< 1 Beresosɛm 16 >
1 Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kosii ntamadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ Onyankopɔn anim.
And they bring in the ark of God, and set it up in the midst of the tent that David hath stretched out for it, and they bring near burnt-offerings and peace-offerings before God;
2 Dawid wiee no, ohyiraa nkurɔfo no wɔ Awurade din mu.
and David ceaseth from offering the burnt-offering and the peace-offerings, and blesseth the people in the name of Jehovah,
3 Na ɔkyɛɛ Israelfo mmea ne mmarima nyinaa aduan. Obiara nyaa brodo mua, namkum ne bobe aba ɔfam.
and giveth a portion to every man of Israel, both man and woman: to each a cake of bread, and a measure of wine, and a grape-cake.
4 Dawid yii saa Lewifo yi sɛ wonni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade, Israel Nyankopɔn ase na wɔnkamfo no.
And he putteth before the ark of Jehovah, of the Levites, ministers, even to make mention of, and to thank, and to give praise to Jehovah, God of Israel,
5 Asaf a na ɔda kuw yi ano no bɔɔ kyɛnkyɛn no. Na nʼabediakyirifo yɛ Sakaria a ɔto so abien, afei Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten.
Asaph the head, and his second Zechariah; Jeiel, and Shemiramoth, and Jehiel, and Mattithiah, and Eliab, and Benaiah, and Obed-Edom, and Jeiel, with instruments of psalteries, and with harps; and Asaph with cymbals is sounding;
6 Na Asɔfo Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim.
and Benaiah and Jahaziel the priests [are] with trumpets continually before the ark of the covenant of God.
7 Saa da no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo:
On that day then hath David given at the beginning to give thanks to Jehovah by the hand of Asaph and his brethren: —
8 Da Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi. Ma wiase nyinaa nhu nea wayɛ.
Give thanks to Jehovah, call in His name, Make known among the peoples His doings.
9 Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no; monka nʼanwonwade no nyinaa.
Sing ye to Him, sing psalms to Him, Meditate on all His wonders.
10 Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya koma mu anigye.
Boast yourselves in His holy name, Rejoice doth the heart of those seeking Jehovah.
11 Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so; na monhwehwɛ nʼanim bere biara.
Seek ye Jehovah and His strength, Seek His face continually.
12 Monkae anwonwade a wayɛ, ne nsɛnkyerɛnne ne atɛn a obui.
Remember His wonders that He did, His signs, and the judgments of His mouth,
13 Mo Israelmma, Onyankopɔn somfo, Yakob mma a wapaw wɔn.
O seed of Israel, His servant, O sons of Jacob, His chosen ones!
14 Ɔyɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn; nʼahenni da adi wɔ asase so nyinaa.
He [is] Jehovah our God, In all the earth [are] His judgments.
15 Ɔkae nʼapam daa nyinaa, asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoantoaso apem no.
Remember ye to the age His covenant, The word He commanded — To a thousand generations,
16 Eyi ne apam a ɔne Abraham yɛe ne ntam a ɔka kyerɛɛ Isak.
Which He hath made with Abraham, And His oath — to Isaac,
17 Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara, de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ;
And He establisheth it to Jacob for a statute, To Israel — a covenant age-during.
18 “Mede Kanaan asase no bɛma wo sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapade.”
Saying: To thee I give the land of Canaan, The portion of your inheritance,
19 Ɔkaa eyi bere a na wɔnnɔɔso, ahɔhokuw ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.
When ye are few of number, As a little thing, and sojourners in it.
20 Wofii aman so kɔɔ aman so, fii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.
And they go up and down, From nation unto nation, And from a kingdom unto another people.
21 Nanso wamma obi anhyɛ wɔn so; wɔn nti, ɔkaa ahene anim se;
He hath not suffered any to oppress them, And reproveth on their account kings:
22 “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo, na monnyɛ mʼadiyifo bɔne bi.”
Come not against Mine anointed ones, And against My prophets do not evil.
23 Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade! Da biara, mompae mu nka asɛmpa no sɛ ogye nkwa.
Sing to Jehovah, all the earth, Proclaim from day unto day His salvation.
24 Mommɔ nʼanuonyam nneyɛe ho dawuru wɔ amanaman mu. Monka anwonwade a ɔyɛ nkyerɛ obiara.
Rehearse among nations His glory, Among all the peoples His wonders.
