< 1 Beresosɛm 15 >
1 Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, osiesiee baabi, sii ntamadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no besi.
ダビデはダビデの町のうちに自分のために家を建て、また神の箱のために所を備え、これがために幕屋を張った。
2 Afei, ɔhyɛɛ se, “Sɛ yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan sɛ ɔsoa bi gye Lewifo no nko ara. Awurade ayi wɔn sɛ, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsoa Awurade Apam Adaka no na wɔsom wɔ nʼanim daa daa.”
ダビデは言った、「神の箱をかくべき者はただレビびとのみである。主が主の箱をかかせ、また主に長く仕えさせるために彼らを選ばれたからである」。
3 Dawid frɛɛ Israelfo nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Apam Adaka no nkosi faako a wɔasiesie ama no no.
ダビデは主の箱をこれがために備えた所にかき上るため、イスラエルをことごとくエルサレムに集めた。
4 Eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔfrɛɛ wɔn no:
ダビデはまたアロンの子孫とレビびとを集めた。
5 Wɔn a wofi Kohat abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ɔha aduonu a Uriel tua wɔn ano.
すなわち、コハテの子孫のうちからはウリエルを長としてその兄弟百二十人、
6 Wɔn a wofi Merari abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ahannu aduonu, a Asaia da wɔn ano.
メラリの子孫のうちからはアサヤを長としてその兄弟二百二十人、
7 Wɔn a wofi Gersom abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ɔha aduasa, a Yoel da wɔn ano.
ゲルショムの子孫のうちからはヨエルを長としてその兄弟百三十人、
8 Na Elisafan asefo yɛ ahannu a Semaia da wɔn ano.
エリザパンの子孫のうちからはシマヤを長としてその兄弟二百人、
9 Na Hebron asefo yɛ aduɔwɔtwe a Eliel tua wɔn ano.
ヘブロンの子孫のうちからはエリエルを長としてその兄弟八十人、
10 Na Usiel asefo yɛ ɔha ne dumien a Aminadab tua wɔn ano.
ウジエルの子孫のうちからはアミナダブを長としてその兄弟百十二人である。
11 Afei, Dawid frɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar ne saa Lewifo mpanyimfo yi: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab.
ダビデは祭司ザドクとアビヤタル、およびレビびとウリエル、アサヤ、ヨエル、シマヤ、エリエル、アミナダブを召し、
12 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo na moyɛ Lewifo mmusua mu ntuanofo. Mo ne Lewifo a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi de Awurade, Israel Nyankopɔn, Apam Adaka no bɛba beae a masiesie ama no no.
彼らに言った、「あなたがたはレビびとの氏族の長である。あなたがたとあなたがたの兄弟はともに身を清め、イスラエルの神、主の箱をわたしがそのために備えた所にかき上りなさい。
13 Esiane sɛ kan no mo Lewifo ansoa Apam Adaka no nti, Awurade, yɛn Nyankopɔn, abufuw sɔre tiaa yɛn. Yɛammisa Onyankopɔn ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so soa.”
さきにこれをかいた者があなたがたでなかったので、われわれの神、主はわれわれを撃たれました。これはわれわれがその定めにしたがってそれを扱わなかったからです」。
14 Enti asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de Awurade, Israel Nyankopɔn Apam Adaka no akɔ Yerusalem.
そこで祭司たちとレビびとたちはイスラエルの神、主の箱をかき上るために身を清め、
15 Na Lewifo no soaa Onyankopɔn Apam Adaka no wɔ wɔn mmati so a, nnua a wɔde soa no hyehyɛ ho pɛpɛɛpɛ, sɛnea Mose hyɛɛ wɔn no.
レビびとたちはモーセが主の言葉にしたがって命じたように、神の箱をさおをもって肩にになった。
16 Dawid hyɛɛ Lewifo mpanyimfo no nso sɛ wɔntew Lewifo nnwontofo kuw, wɔn a wonim nnwonto, ne wɔn a wɔwɔ nnwonto ho nimdeɛ na wɔmfa mmɛnta, mmɛn, asankuten ne kyɛnkyɛn mmɛto anigye nnwom.
ダビデはまたレビびとの長たちに、その兄弟たちを選んで歌うたう者となし、立琴と琴とシンバルなどの楽器を打ちはやし、喜びの声をあげることを命じた。
17 Na Lewifo no yii Yoel babarima Heman, Berekia babarima Asaf ne Kusaia babarima Etan a wofi Merari abusua mu, ma wodii nnwontofo no anim.
