< 1 Beresosɛm 27 >

1 Israelfo akuw ahorow no ni—mmusua mpanyimfo, asahene ne asraafo mpanyimfo a na wɔhwɛ asraafo akuw ahorow so de som ɔhene, a kuw biara kɔ adwuma ɔsram baako wɔ afe mu. Na dɔm a wɔwɔ kuw biara mu nso dodow yɛ mpem aduonu anan. Wɔn din na edidi so yi.
और बनी इस्राईल अपने शुमार के मुवाफ़िक़ या'नी आबाई ख़ान्दानों के रईस और हज़ारों और सैकड़ों के सरदार और उनके मन्सबदार जो उन फ़रीक़ों के हर हाल में बादशाह की ख़िदमत करते थे, जो साल के सब महीनों में माह — ब — माह आते और रुख़्सत होते थे, हर फ़रीक़ में चौबीस हज़ार थे।
2 Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ kuw a edi kan no sahene, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a edi kan wɔ afe no mu. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
पहले महीने के पहले फ़रीक़ पर यसुबि'आम बिन ज़बदिएल था, और उसके फ़रीक़ में चौबीस हज़ार थे।
3 Na ɔyɛ Peres aseni a na ɔhwɛ asraafo mpanyimfo no nyinaa so ɔsram a edi kan no mu.
वह बनी फ़ारस में से था और पहले महीने के लश्कर के सब सरदारों का रईस था।
4 Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ kuw a ɛto so abien a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan, a na Miklot yɛ nʼabediakyiri.
दूसरे महीने के फ़रीक़ पर दूदे अखूही था, और उसके फ़रीक़ में मिकलोत भी सरदार था, और उसके फ़रीक़ में चौबीस हज़ार थे
5 Ɔsɔfo Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ kuw a ɛto so abiɛsa a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abiɛsa mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
तीसरे महीने के लश्कर का ख़ास तीसरा सरदार यहूयदा' काहिन का बेटा बिनायाह था, और उसके फ़रीक़ में चौबीस हज़ार थे।
6 Saa Benaia yi na na ɔhwɛ Dawid asraafo akunini kuw, a na wɔfrɛ wɔn Akofo Akɛse Aduasa no so. Ne babarima Amisabad na na ɔyɛ nʼabediakyiri.
यह वह बिनायाह है जो तीसों में ज़बरदस्त और उन तीसों के ऊपर था; उसी के फ़रीक़ में उसका बेटा 'अम्मीज़बा'द भी शामिल था।
7 Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ kuw a ɛto so anan, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anan mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan. Asahel babarima Sebadia na odii nʼade.
चौथे महीने के लिए योआब का भाई 'असाहील था, और उसके पीछे उसका बेटा ज़बदियाह था, और उसके फ़रीक़ में चौबीस हज़ार थे।
8 Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ kuw a ɛto so anum, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anum mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
पाँचवें महीने के लिए पाँचवाँ सरदार समहूत इज़राख़ी था, और उसके फ़रीक़ में चौबीस हज़ार थे।
9 Ikes babarima Ira a ofi Tekoa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so asia, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so asia mu no sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
छटे महीने के लिए छटा सरदार तक़ू'अ 'इक्कीस का बेटा ईरा था, और उसके फ़रीक़ में चौबीस हज़ार थे।
10 Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ofi Pelon no na na ɔyɛ kuw a ɛto so ason, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so ason mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
सातवें महीने के लिए सातवाँ सरदार बनी इफ़्राईम में से फ़लूनीख़लस था, और उसके फ़रीक़ में चौबीस हज़ार थे।
11 Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ofi Husa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so awotwe, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so awotwe mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
आठवे महीने के लिए आठवाँ सरदार ज़ारहियों में से हूसाती सिब्बकी था, और उसके फ़रीक़ में चौबीस हज़ार थे।
12 Abieser a na ofi Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ kuw a ɛto so akron, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so akron mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
नवें महीने के लिए नवाँ सरदार बिनयमीनियों में से 'अन्तोती अबी'अज़र था, और उसके फ़रीक़ में चौबीस हज़ार थे।
13 Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ofi Netofa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so du, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so du mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
दसवें महीने के लिए दसवाँ सरदार ज़ारहियों में से नतूफ़ाती महरी था, और उसके फ़रीक़ में चौबीस हज़ार थे।
14 Benaia a ofi Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dubaako, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dubaako mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
ग्यारहवें महीने के लिए ग्यारहवाँ सरदार बनी इफ़्राईम में से फ़र'आतीनी बिनायाह था, और उसके फ़रीक़ में चौबीस हज़ार थे।
15 Heldai a ɔyɛ Otniel a ofi Netofa aseni no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dumien, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dumien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
बारहवें महीने के लिए बारहवाँ सरदार गुतनीएलियों में से नतूफ़ाती ख़ल्दी था, और उसके फ़रीक़ में चौबीस हज़ार थे।
16 Mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo ni: Ruben abusuakuw: Sikri babarima Elieser; Simeon abusuakuw: Maaka babarima Sefatia;
इस्राईल के क़बीलों पर रूबीनियों का सरदार इली'एलियाज़र बिन ज़िकरी था, शमौनियों का सफ़तियाह बिन मा'का;
17 Lewi abusuakuw: Kemuel babarima Hasabia; Aaron (asɔfo no) abusuakuw: Sadok;
लावियों का हसबियाह बिन क़मूएल, हारून के घराने का सदोक़;
18 Yuda abusuakuw: Dawid nuabarima Elihu; Isakar abusuakuw: Mikael babarima Omri;
यहूदाह का इलीहू, जो दाऊद के भाइयों में से था; इश्कार का 'उमरी बिन मीकाएल;
19 Sebulon abusuakuw: Obadia babarima Yismaia; Naftali abusuakuw: Asriel babarima Yerimot;
ज़बूलून का इसमाइयाह बिन 'अबदियाह, नफ़्ताली का यरीमोत बिन 'अज़रिएल;
20 Efraim abusuakuw: Asasia babarima Hosea; Manase (atɔe fam) abusuakuw: Pedaia babarima Yoel;
बनी इफ़्राईम का हूसी'अ बिन 'अज़ाज़ियाह, मनस्सी के आधे क़बीले का यूएल बिन फ़िदायाह;
21 Manase (apuei fam) abusuakuw Sakaria babarima Ido; Benyamin abusuakuw: Abner babarima Yaasiel;
जिल'आद में मनस्सी के आधे क़बीले का 'ईदू बिन ज़करियाह, बिनयमीन का या'सीएल बिन अबनेर;
