< 1 Beresosɛm 2 >
1 Israel mmabarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,
filii autem Israhel Ruben Symeon Levi Iuda Isachar et Zabulon
2 Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.
Dan Ioseph Beniamin Nepthali Gad Aser
3 Yuda ne Kanaannibea Bat-Sua woo mmabarima baasa. Na wɔn din de Er, Onan ne Sela. Nanso na abakan Er no yɛ omumɔyɛfo nti, Awurade kum no.
filii Iuda Her Aunan Sela tres nati sunt ei de filia Sue Chananitidis fuit autem Her primogenitus Iuda malus coram Domino et occidit eum
4 Akyiri no, Yuda ne nʼase kunafo Tamar woo nta. Na wɔn din de Peres ne Serah. Enti Yuda woo mmabarima baanum.
Thamar autem nurus eius peperit ei Phares et Zara omnes ergo filii Iuda quinque
5 Na Peres mmabarima din de Hesron ne Hamul.
filii autem Phares Esrom et Hamul
6 Serah mmabarima din de Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ baanum.
filii quoque Zarae Zamri et Ethan et Eman Chalchal quoque et Darda simul quinque
7 Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefo no mu baako nam fa a ɔfaa asade a wogyaw maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfo so.
filii Carmi Achar qui turbavit Israhel et peccavit in furto anathematis
8 Na Etan babarima ne Asaria.
filii Ethan Azarias
9 Hesron mmabarima din de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.
filii autem Esrom qui nati sunt ei Ieremahel et Ram et Chalubi
10 Ram yɛ Aminadab agya. Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.
porro Ram genuit Aminadab Aminadab autem genuit Naasson principem filiorum Iuda
11 Nahson yɛ Salma agya. Na Salma nso yɛ Boas agya.
Naasson quoque genuit Salma de quo ortus est Boez
12 Boas yɛ Obed agya. Obed yɛ Yisai agya.
Boez vero genuit Obed qui et ipse genuit Isai
13 Yisai abakan yɛ Eliab nea ɔto so abien yɛ Abinadab na nea ɔto so abiɛsa yɛ Simea.
Isai autem genuit primogenitum Heliab secundum Abinadab tertium Samaa
14 Na nea ɔto so anan yɛ Netanel na Radai to so anum.
quartum Nathanahel quintum Raddai
15 Ne babarima a ɔto so asia no din de Osem na Dawid na na ɔto so ason.
sextum Asom septimum David
16 Na wɔn nuabeanom din de Seruia ne Abigail. Na Seruia woo mmabarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.
quorum sorores fuerunt Sarvia et Abigail filii Sarviae Abisai Ioab et Asahel tres
17 Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no din Amasa.
Abigail autem genuit Amasa cuius pater fuit Iether Ismahelites
18 Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmabarima din de Yeser, Sobab ne Ardon.
Chaleb vero filius Esrom accepit uxorem nomine Azuba de qua genuit Ierioth fueruntque filii eius Iesar et Sobab et Ardon
19 Asuba wu akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no din Hur.
cumque mortua fuisset Azuba accepit uxorem Chaleb Ephrath quae peperit ei Ur
20 Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.
porro Ur genuit Uri et Uri genuit Beselehel
21 Bere a Hesron dii mfe aduosia no, ɔwaree Gilead nuabea a na ɔyɛ Makir babea. Wɔwoo ɔbabarima too no din Segub.
post haec ingressus est Esrom ad filiam Machir patris Galaad et accepit eam cum esset annorum sexaginta quae peperit ei Segub
22 Segub woo Yair a odii nkurow aduonu abiɛsa so wɔ Gilead asase so no.
sed et Segub genuit Iair et possedit viginti tres civitates in terra Galaad
23 (Akyiri no, Gesur ne Aram gyee Yair nkurow, san gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.) Na eyinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefo.
cepitque Gessur et Aram oppida Iair et Canath et viculos eius sexaginta civitatum omnes isti filii Machir patris Galaad
24 Hesron wuu wɔ kurow Kaleb-Efrata mu akyi no, ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no din Asur (Tekoa agya).
cum autem mortuus esset Esrom ingressus est Chaleb ad Ephrata habuit quoque Esrom uxorem Abia quae peperit ei Assur patrem Thecue
25 Hesron abakan Yerahmeel mmabarima a ɔwoo wɔn no din yɛ Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya.
nati sunt autem filii Hieramehel primogeniti Esrom Ram primogenitus eius et Buna et Aran et Asom et Ahia
26 Na Yerahmeel wɔ ɔyere a ɔto so abien a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.
duxit quoque uxorem alteram Hieramehel nomine Atara quae fuit mater Onam
27 Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmabarima yɛ Maas, Yamin ne Eker.
