< 1 Beresosɛm 18 >

1 Eyi akyi no, Dawid ko dii Gat ne nkurow a atwa ho ahyia no so nkonim, de kaa Filistifo no hyɛe, brɛɛ wɔn ase.
इसके बाद यूँ हुआ कि दाऊद ने फ़िलिस्तियों को मारा और उनको मग़लूब किया, और जात को उसके क़स्बों समेत फ़िलिस्तियों के हाथ से ले लिया।
2 Bio, Dawid dii Moab asase no so nkonim, maa Moabfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wotua sonkahiri ma no.
उसने मोआब को मारा, और मोआबी दाऊद के फ़रमाँबरदार हो गए और हदिए लाए।
3 Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ofi Soba asraafo ase de kosii Hamat, bere a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no.
दाऊद ने ज़ोबाह के बादशाह हदर'एलियाज़र को भी, जब वह अपनी हुकूमत दरिया — ए — फ़रात तक क़ाईम करने गया, हमात में मार लिया।
4 Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafo mpem ason ne asraafo anantefo mpem aduonu. Afei, obubuu apɔnkɔ a wɔtwe nteaseɛnam no nyinaa anan, ma ɛkaa ɔha pɛ.
और दाऊद ने उससे एक हज़ार रथ और सात हज़ार सवार और बीस हज़ार प्यादे ले लिए, और उसने रथों के सब घोड़ों की नालें कटवा दीं, लेकिन उनमें से एक सौ रथों के लिए घोड़े बचा लिए।
5 Bere a Aramfo fi Damasko bae sɛ wɔrebɛboa Hadadeser no, Dawid kunkum wɔn mu mpem aduonu abien.
जब दमिश्क़ के अरामी ज़ोबाह के बादशाह हदर'एलियाज़र की मदद करने को आए, तो दाऊद ने अरामियों में से बाइस हज़ार आदमी क़त्ल किए।
6 Afei, ɔde asraafo guu Damasko, Aram ahenkurow mu, maa Aramfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no sonkahiri. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.
तब दाऊद ने दमिश्क़ के अराम में सिपाहियों की चौकियाँ बिठाई, और अरामी दाऊद के फ़रमाँबरदार हो गए और हदिए लाए। और जहाँ कहीं दाऊद जाता ख़ुदावन्द उसे फ़तह बख़्शता था।
7 Dawid de Hadadeser asraafo mpanyimfo sikakɔkɔɔ nkatabo no baa Yerusalem.
और दाऊद हदर'एलियाज़र के नौकरों की सोने की ढालें लेकर उनको येरूशलेम में लाया;
8 Ɔde kɔbere mfrafrae bebree a efi Hadadeser nkuropɔn Tibhat ne Kun kaa ho bae. Akyiri no, Salomo nan kɔbere mfrafrae no de yɛɛ asɔredan no ho adwuma. Ɔde yɛɛ kɔbere mfrafrae Po na ɔde bi yɛɛ afadum ne kɔbere nkuku ne nkaka a wɔde di dwuma wɔ asɔredan no mu.
और हदर'एलियाज़र के शहरों, तिबखत और कून से दाऊद बहुत सा पीतल लाया, जिससे सुलेमान ने पीतल का बड़ा हौज़ और खम्भा और पीतल के बर्तन बनाए।
9 Bere a Hamathene Tou tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser asraafo no ase pasaa no,
जब हमात के बादशाह तू'ऊ ने सुना के दाऊद ने ज़ोबाह के बादशाह हदर'एलियाज़र का सारा लश्कर मार लिया,
10 ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no mo wɔ ne nkonimdi no ho. Na Hadadeser ne Tou atan wɔn ho akyɛ, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafrae bebree.
तो उसने अपने बेटे हदूराम को दाऊद बादशाह के पास भेजा ताकि उसे सलाम करे और मुबारक बाद दे, इसलिए के उसने जंग करके हदर'एलियाज़र को मारा क्यूँकि हदर'एलियाज़र तू'ऊ से लड़ा करता था, और हर तरह के सोने और चाँदी और पीतल के बर्तन उसके साथ थे।
11 Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛde yi nyinaa so maa Awurade, a dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔfa fii aman foforo a ɔkaa wɔn hyɛe no so no nyinaa ka ho. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filisti ne Amalek.
इनकी भी दाऊद बादशाह ने उस चाँदी और सोने के साथ, जो उसने और सब क़ौमों या'नी अदोम और मोआब और बनी 'अम्मून और फ़िलिस्तियों और 'अमालीक से लिया था, ख़ुदावन्द को नज़्र किया।
12 Seruia babarima Abisai kunkum Edomfo mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bon no mu.
और अबीशै। बिन ज़रोयाह ने वादी — ए — शोर में अठारह हज़ार अदोमियों को मारा।
13 Ɔde asraafo duaduaa Edom nyinaa, maa Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Eyi yɛ sɛnea Awurade maa Dawid dii nkonim wɔ baabiara a ɔkɔe no nhwɛso.
और उसने अदोम में सिपाहियों की चौकियाँ बिठाई, और सब अदूमी दाऊद के फ़रमाँबरदार हो गए। और जहाँ कहीं दाऊद जाता ख़ुदावन्द उसे फ़तह बख़्शता था।
14 Dawid dii Israel nyinaa so hene, a wanhyɛ obiara so na wansisi obiara nso.
तब दाऊद सारे इस्राईल पर हुकूमत करने लगा, और अपनी सारी र'इयत के साथ अद्ल — ओ — इन्साफ़ करता था।
15 Na Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛmkyerɛwni.
और योआब बिन ज़रोयाह लश्कर का सरदार था, और यहूसफ़त बिन अख़ीलूद मुवर्रिख़था;
16 Ahitub babarima Sadok ne Abiatar babarima Abimelek na na wɔyɛ asɔfo. Sawsa na na ɔyɛ asennii kyerɛwfo.
और सदूक़ बिन अख़ीतोब और अबीमलिक बिन अबीयातर काहिन थे, और शौशा मुन्शी था;
17 Yehoiada babarima Benaia na na odi Keretifo ne Peletifo so. Dawid mmabarima somee sɛ ɔhene aboafo mpanyimfo.
और बिनायाह बिन यहूयदा' करेतियों और फ़लेतियों पर था; और दाऊद के बेटे बादशाह के ख़ास मुसाहिब थे।

< 1 Beresosɛm 18 >