< 1 Beresosɛm 23 >

1 Bere a Dawid bɔɔ akwakoraa no, oyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na obedi Israel so hene.
When David was old and full of years, he installed his son Solomon as king over Israel.
2 Dawid frɛfrɛɛ Israel amanyɛ ntuanofo nyinaa ne asɔfo, a Lewifo ka ho sɛ, wɔmmra ahensi afahyɛ no ase.
Then he gathered all the leaders of Israel, as well as the priests and Levites.
3 Wɔkan Lewifo a wɔadi mfirihyia aduasa anaa nea ɛboro saa, na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem aduasa awotwe.
The Levites thirty years of age or older were counted, and the total number of men was 38,000.
4 Na Dawid kae se, “Wɔn mu mpem aduonu anan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem asia bɛsom sɛ mpanyimfo ne atemmufo.
“Of these,” said David, “24,000 are to oversee the work of the house of the LORD, 6,000 are to be officers and judges,
5 Mpem anan bɛyɛ apon ano hwɛfo na mpem anan foforo de nnwontode a mayɛ no bɛkamfo Awurade.”
4,000 are to be gatekeepers, and 4,000 are to praise the LORD with the instruments I have made for giving praise.”
6 Na Dawid kyekyɛɛ Lewifo no mu akuwakuw de mmusuakuw a wɔyɛ Lewi mmabarima Gerson, Kohat ne Merari asefo no din totoo wɔn so.
Then David divided the Levites into divisions according to the sons of Levi: Gershom, Kohath, and Merari.
7 Gerson mmabarima ne: Libni ne Simei.
The Gershonites: Ladan and Shimei.
8 Libni asefo no mu baasa yɛ Yehiel (a ɔyɛ abusuapanyin), Setam ne Yoel.
The sons of Ladan: Jehiel the first, Zetham, and Joel—three in all.
9 Eyinom na na wɔyɛ Libni abusua no mpanyimfo. Na Simei asefo baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran.
The sons of Shimei: Shelomoth, Haziel, and Haran—three in all. These were the heads of the families of Ladan.
10 Simei asefo baanan a wɔaka no ne Yahat, Sisa, Yeus ne Beria.
And the sons of Shimei: Jahath, Zina, Jeush, and Beriah. These were the sons of Shimei—four in all.
11 Na Yahat yɛ ɔbeapanyin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria sɛ abusua baako, efisɛ na wɔn mu biara nni mmabarima dodow.
Jahath was the first and Zizah was the second; but Jeush and Beriah did not have many sons, so they were counted as one family and received a single assignment.
12 Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefo no ho.
The sons of Kohath: Amram, Izhar, Hebron, and Uzziel—four in all.
13 Amram mmabarima yɛ: Aaron ne Mose. Woyii Aaron ne nʼasefo sɛ wonni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔre wɔ Awurade anim, nsom Awurade, na wonhyira wɔ ne din mu daa daa.
The sons of Amram: Aaron and Moses. Aaron and his descendants were set apart forever to consecrate the most holy things, to burn incense before the LORD, to minister before Him, and to pronounce blessings in His name forever.
14 Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no de, wɔde ne mmabarima kaa Lewi abusuakuw ho.
As for Moses the man of God, his sons were named among the tribe of Levi.
15 Mose mmabarima no yɛ Gersom ne Elieser.
The sons of Moses: Gershom and Eliezer.
16 Na Sebuel a ɔyɛ abusuapanyin no ka Gersom asefo no ho.
The descendants of Gershom: Shebuel was the first.
17 Na Elieser wɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Rehabia a na ɔyɛ abusuapanyin. Na Rehabia asefo yɛ bebree.
The descendants of Eliezer: Rehabiah was the first. Eliezer did not have any other sons, but the sons of Rehabiah were very numerous.
18 Na Selomit a ɔyɛ abusuapanyin no ka Ishar asefo no ho.
The sons of Izhar: Shelomith was the first.
19 Na Yeria a ɔyɛ abusuapanyin, Amaria a odi hɔ, Yahasiel a ɔto so abiɛsa ne Yekameam a ɔto so anan no ne Hebron asefo no.