そこでレビびとはヨエルの子ヘマンと、その兄弟ベレキヤの子アサフおよびメラリの子孫である彼らの兄弟クシャヤの子エタンを選んだ。
18 Woyii saa mmarima yi sɛ wɔn aboafo: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne apon ano ahwɛfo Obed-Edom ne Yeiel.
またこれに次ぐその兄弟たちがこれと共にいた。すなわちゼカリヤ、ヤジエル、セミラモテ、エイエル、ウンニ、エリアブ、ベナヤ、マアセヤ、マッタテヤ、エリペレホ、ミクネヤおよび門を守る者オベデ・エドムとエイエル。
19 Woyii Heman, Asaf ne Etan sɛ wɔmmɔ kɔbere mfrafrae kyɛnkyɛn no.
歌うたう者ヘマン、アサフおよびエタンは青銅のシンバルを打ちはやす者であった。
20 Woyii Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia sɛ wɔmmɔ mmɛnta no.
ゼカリヤ、アジエル、セミラモテ、エイエル、ウンニ、エリアブ、マアセヤ、ベナヤはアラモテにしたがって立琴を奏する者であった。
21 Woyii Matitia, Elifelehu, Miknela, Obed-Edom, Yeiel ne Asasia sɛ wɔmmɔ asankuten no.
しかしマッタテヤ、エリペレホ、ミクネヤ、オベデ・エドム、エイエル、アザジヤはセミニテにしたがって琴をもって指揮する者であった。
22 Woyii Kenania a ɔyɛ Lewifo panyin no sɛ ɔnna nnwontokuw no ano, esiane ne nimdeɛ nti.
ケナニヤはレビびとの楽長で、音楽に通じていたので、これを指揮した。
23 Woyii Berekia ne Elkana sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.
ベレキヤとエルカナは箱のために門を守る者であった。
24 Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia ne Elieser a wɔn nyinaa yɛ asɔfo no na wɔbɛto santen adi Onyankopɔn Apam Adaka no anim, ahyɛn ntorobɛnto no. Woyii Obed-Edom ne Yehia sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.
祭司シバニヤ、ヨシャパテ、ネタネル、アマサイ、ゼカリヤ、ベナヤ、エリエゼルらは神の箱の前でラッパを吹き、オベデ・エドムとエヒアは箱のために門を守る者であった。
25 Enti Dawid ne Israel mpanyimfo ne asraafo so asahene no de ahokeka a ɛso bi nni kɔɔ Obed-Edom fi sɛ wɔrekɔfa Awurade Apam Adaka no akɔ Yerusalem.
ダビデとイスラエルの長老たちおよび千人の長たちは行って、オベデ・エドムの家から主の契約の箱を喜び勇んでかき上った。
26 Na esiane sɛ akyinnye biara nni ho sɛ Awurade ka Lewifo a wɔso Awurade Apam Adaka no ho no nti, wɔde anantwinini ason ne adwennini ason bɔɔ afɔre.
神が主の契約の箱をかくレビびとを助けられたので、彼らは雄牛七頭、雄羊七頭をささげた。
27 Wɔhyɛɛ Dawid sirikyi atade fɛfɛ bi. Saa ara na Lewifo a wɔsoaa Apam Adaka no, nnwontofo no ne Kenania a ɔyɛ nnwontofo no kwankyerɛfo no nso yɛe. Na Dawid hyɛ asɔfo nguguso bi nso.
ダビデは亜麻布の衣服を着ていた。箱をかくすべてのレビびとは、歌うたう者、音楽をつかさどるケナニヤも同様である。ダビデはまた亜麻布のエポデを着ていた。
28 Enti Israel nyinaa de ahokeka, osebɔ, mmɛnhyɛn ne ntorobɛntohyɛn, akasaewosow, mmɛnta ne asankutenbɔ de Awurade Apam Adaka no kɔɔ Yerusalem.
こうしてイスラエルは皆、声をあげ、角笛を吹きならし、ラッパと、シンバルと、立琴と琴をもって打ちはやして主の契約の箱をかき上った。
29 Na bere a Awurade Apam Adaka no wuraa Dawid kurow mu no, Saulo babea Mikal too nʼani hwɛɛ fam, fii ne mfɛnsere mu. Bere a ohuu sