< 1 Beresosɛm 20 >

1 Asusow bere, afe mu bere a ahemfo kɔ ɔko no, Yoab dii Israel asraafo anim, kɔtow hyɛɛ Amonfo nkurow ne nkuraa so, dii wɔn so nkonim. Akodi no mu no, wotuaa Raba kuropɔn no, sɛee no. Saa bere no na Dawid te akyi wɔ Yerusalem.
A la vuelta del año, en la época en que salen los reyes, Joab sacó el ejército y asoló el país de los hijos de Amón, y llegó a sitiar Rabá. Pero David se quedó en Jerusalén. Joab atacó a Rabá y la derrocó.
2 Bere a Dawid duu Raba no, otuu ɔhene no ahenkyɛw, na wɔde hyɛɛ Dawid. Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ahenkyɛw no na wɔde aboɔdemmo abobɔ mu. Na emu duru bɛyɛ kilogram aduasa anan. Dawid faa asade bebree fii kurow no mu.
David se quitó la corona de su rey de la cabeza, y encontró que pesaba un talento de oro, y que había piedras preciosas en ella. La puso en la cabeza de David, y sacó mucho botín de la ciudad.
3 Ɔde Rabafo no yɛɛ nkoa, hyɛɛ wɔn ma wɔde ɔwan, famtunnade ne mmonnua yɛɛ adwuma. Saa ara nso na ɔyɛɛ nnipa a wɔwɔ Amon nkuropɔn nyinaa so. Na Dawid ne nʼakofo san kɔɔ Yerusalem.
Sacó a la gente que estaba en ella y la hizo cortar con sierras, con picos de hierro y con hachas. Así hizo David con todas las ciudades de los hijos de Amón. Luego David y todo el pueblo regresaron a Jerusalén.
4 Eyi akyi, ɔko sii wɔne Filistifo ntam wɔ Geser. Ɔko no mu no, Sibekai a ofi Husa kum Sipai a ɔyɛ abran no aseni ma wɔkaa Filistifo no hyɛe.
Después de esto, surgió la guerra en Gezer con los filisteos. Entonces Sibecai el husatita mató a Sippai, de los hijos del gigante, y fueron sometidos.
5 Ɔko foforo bi a wɔne Filistifo koe no mu no, Yair babarima Elhanan kum Gatni Goliat nuabarima Lahmi. Na Lahmi peaw nsa mu pipiripi te sɛ ntamanwemfo abaa.
Nuevamente hubo guerra con los filisteos, y Elhanán, hijo de Jair, mató a Lahmi, hermano de Goliat, el giteo, cuyo asta de lanza era como una viga de tejedor.
6 Ɔko foforo bi nso a wɔne Filistifo koe wɔ Gat no, ɔbran bi a ɔyɛ abran asefo no bi a ɔyɛ nsansia yɛ nansia wɔ ne nsa ne ne nan biara so no
Volvió a haber guerra en Gat, donde había un hombre de gran estatura que tenía veinticuatro dedos en las manos y en los pies, seis en cada mano y seis en cada pie.
7 buu Israel animtiaa, twitwaa mpoa. Na Dawid nuabarima Simea babarima Yonatan kum no.
Cuando desafió a Israel, lo mató Jonatán, hijo de Simea, hermano de David.
8 Na saa Filistifo yi yɛ Gat abran no asefo nanso Dawid ne nʼakofo kunkum wɔn.
Estos le nacieron al gigante en Gat; y cayeron por mano de David y por mano de sus siervos.

< 1 Beresosɛm 20 >