The sons of Hebron: Jeriah was the first, Amariah the second, Jahaziel the third, and Jekameam the fourth.
20 Na Mika a ɔyɛ abusuapanyin ne Yisia a odi hɔ no yɛ Usiel asefo no.
The sons of Uzziel: Micah was the first and Isshiah the second.
21 Na Mahli ne Musi yɛ Merari asefo no. Mahli mmabarima ne Eleasar ne Kis.
The sons of Merari: Mahli and Mushi. The sons of Mahli: Eleazar and Kish.
22 (Eleasar wui a wanwo mmabarima biara, na mmom mmabea nko ara. Ne mmabea no wareware wɔn nuanom a wɔyɛ Kis mmabarima.)
Eleazar died without having any sons; he had only daughters. Their cousins, the sons of Kish, married them.
23 Musi mmabarima baasa no din de Mahli, Eder ne Yeremot.
The sons of Mushi: Mahli, Eder, and Jeremoth —three in all.
24 Eyinom na na wɔn mmusua nti wɔyɛ Lewi asefo, na wɔyɛ wɔn mmusua akuw no ntuanofo a na wɔahwɛ akyerɛw wɔn din. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara di mfirihyia aduonu anaa nea ɛboro saa, ansa na waso Awurade fi som.
These were the descendants of Levi by their families—the heads of families, registered individually by name—those twenty years of age or older who worked in the service of the house of the LORD.
25 Na Dawid kae se, “Awurade, Israel Nyankopɔn ama yɛn asomdwoe, na daa ɔbɛtena Yerusalem.
For David had said, “The LORD, the God of Israel, has given rest to His people and has come to dwell in Jerusalem forever.
26 Afei, ɛho nhia sɛ Lewifo no bɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne ne nkuku ne ne nkaka de adi atutena.”
So now the Levites no longer need to carry the tabernacle or any of the articles for its service.”
27 Sɛnea Dawid no ara akwankyerɛ a etwa to no se no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw Lewifo a wɔadi mfirihyia aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa din ma ɔsom.
For according to the final instructions of David, the Levites twenty years of age or older were counted,
28 Na Lewifo no adwuma ne sɛ, wɔbɛboa asɔfo no a wɔyɛ Aaron asefo no wɔ ɔsom nnwuma a wɔyɛ wɔ Awurade fi no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adiwo ne adan a ɛwɔ nkyɛn nkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahorow so wɔ Onyankopɔn fi.
but their duty was to assist the descendants of Aaron with the service of the house of the LORD, being responsible for the courts and chambers, the purification of all the holy things, and the work of the service of the house of God,
29 Na wɔhwɛ brodo kronkron a wɔkora no didipon so no, asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde bɔ aduan afɔre, tetare a mmɔkaw nni mu, ɔfam a wɔde ngo dua srade akyew ne brodo afoforo a wɔde afrafra no so. Afei, na wɔn asɛde bi nso ne sɛ, wɔhwɛ nsania ne susudua nso so.
as well as for the rows of the showbread, the fine flour for the grain offering, the wafers of unleavened bread, the baking, the mixing, and all measurements of quantity and size.
30 Na anɔpa ne anwummere biara nso, wogyina Awurade anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no.
They were also to stand every morning to give thanks and praise to the LORD, and likewise in the evening.
31 Wɔboa ɔhyew afɔre a wɔbɔ ma Awurade homeda ahorow mu wɔ Ɔsram Foforo Afahyɛ mu ne nnapɔnna nyinaa ho dwumadi mu. Bere biara, na Lewifo dodow a wɔfata wɔ hɔ a wɔsom wɔ Awurade anim.
Whenever burnt offerings were presented to the LORD on the Sabbaths, New Moons, and appointed feasts, they were to serve regularly before the LORD in the numbers prescribed for them.
32 Ɛno nti, Lewifo no a na wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu kɔɔ so som wɔ Asɔredan no mu. Na wɔde nokwaredi yɛɛ wɔn som no nnwuma wɔ Awurade fi.
So the Levites were to carry out the responsibilities for the Tent of Meeting and the Holy Place, and, under their brothers the descendants of Aaron, the service of the house of the LORD.

< 1 Beresosɛm 23 >