< 1 Beresosɛm 19 >

1 Eyinom akyi no, Amonhene Nahas wui, na ne babarima Hanun bedii ade.
Accidit autem ut moreretur Naas rex filiorum Ammon, et regnaret filius eius pro eo.
2 Dawid susuw ho se, “Mɛda ayamye adi akyerɛ Nahas ba Hanun, efisɛ nʼagya daa ayamye adi kyerɛɛ me.” Ɛno nti, Dawid tuu abɔfo ma wɔkɔɔ Hanun nkyɛn, kɔmaa no hyɛden wɔ nʼagya wu no ho. Bere a abɔfo no duu Amon asase so no,
Dixitque David: Faciam misericordiam cum Hanon filio Naas: praestitit enim mihi pater eius gratiam. Misitque David nuncios ad consolandum eum super morte patris sui. Qui cum pervenissent in terram filiorum Ammon, ut consolarentur Hanon,
3 Hanun asahene bisaa no se, “Enti wugye di ampa ara sɛ, saa mmarima yi baa sɛ wɔrebɛhyɛ wʼagya anuonyam? Dabi! Dawid asoma wɔn sɛ wɔmmɛsra asase yi, na wɔnam so ako agye.”
dixerunt principes filiorum Ammon ad Hanon: Tu forsitan putas, quod David honoris causa in patrem tuum miserit qui consolentur te: nec animadvertis quod ut explorent, et investigent, et scrutentur terram tuam, venerint ad te servi eius.
4 Enti Hanun kyeree Dawid abɔfo no, yii wɔn abogyesɛ, twitwaa wɔn ntade ano wɔ wɔn to ase, ma wɔsan kɔe.
Igitur Hanon pueros David decalvavit, et rasit, et praecidit tunicas eorum a natibus usque ad pedes, et dimisit eos.
5 Bere a Dawid tee asɛm no, otuu abɔfo kɔɔ asomafo no nkyɛn kɔkae se, “Montena Yeriko mma mo abogyesɛ no mfuw ansa na moaba.” Efisɛ na wɔn ho ayɛ fɛre yiye.
Qui cum abiissent, et hoc amandassent David, misit in occursum eorum (grandem enim contumeliam sustinuerant) et praecepit ut manerent in Iericho, donec cresceret barba eorum, et tunc reverterentur.
6 Afei, Amonfo huu abufuwtraso a wɔahyɛ Dawid no, Hanun ne Amonfo soma ma wɔde dwetɛ nkaribo ani tɔn aduasa awotwe kogyee nteaseɛnam ne asraafodɔm fii Aram-naharaim, Aram-maaka ne Soba.
Videntes autem filii Ammon, quod iniuriam fecissent David, tam Hanon, quam reliquus populus, miserunt mille talenta argenti, ut conducerent sibi de Mesopotamia, et de Syria Maacha, et de Soba currus et equites.
7 Wɔsan pɛɛ nteaseɛnam mpem aduasa abien, na wonyaa akyigyina fii Maakahene ne nʼakofo nkyɛn. Saa asraafodɔm yi kyeree nsraban wɔ Medeba, ɛhɔ na Amon asraafodɔm a Hanun nya fii nʼankasa nkurow so no kɔkaa wɔn ho.
Conduxeruntque triginta duo millia curruum, et regem Maacha cum populo eius. Qui cum venissent, castrametati sunt e regione Medaba. Filii quoque Ammon congregati de urbibus suis, venerunt ad bellum.
8 Bere a Dawid tee saa no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofo sɛ wɔne wɔn nkɔko.
Quod cum audisset David, misit Ioab, et omnem exercitum virorum fortium:
9 Amonfo asraafo no begyinagyinaa kuropɔn no pon ano, na ahemfo a wɔaka no nso gyinagyinaa sare no so.
egressique filii Ammon, direxerunt aciem iuxta portam civitatis: reges autem, qui ad auxilium eius venerant, separatim in agro steterunt.
10 Bere a Yoab huu sɛ ɛsɛ sɛ ɔko ha ne ha no, ɔpaw nʼakofodɔm no mu akofo a wonim ako yiye no. Ɔde wɔn hyɛɛ nʼankasa ase, dii wɔn anim kɔko tiaa Aramfo no a wogyinagyina sare so no.
Igitur Ioab intelligens bellum ex adverso, et post tergum contra se fieri, elegit viros fortissimos de universo Israel, et perrexit contra Syrum.
11 Ogyaw asraafodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai sɛ ɔnkɔtow nhyɛ Amonfo no so.
Reliquam autem partem populi dedit sub manu Abisai fratris sui; et perrexerunt contra filios Ammon.
12 Na Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no se, “Sɛ Aramfo no yɛ den ma me dodo a, bra na bɛboa me.” Yoab toaa so se, “Sɛ Amonfo no yɛ den dodo ma wo a, mɛba abɛboa wo.
Dixitque: Si vicerit me Syrus, auxilio eris mihi: si autem superaverint te filii Ammon, ero tibi in praesidium.
13 Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoduru nko nnye yɛn nkurɔfo ne yɛn Onyankopɔn nkurow. Awurade bɛyɛ nea eye wɔ nʼani so.”
Confortare, et agamus viriliter pro populo nostro, et pro urbibus Dei nostri: Dominus autem quod in conspectu suo bonum est, faciet.
14 Bere a Yoab ne nʼakofo no tow hyɛɛ Aramfo no so no, wofii ase guanee.
Perrexit ergo Ioab, et populus qui cum eo erat, contra Syrum ad praelium: et fugavit eos.
15 Na Amonfo huu sɛ Aramfo no reguan no, woguan fi Abisai anim kɔɔ kuropɔn no mu. Afei, Yoab san kɔɔ Yerusalem.
Porro filii Ammon videntes quod fugisset Syrus, ipsi quoque fugerunt Abisai fratrem eius, et ingressi sunt civitatem: reversusque est etiam Ioab in Ierusalem.
16 Aramfo no huu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfo no nti, wɔfrɛɛ Aram asraafodɔm foforo fii Asubɔnten Eufrate ho sɛ wɔmmɛboa. Saa asraafodɔm a wɔhyɛ Sofak a ɔyɛ Hadadeser asraafodɔm nyinaa so sahene ase no bae.
Videns autem Syrus quod cecidisset coram Israel, misit nuncios, et adduxit Syrum, qui erat trans fluvium: Sophach autem princeps militiae Adarezer, erat dux eorum.
17 Bere a Dawid tee asɛm a asi no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, de nʼakofo no gyinagyinaa wɔn mpasua so. Afei, ɔne atamfo no de ɔko hyehyɛɛ so, ma wɔko tiaa no.
Quod cum annunciatum esset David, congregavit universum Israel, et transivit Iordanem, irruitque in eos, et direxit ex adverso aciem, illis contra pugnantibus.
18 Ɛha nso, Aramfo no guan fii Israelfo no anim, na Dawid asraafo no kunkum nteaseɛnamkafo mpem ason ne anammɔnmufo asraafo mpem aduanan a Sofak a ɔyɛ wɔn so sahene no ka ho.
Fugit autem Syrus Israel: et interfecit David de Syris septem millia curruum, et quadraginta millia peditum, et Sophach exercitus principem.
19 Hadadeser asomfo huu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, maa Dawid faa wɔn sɛ ne nkoa. Ɛno akyi no, Aramfo ampɛ sɛ wɔbɛboa Amonfo bio.
Videntes autem servi Adarezer se ab Israel esse superatos, transfugerunt ad David, et servierunt ei: noluitque ultra Syria auxilium praebere filiis Ammon.

< 1 Beresosɛm 19 >