< 1 Beresosɛm 21 >
1 Ɔbonsam sɔre tiaa Israel, maa Dawid kan Israelfo.
And Satan rose up against Israel: and moved David to number Israel.
2 Dawid hyɛɛ Yoab ne nʼasahene sɛ, “Monkan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa efi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam kosi Dan a ɛwɔ atifi fam, na momfa wɔn dodow mmrɛ me, na ɛmma minhu wɔn ano.”
And David said to Joab, and to the rulers of the people: Go, and number Israel from Bersabee even to Dan, and bring me the number of them that I may know it.
3 Na Yoab kae se, “Awurade mmɔ ne nkurɔfo no dodow ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfo ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ ma Israel yɛ bɔne?”
And Joab answered: The Lord make his people a hundred times more than they are: but, my lord the king, are they not all thy servants: why doth my lord seek this thing, which may be imputed as a sin to Israel?
4 Nanso ɔhene no kae se, nea ɛte biara ɛsɛ sɛ Yoab kan nnipa no. Enti Yoab kyinkyinii Israel nyinaa kan nnipa no. Na ɔsan baa Yerusalem
But the king’s word rather prevailed: and Joab departed, and went through all Israel: and returned to Jerusalem.
5 bɛkaa nnipa no dodow kyerɛɛ Dawid. Na wɔn dodow yɛ mmarima ɔpepem baako ne mpem ɔha a wɔaso ɔsakɔ wɔ Israel ne mpem ahannan aduɔson wɔ Yuda.
And he gave David the number of them, whom he had surveyed: and all the number of Israel was found to be eleven hundred thousand men that drew the sword: and of Juda four hundred and seventy thousand fighting men.
6 Nanso Yoab amfa Lewi ne Benyamin mmusuakuw anka nnipakan no ho, efisɛ na nea ɔhene ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no yɛ no ahometew.
But Levi and Benjamin he did not number: for Joab unwillingly executed the king’s orders.
7 Onyankopɔn ampɛ nnipakan no koraa, enti ɔtwee Israel aso wɔ ho.
And God was displeased with this thing that was commanded: and he struck Israel.
8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Mayɛ bɔne kɛse. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseade a mayɛ no kyɛ me.”
And David said to God: I have sinned exceedingly in doing this: I beseech thee take away the iniquity of thy servant, for I have done foolishly.
9 Na Awurade kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehufo no se,
And the Lord spoke to Gad the seer of David, saying:
10 “Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Merema wo nsɛm ahorow abiɛsa. Paw emu baako na menyɛ ntia wo.’”
Go, and speak to David, and tell him: Thus saith the Lord: I give thee the choice of three things: choose one which thou wilt, and I will do it to thee.
11 Enti Gad baa Dawid nkyɛn bɛkae se, “Sɛnea Awurade se ni: ‘Paw emu nea wopɛ:
And when Gad was come to David, he said to him: Thus saith the Lord: choose which thou wilt:
12 mfe abiɛsa a ɔkɔm kɛse bɛba anaa asram abiɛsa a wʼatamfo bekunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yiye a, Awurade bɔfo nam so de ɔsɛe bɛba Israel asase so.’ Afei dwene eyi ho, na ma minhu mmuae ko a memfa nkɔma Awurade.”
Either three years’ famine: or three months to flee from thy enemies, and not to be able to escape their sword: or three days to have the sword of the Lord, and pestilence in the land, and the angel of the Lord destroying in all the coasts of Israel: now therefore see what I shall answer him who sent me.
13 Dawid buaa Gad se, “Mewɔ ahohiahia mu. Ma mentɔ Awurade nsam, efisɛ nʼahummɔbɔ no so. Mma me nkɔtɔ nnipa nsam.”
And David said to Gad: I am on every side in a great strait: but it is better for me to fall into the hands of the Lord, for his mercies are many, than into the hands of men.
14 Na Awurade maa ɔyaredɔm baa Israel so, maa nnipa mpem aduɔson wuwui.
So the Lord sent a pestilence upon Israel. And there fell of Israel seventy thousand men.
15 Afei, Onyankopɔn somaa ɔsoro ɔbɔfo sɛ ɔnkɔsɛe Yerusalem. Na bɔfo no reyɛ no, Awurade nyaa ahummɔbɔ ka kyerɛɛ owu ɔbɔfo no se, “Gyae! Ɛno ara dɔɔso!” Saa bere no na ɔbɔfo no gyina Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.
And he sent an angel to Jerusalem, to strike it: and as he was striking it, the Lord beheld, and took pity for the greatness of the evil: and said to the angel that destroyed: It is enough, now stop thy hand. And the angel of the Lord stood by the thrashing floor of Ornan the Jebusite.
16 Dawid pagyaw nʼani huu sɛ Awurade bɔfo no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼafoa de akyerɛ Yerusalem so. Enti Dawid ne Israel mpanyimfo furaa atweaatam de kyerɛɛ wɔn ahoyeraw, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ.