25 Awurade yɛ ɔkɛse! Na nkamfo fata no! Ɛsɛ sɛ wosuro no sen anyame nyinaa.
For great [is] Jehovah, and praised greatly, And fearful He [is] above all gods.
26 Aman so anyame nyinaa yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro!
For all gods of the peoples [are] nought, And Jehovah the heavens hath made.
27 Anuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia, ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenae.
Honour and majesty [are] before Him, Strength and joy [are] in His place.
28 Momfa mma Awurade, Amanaman mmusuakuw, momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.
Ascribe to Jehovah, ye families of peoples, Ascribe to Jehovah honour and strength.
29 Momfa anuonyam a ɛfata mma Awurade! Momfa mo afɔrebɔde mmra mmɛsom no. Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu.
Ascribe to Jehovah the honour of His name, Lift up a present, and come before Him. Bow yourselves to Jehovah, In the beauty of holiness.
30 Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim. Wɔatim wiase dennen a entumi nhinhim.
Be pained before Him, all the earth:
31 Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛw ne ho! Momma aman nyinaa nte sɛ, Awurade yɛ ɔhene.
Also, established is the world, It is not moved! The heavens rejoice, and the earth is glad, And they say among nations: Jehovah hath reigned.
32 Momma ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa nteɛ mu nkamfo no. Momma mfuw ne wɔn nnɔbae mfa ahosɛpɛw mpue.
Roar doth the sea, and its fulness, Exult doth the field, and all that [is] in it,
33 Momma kwae nnua nnyigyei nyɛ ayeyi Awurade anim! Efisɛ ɔrebebu asase atɛn.
Then sing do trees of the forest, From the presence of Jehovah, For He hath come to judge the earth!
34 Monna Awurade ase, efisɛ oye na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Give thanks to Jehovah, for good, For to the age, [is] His kindness,
35 Monteɛteɛ mu se, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagye Onyankopɔn! Boa yɛn ano, na gye yɛn fi amanaman nsam, na yɛatumi ada wo din kronkron ase, na yɛadi ahurusi akamfo wo.”
And say, Save us, O God of our salvation, And gather us, and deliver us from the nations, To give thanks to Thy holy name, To triumph in Thy praise.
36 Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn, emfi mmeresanten nkosi nnasanten. Na nnipa no nyinaa gyee so se, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade.
Blessed [is] Jehovah, God of Israel, From the age and unto the age;' And all the people say, 'Amen,' and have given praise to Jehovah.
37 Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ nea ehia sɛ wɔyɛ no da biara.
And he leaveth there before the ark of the covenant of Jehovah, for Asaph and for his brethren, to minister before the ark continually, according to the matter of a day in its day,
38 Saa kuw yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifo aduosia awotwe a wɔyɛ apon ano hwɛfo.
both Obed-Edom and their brethren, sixty and eight, and Obed-Edom son of Jeduthun, and Hosah for gatekeepers,
39 Dawid de ɔsɔfo Sadok ne ne mfɛfo asɔfo tenaa Awurade Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ bepɔw Gibeon no, sɛ wɔnsom wɔ Awurade anim wɔ hɔ.
and Zadok the priest, and his brethren the priests, before the tabernacle of Jehovah, in a high place that [is] in Gibeon,
40 Anɔpa ne anwummere biara, wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadi no so. Na wodii biribiara a wɔakyerɛw sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so.
to cause to ascend burnt-offerings to Jehovah, on the altar of burnt-offering continually, morning and evening, and for all that is written in the law of Jehovah, that He charged on Israel.
41 Dawid san yii Heman, Yedutun ne afoforo bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔe no tim hɔ daa.”
And with them [are] Heman and Jeduthun, and the rest of those chosen, who were defined by name, to give thanks to Jehovah, for to the age [is] His kindness,
42 Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow de gyigyee ayeyi nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na woyii Yedutun mmabarima ma wɔyɛɛ apon ano hwɛfo.
and with them — Heman and Jeduthun — [are] trumpets and cymbals for those sounding, and instruments of the song of God, and the sons of Jeduthun [are] at the gate.
43 Na nnipa no nyinaa san kɔɔ wɔn afi mu. Dawid nso san kɔɔ ne fi, kohyiraa ne fifo.
And all the people go, each to his house, and David turneth round to bless his house.