sed et filii Ram primogeniti Hieramehel fuerunt Moos et Iamin et Achar
28 Onam mmabarima yɛ Samai ne Yada. Na Samai mmabarima yɛ Nadab ne Abisur.
Onam autem habuit filios Semmei et Iada filii autem Semmei Nadab et Abisur
29 Na Abisur ne ne yere Abihail mmabarima yɛ Ahban ne Molid.
nomen vero uxoris Abisur Abiail quae peperit Ahobban et Molid
30 Na Nadab mmabarima yɛ Seled ne Apaim. Seled wui a wanwo mma;
filii autem Nadab fuerunt Saled et Apphaim mortuus est autem Saled absque liberis
31 na Apaim de, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi. Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.
filius vero Apphaim Iesi qui Iesi genuit Sesan porro Sesan genuit Oholi
32 Na Samai nuabarima Yada woo Yeter ne Yonatan. Na Yeter wui a wanwo ba biara,
filii autem Iada fratris Semmei Iether et Ionathan sed et Iether mortuus est absque liberis
33 nanso Yonatan woo mmabarima baanu a na wɔfrɛ wɔn Pelet ne Sasa. Na eyinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefo.
porro Ionathan genuit Phaleth et Ziza isti fuerunt filii Hieramehel
34 Na Sesan annya mmabarima, onyaa mmabea. Na ɔwɔ Misraimni somfo bi a ne din de Yarha.
Sesan autem non habuit filios sed filias et servum aegyptium nomine Ieraa
35 Sesan de ne mmabea no mu baako maa Yarha aware na wɔwoo ɔbabarima too no din Atai.
deditque ei filiam suam uxorem quae peperit ei Eththei
36 Atai woo Natan na Natan woo Sabad.
Eththei autem genuit Nathan et Nathan genuit Zabad
37 Sabad woo Efial. Efial woo Obed.
Zabad quoque genuit Ophlal et Ophlal genuit Obed
38 Obed woo Yehu na Yehu woo Asaria.
Obed genuit Ieu Ieu genuit Azariam
39 Asaria woo Heles. Heles woo Eleasa.
Azarias genuit Helles Helles genuit Elasa
40 Eleasa woo Sisemai na Sisemai woo Salum.
Elasa genuit Sisamoi Sisamoi genuit Sellum
41 Salum woo Yekamia, na Yekamia woo Elisama.
Sellum genuit Icamian Icamian genuit Elisama
42 Yerahmeel nua Kaleb babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya. Na Kaleb babarima a ɔto so abien din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.
filii autem Chaleb fratris Hieramehel Mosa primogenitus eius ipse est pater Ziph et filii Maresa patris Hebron
43 Na Hebron mmabarima yɛ Kora, Tapua, Rekem ne Sema.
porro filii Hebron Core et Thapphu et Recem et Samma
44 Na Sema woo Raham. Raham woo Yorkeam. Na Rekem woo Samai.
Samma autem genuit Raam patrem Iercaam et Recem genuit Semmei
45 Na Samai woo Maon. Maon woo Bet-Sur.
filius Semmei Maon et Maon pater Bethsur
46 Na Kaleb mpena Efa woo Haran, Mosa ne Gases. Na Haran woo Gases.
Epha autem concubina Chaleb peperit Arran et Musa et Gezez porro Arran genuit Gezez
47 Na Yahdai mmabarima yɛ Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.
filii Iadai Regom et Iotham et Gesum et Phaleth et Epha et Saaph
48 Kaleb mpena foforo bi a wɔfrɛ no Maaka woo Seber ne Tirhana.
concubina Chaleb Maacha peperit Saber et Tharana
49 Ɔsan woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya ne Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya. Na Kaleb woo ɔbabea a ne din de Aksa.
genuit autem Saaph pater Madmena Sue patrem Machbena et patrem Gabaa filia vero Chaleb fuit Achsa
50 Eyinom nyinaa yɛ Kaleb asefo. Kaleb yere Efrata abakan Hur mmabarima yɛ Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya
hii erant filii Chaleb filii Ur primogeniti Ephrata Sobal pater Cariathiarim
51 Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.
Salma pater Bethleem Ariph pater Bethgader
52 Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmabarima yɛ Haroe a ne fa yɛ Manahatini
fuerunt autem filii Sobal patris Cariathiarim qui videbat dimidium requietionum
53 na ne fa a aka no fi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefo a wɔka ho ne Yitrifo, Putifo, Sumatifo ne Misraimfo, wɔn mu na Sorafo ne Estaolfo fi.
et de cognatione Cariathiarim Iethrei et Apphutei et Semathei et Maserei ex his egressi sunt Saraitae et Esthaolitae
54 Salma asefo yɛ Betlehem, Netofafo, Atrot-Bet-Yoabfo, Manahatafo fa bi, Sorifo,
filii Salma Bethleem et Netophathi coronae domus Ioab et dimidium requietionis Sarai
55 ne akyerɛwfo mmusua a wɔte Yabes no, Tirafo, Simeafo ne Sukatfo. Eyinom nyinaa yɛ Kenifo, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefo.
cognationes quoque scribarum habitantium in Iabis canentes atque resonantes et in tabernaculis commorantes hii sunt Cinei qui venerunt de calore patris domus Rechab