22 Dan abusuakuw: Yeroham babarima Asarel. Eyinom ne Israel mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo.
दान का 'अज़रि'एल बिन यरोहाम। यह इस्राईल के क़बीलों के सरदार थे।
23 Bere a Dawid ma wɔkan nnipa no, wɔankan wɔn a wonnii mfe aduonu, efisɛ na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfo no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.
लेकिन दाऊद ने उनका शुमार नहीं किया था जो बीस बरस या कम उम्र के थे, क्यूँकि ख़ुदावन्द ने कहा था कि मैं इस्राईल को आसमान के तारों की तरह बढ़ाऊँगा।
24 Yoab na ofii nnipakan no ase, nanso wanwie, efisɛ Onyankopɔn bo fuw Israel. Wɔankyerɛw nnipa no nyinaa dodow angu Ɔhene Dawid nkrataa mu.
ज़रोयाह के बेटे योआब ने गिनना तो शुरू 'किया, लेकिन ख़त्म नहीं किया था कि इतने में इस्राईल पर क़हर नाज़िल हुआ, और न वह ता'दाद दाऊद बादशाह की तवारीख़ी ता'दादों में दर्ज हुई।
25 Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfi sikakorabea so. Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkurow, nkuraa ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.
शाही ख़ज़ानों पर 'अज़मावत बिन 'अदिएल मुक़र्रर था, और खेतों और शहरों और गाँव और क़िलों' के ख़ज़ानों पर यूनतन बिन उज़्ज़ियाह था;
26 Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafo a na wɔdɔw ɔhene mfuw so.
और काश्तकारी के लिए खेतों में काम करनेवालों पर 'अज़री बिन कलूब था;
27 Simei a na ofi Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuw so. Sabdi a ofi Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsa ne nsa a wɔayɛ so.
और अंगूरिस्तानों पर सिम'ई रामाती था, और मय के ज़ख़ीरों के लिए अंगूरिस्तानों की पैदावार पर ज़बदी शिफ़मी था;
28 Baal-Hanan a ofi Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngonnua ne ankye nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔw ase no so. Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.
और जै़तून के बाग़ों और गूलर के दरख़्तों पर जो नशेब के मैदानों में थे, बा'ल हनान जदरी था; और यूआस तेल के गोदामों पर;
29 Sitrai a ofi Saron na na ɔhwɛ anantwi a na wɔwɔ Saron sare so no so. Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwi a wɔwɔ abon ahorow mu no so.
और गाय — बैल के गल्लों पर जो शारून में चरते थे, सितरी शारूनी था; और साफ़त बिन 'अदली गाय — बैल के उन गल्लों पर था जो वादियों में थे;
30 Ismaelni Obil na na ɔhwɛ yoma so. Yehdia a ofi Meronot na na ɔhwɛ mfurum so.
और ऊँटों पर इस्माईली ओबिल था, और गधों पर यहदियाह मरूनोती था;
31 Yasis a ofi Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nguan so. Saa mpanyimfo yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapade so.
और भेड़ — बकरी के रेवड़ों पर याज़ीज़ हाजिर था। यह सब दाऊद बादशाह के माल पर मुक़र्रर थे।
32 Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufo nyansafo maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔkyerɛwfo a ɔwɔ nhumu. Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmabarima ade.
दाऊद का चचा योनतन सलाह कार और अक़्लमंद और मुन्शी था, और यहीएल बिन हकमूनी शहज़ादों के साथ रहता था।
33 Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene fotufo. Na Husai a ofi Arki yɛ ɔhene adamfo.
अख़ीतुफ्फ़ल बदशाह का सलाह कार था, और हूसीअरकी बादशाह का दोस्त था।
34 Benaia babarima Yehoiada na odii Ahitofel ade na Abiatar bɛtoaa adedi no so. Yoab na na ɔyɛ Israel asraafodɔm no so sahene.
और अख़ीतुफ्फ़ल से नीचे यहूयदा' बिन बिनायाह और अबीयातर थे, और शाही फ़ौज का सिपहसालार योआब था।

< 1 Beresosɛm 27 >