< 1 Beresosɛm 17 >

1 Dawid bɔɔ ne ho atenase wɔ nʼahemfi hɔ no, ɔka kyerɛɛ odiyifo Natan se, “Me de, manya ahemfi a wɔde sida asi no fɛfɛ mu atena, nanso Awurade Apam Adaka no de, ɛhyɛ ntamadan mu.”
And it came to pass, when David dwelt in his house, that David said to Nathan the prophet, Lo, I dwell in an house of cedar, but the ark of the covenant of the LORD [dwelleth] under curtains.
2 Natan buae se, “Nea ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.”
And Nathan said unto David, Do all that is in thine heart; for God is with thee.
3 Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan se,
And it came to pass the same night, that the word of God came to Nathan, saying,
4 “Kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Awurade se ni: ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wusi asɔredan ma me tena mu.
Go and tell David my servant, Thus saith the LORD, Thou shalt not build me an house to dwell in:
5 Efi bere a mede Israelfo fii Misraim besi nnɛ, mentenaa asɔredan mu da. Daa, mete ntamadan mu na wɔde di atutena.
for I have not dwelt in an house since the day that I brought up Israel, unto this day; but have gone from tent to tent, and from [one] tabernacle [to another].
6 Na mannwiinwii ankyerɛ Israel ntuanofo no a wɔyɛ me nkurɔfo nguanhwɛfo no da. Mimmisaa wɔn da sɛ: “Adɛn nti na munsii sida dua asɔredan fɛfɛ mmaa me?”’
In all places wherein I have walked with all Israel, spake I a word with any of the judges of Israel, whom I commanded to feed my people, saying, Why have ye not built me an house of cedar?
7 “Afei, kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Asafo Awurade se ni: Miyii wo sɛ di me nkurɔfo Israelfo anim bere a na woyɛ abarimaa guanhwɛfo a worehwɛ wo nguan wɔ adidibea.
Now therefore thus shalt thou say unto my servant David, Thus saith the LORD of hosts, I took thee from the sheepcote, from following the sheep, that thou shouldest be prince over my people Israel:
8 Baabiara a wokɔe no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfo nyinaa. Na afei, mɛma wo din ahyeta wɔ asase so baabiara.
and I have been with thee whithersoever thou wentest, and have cut off all thine enemies from before thee; and I will make thee a name, like unto the name of the great ones that are in the earth.
9 Mama me nkurɔfo Israelfo no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beae bi a ɛwɔ bammɔ a obiara renhaw wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumɔyɛfo renhyɛ wɔn so, sɛnea wɔyɛɛ bere bi a atwa mu no,
And I will appoint a place for my people Israel, and will plant them, that they may dwell in their own place, and be moved no more; neither shall the children of wickedness waste them any more, as at the first,
10 fi bere a miyii atemmufo sɛ wonni me nkurɔfo so no. Na mɛka wʼatamfo nyinaa ahyɛ. “‘Na merepae mu aka se, Awurade besi fi ama wo, ahenni nnidiso.
and [as] from the day that I commanded judges to be over my people Israel; and I will subdue all thine enemies. Moreover I tell thee that the LORD will build thee an house.
11 Na sɛ wuwu a, mɛma wo mmabarima no mu baako so, na mama nʼahenni ayɛ den.
And it shall come to pass, when thy days be fulfilled that thou must go to be with thy fathers, that I will set up thy seed after thee, which shall be of thy sons; and I will establish his kingdom.
12 Ɔno ne obi a obesi fi a ɛyɛ asɔredan no ama me. Na metim nʼahengua ase afebɔɔ.
He shall build me an house, and I will establish his throne for ever.
13 Mɛyɛ nʼagya na ɔbɛyɛ me ba. Merenyi me dɔ a ɛnsa da no mfi ne so, sɛnea miyi fii Saulo a wudii nʼade so no.
I will be his father, and he shall be my son: and I will not take my mercy away from him, as I took it from him that was before thee:
14 Mɛma nʼase atim wɔ mʼahenni nnidiso ne mʼaheman mu bere nyinaa mu, na nʼahengua no bɛtena hɔ daa.’”
but I will settle him in mine house and in my kingdom for ever: and his throne shall be established for ever.
