prompts et experts, pour toute sorte de service; et les Chefs avec tout le peuple [seront prêts] pour exécuter tout ce que tu diras.

< 1 Beresosɛm 28 >