< 1 Beresosɛm 25 >

1 Dawid ne asahene no yiyii mmarima fii Asaf, Heman ne Yedutun mmusua mu sɛ wɔmfa asankuten, mmɛnta ne kyɛnkyɛn mmɔ Onyankopɔn asɛm no dawuru. Wɔn din ne wɔn nnwuma na edidi so yi:
And David and the captains of the host set apart for service, unto the sons of Asaph and Heman and Jeduthun, such as should prophesy, with lyres, with harps, and with cymbals, —and, the number of the workers, for their service, was:
2 Na Asaf mmabarima no ne: Sakur, Yosef, Netania ne Asarela. Na wɔhyɛ wɔn agya Asaf ase. Ɔno na ɔhene hyɛɛ no ma ɔbɔɔ Onyankopɔn asɛm no dawuru.
Of the sons of Asaph, Zaccur and Joseph and Nethaniah and Asarelah, the sons of Asaph, —under the direction of Asaph, who prophesied under the direction of the king.
3 Na Yedutun wɔ mmabarima a wɔne: Gedalia, Seri, Yesaia, Simei, Hasabia ne Matitia. Wɔyɛ baasia a wɔhyɛ wɔn agya ase. Ɔno na ɔhyɛɛ nkɔm, nam sankuten so de aseda ne nkamfo maa Awurade.
Of Jeduthun, the sons of Jeduthun, —Gedaliah, and Zeri, and Jeshaiah, Hashabiah, and Mattithiah—six, under the direction of their father Jeduthun, with the lyre, as he prophesied, in giving thanks and offering praise unto Yahweh.
4 Na Heman mmabarima din ne: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel, Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti, Romamti-Eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, ne Mahasiot.
Of Heman, the sons of Heman—Bukkiah, Mattaniah, Uzziel, Shebuel, and Jeremoth, Hananiah, Hanani, Eliathah, Giddalti, and Romamti-ezer, Joshbekashah, Mallothi, Hothir, Mahazioth.
5 Eyinom ne Heman a ɔyɛ ɔhene diyifo no mmabarima. Onyankopɔn dom no mmabarima dunan ne mmabea baasa.
All these, were sons of Heman, the seer of the king in the things of God, at the lifting of the horn. And God gave to Heman, fourteen sons and three daughters,
6 Na saa mmarima yi nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase, na wɔnam so too nnwom wɔ Awurade fi. Wɔn nnwuma ne sɛ wɔbɔ kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten wɔ Onyankopɔn fi. Na Asaf, Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene no ase.
All these, were under the direction of their father, in the singing of the house of Yahweh, with cymbals, harps and lyres, for the service of the house of God, —Asaph and Jeduthun and Heman, under the direction of the king.
7 Na wɔatetew wɔn ne wɔn abusuafo nyinaa wɔ nnwom a wɔto wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodow yɛ ahannu aduɔwɔtwe awotwe na wɔn mu biara wɔ nnwonto ho nimdeɛ.
And, the number of them—with their brethren, who were instructed in singing unto Yahweh, —even all the skilful, was two hundred and eighty-eight.
8 Wɔnam ntontobɔ kronkron so yiyii nnwontofo tuatuaa nnwuma ahorow ano a wɔanhwɛ sɛ obi yɛ abofra anaa ɔpanyin, ɔkyerɛkyerɛfo anaa osuani.
So they cast lots for their charges, all alike, as the small so the great, the teacher with the learner.
9 Ntonto a edi kan no bɔɔ Yosef a ofi Asaf abusua mu, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo Ntonto a ɛto so abien no bɔɔ Gedalia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
And the first lot came forth for Asaph, to Joseph, —Gedaliah, the second, he and his brethren and his sons, twelve.
10 Ntonto a ɛto so abiɛsa no bɔɔ Sakur, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
The third, Zaccur, his sons and his brethren, twelve.
11 Ntonto a ɛto so anan no bɔɔ Yisri, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
The fourth, to Izri, his sons and his brethren, twelve.
12 Ntonto a ɛto so anum no bɔɔ Netania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
The fifth, Nethaniah, his sons and his brethren, twelve.
13 Ntonto a ɛto so asia no bɔɔ Bukia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
The sixth, Bukkiah, his sons and his brethren, twelve.
14 Ntonto a ɛto so ason no bɔɔ Yesarela, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
The seventh, Jesharelah, his sons and his brethren, twelve.
15 Ntonto a ɛto so awotwe no bɔɔ Yesaia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
The eighth, Jeshaiah, his sons and his brethren, twelve.
16 Ntonto a ɛto so akron no bɔɔ Matania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
The ninth, Mattaniah, his sons and his brethren, twelve.
17 Ntonto a ɛto so du no bɔɔ Simei, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
The tenth, Shimei, his sons and his brethren, twelve.
18 Ntonto a ɛto so dubaako no bɔɔ Asarel, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
The eleventh, Azarel, his sons and his brethren, twelve.
19 Ntonto a ɛto so dumien no bɔɔ Hasabia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
The twelfth, to Hashabiah, his sons and his brethren, twelve.
20 Ntonto a ɛto so dumiɛnsa no bɔɔ Subael, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
As the thirteenth, Shubael, his sons and his brethren, twelve.
21 Ntonto a ɛto so dunan no bɔɔ Matitia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
As the fourteenth, Mattithiah, his sons and his brethren, twelve.
22 Ntonto a ɛto so dunum no bɔɔ Yeremot, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
As the fifteenth, to Jeremoth, his sons and his brethren, twelve.
23 Ntonto a ɛto so dunsia no bɔɔ Hanania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
As the sixteenth, to Hananiah, his sons and his brethren, twelve.
24 Ntonto a ɛto so dunson no bɔɔ Yosbekasa, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
As the seventeenth, to Joshbekashah, his sons and his brethren, twelve.
25 Ntonto a ɛto so dunwɔtwe no bɔɔ Hanani, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
As the eighteenth, to Hanani, his sons and his brethren, twelve.
26 Ntonto a ɛto so dunkron no bɔɔ Maloti, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
As the nineteenth, to Mallothi, his sons and his brethren, twelve.
27 Ntonto a ɛto so aduonu no bɔɔ Eliata, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
As the twentieth, to Eliathah, his sons and his brethren, twelve.
28 Ntonto a ɛto so aduonu baako no bɔɔ Hotir, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
As the twenty-first, to Hothir, his sons and his brethren, twelve.
29 Ntonto a ɛto so aduonu abien no bɔɔ Gidalti, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
As the twenty-second, to Giddalti, his sons and his brethren, twelve.
30 Ntonto a ɛto so aduonu abiɛsa no bɔɔ Mahasiot, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
As the twenty-third, to Mahazioth, his sons and his brethren, twelve.
31 Ntonto a ɛto so aduonu anan no bɔɔ Romamti-Eser ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
As the twenty-fourth, to Romamti-ezer, his sons and his brethren, twelve.

< 1 Beresosɛm 25 >