15 Enti Natan san kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa nsɛm a Awurade aka no nyinaa kyerɛɛ no.
According to all these words, and according to all this vision, so did Nathan speak unto David.
16 Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpae se, “Me ne hena, Awurade Nyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a nti wode me abedu saa tebea yi mu?
Then David the king went in, and sat before the LORD; and he said, Who am I, O LORD God, and what is my house, that thou hast brought me thus far?
17 Na mprempren, Awurade, eyi nyinaa akyi no, woka se wobɛma me ahenni nnidiso afebɔɔ. Wokasa me ho te sɛ obi a meyɛ ɔkɛse pa ara, Awurade Nyankopɔn!
And this was a small thing in thine eyes, O God; but thou hast spoken of thy servant’s house for a great while to come, and hast regarded me according to the estate of a man of high degree, O LORD God.
18 “Dɛn na menka bio mfa ɔkwan a woafa so ahyɛ me anuonyam yi ho? Wunim sɛnea mete ankasa.
What can David [say] yet more unto thee concerning the honour which is done to thy servant? for thou knowest thy servant.
19 Awurade, me nti ne wo pɛ mu nti, woayɛ saa nneɛma akɛse yi nyinaa, na woada no adi.
O LORD, for thy servant’s sake, and according to thine own heart, hast thou wrought all this greatness, to make known all [these] great things.
20 “Awurade, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Onyame foforo bi nni hɔ! Yɛntee da mpo sɛ onyame foforo bi wɔ hɔ te sɛ wo!
O LORD, there is none like thee, neither is there any God beside thee, according to all that we have heard with our ears.
21 Ɔman foforo bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforo bɛn, Onyankopɔn, na woayi no afi nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfo? Bere a wugyee wo nkurɔfo fii Misraim no, wode gyee din. Wonam nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ ahodwiriw so pam aman a wɔayɛ akwanside ama wɔn no.
And what one nation in the earth is like thy people Israel, whom God went to redeem unto himself for a people, to make thee a name by great and terrible things, in driving out nations from before thy people, which thou redeemedst out of Egypt?
22 Wuyii Israel sɛ wɔmmɛyɛ wo nkurɔfo afebɔɔ, na wo, Awurade, woabɛyɛ wɔn Nyankopɔn.
For thy people Israel didst thou make thine own people for ever; and thou, LORD, becamest their God.
23 “Awurade, afei yɛ nea woahyɛ ho bɔ afa me ne mʼabusuafo ho no. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ebetim hɔ daa.
And now, O LORD, let the word that thou hast spoken concerning thy servant, and concerning his house, be established for ever, and do as thou hast spoken.
24 Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no anuonyam afebɔɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wiase nyinaa bɛka se, ‘Asafo Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo somfo Dawid ahenni nnidiso no ase ntim wɔ wʼanim.
And let thy name be established and magnified for ever, saying, The LORD of hosts is the God of Israel, even a God to Israel: and the house of David thy servant is established before thee.
25 “Wo me Nyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpae yi, efisɛ woada no adi sɛ wubesi fi ama me, mʼahenni nnidiso a ɛbɛtena hɔ daa.
For thou, O my God, hast revealed to thy servant that thou wilt build him an house: therefore hath thy servant found [in his heart] to pray before thee.
26 Efisɛ woyɛ Onyankopɔn, Awurade. Na me, wo somfo, woahyɛ me nneɛma pa yi ho bɔ.
And now, O LORD, thou art God, and hast promised this good thing unto thy servant:
27 Na afei asɔ wʼani sɛ wubehyira me ne mʼabusuafo, sɛnea yɛn ahenni nnidiso bɛkɔ so afebɔɔ wɔ wʼanim. Na sɛ wuhyira a, Awurade, ɛyɛ nhyira a ɛtena hɔ daa nyinaa!”
and now it hath pleased thee to bless the house of thy servant, that it may continue for ever before thee: for thou, O LORD, hast blessed, and it is blessed for ever.

< 1 Beresosɛm 17 >