And David lifting up his eyes, saw the angel of the Lord standing between heaven and earth, with a drawn sword in his hand, turned against Jerusalem: and both he and the ancients clothed in haircloth, fell down flat on the ground.
17 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Me na mede nnipakan no ho asɛm bae! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfo yi de, ɛso bi nna wɔn so. Dɛn na wɔayɛ? Awurade me Nyankopɔn, ma wʼabufuw mmra me ne me fifo so, na nsɛe wo nkurɔfo.”
And David said to God: Am not I he that commanded the people to be numbered? It is I that have sinned: it is I that have done the evil: but as for this flock, what hath it deserved? O Lord my God, let thy hand be turned, I beseech thee, upon me, and upon my father’s house: and let not thy people be destroyed.
18 Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Gad se ɔnka nkyerɛ Dawid mma onsi afɔremuka mma Awurade wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.
And the angel of the Lord commanded Gad to tell David, to go up, and build an altar to the Lord God in the thrashingfloor of Ornan the Jebusite.
19 Na Dawid yɛɛ nea Awurade nam Gad so ka kyerɛɛ no no.
And David went up, according to the word of Gad, which he spoke to him in the name of the Lord.
20 Arauna a saa bere no na nʼani abere reporow nʼatoko so no dan ne ho huu ɔbɔfo no wɔ hɔ. Ne mmabarima baanan a na wɔka ne ho wɔ hɔ no guan kohintawee.
Now when Ornan looked up, and saw the angel, he and his four sons hid themselves: for at that time he was thrashing wheat in the floor.
21 Bere a Arauna huu sɛ ɔhene Dawid reba awiporowbea hɔ no, ofi hɔ kɔkotow nʼanim.
And as David was coming to Ornan, Ornan saw him, and went out of the thrashingfloor to meet him, and bowed down to him with his face to the ground.
22 Na Dawid ka kyerɛɛ Arauna se, “Tɔn awiporowbea yi ma me sɛnea ne bo te. Na mesi afɔremuka ama Awurade wɔ hɔ sɛnea obesiw ɔyaredɔm no ano.”
And David said to him: Give me this place of thy thrashingfloor, that I may build therein an altar to the Lord: but thou shalt take of me as much money as it is worth, that the plague may cease from the people.
23 Arauna ka kyerɛɛ Dawid se, “Fa, me wura, na fa yɛ nea wopɛ. Anantwi a wode bɛbɔ afɔre ni. Wubetumi de awiporowbea nnua yi ayɛ nnyina de asɔ gya wɔ afɔremuka no so. Fa atoko no nso bɔ atoko afɔre. Mede ne nyinaa bɛma wo.”
And Ornan said to David: Take it, and let my lord the king do all that pleaseth him: and moreover the oxen also I give for a holocaust, and the drays for wood, and the wheat for the sacrifice: I will give it all willingly.
24 Na ɔhene no buaa Arauna se, “Dabi! Mepɛ sɛ mitua nea ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapade mfa mma Awurade. Meremmɔ ɔhyew afɔre a memmɔɔ ho ka.”
And king David said to him: It shall not be so, but I will give thee money as much as it is worth: for I must not take it from thee, and so offer to the Lord holocausts free cost.
25 Enti Dawid tuaa sikakɔkɔɔ kilogram ason maa Arauna, de tɔɔ awiporowbea no.
So David gave to Ornan for the place, six hundred sicles of gold of just weight.
26 Dawid sii afɔremuka wɔ hɔ maa Awurade, bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so. Na Dawid bɔɔ mpae no, Awurade tiee no, nam so de ogya fi soro bɛhyew afɔrebɔde a ɛwɔ afɔremuka no so no.
And he built there an altar to the Lord: and he offered holocausts, and peace offerings, and he called upon the Lord, and he heard him by sending Are from heaven upon the altar of the holocaust.
27 Afei, Awurade kasa kyerɛɛ ɔbɔfo no ma ɔsan de nʼafoa no hyɛɛ ne boha mu.
And the Lord commanded the angel: and he put up his sword again into the sheath.
28 Bere a Dawid huu sɛ Awurade atie ne mpaebɔ no, ɔbɔɔ afɔre pii wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.
And David seeing that the Lord had heard him in the thrashingfloor of Oman the Jebusite, forthwith offered victims there.
29 Saa bere no na Awurade Ahyiae Ntamadan ne afɔremuka a Mose sii wɔ sare so hɔ no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea hɔ.
But the tabernacle of the Lord, which Moses made in the desert, and the altar of holocausts, was at that time in the high place of Gabaon.
30 Nanso Dawid antumi ankɔ hɔ ankobisa Onyankopɔn ase, efisɛ afoa a Awurade bɔfo no twee no bɔɔ no hu.
And David could not go to the altar there to pray to God: for he was seized with an exceeding great fear, seeing the sword of the angel of the Lord.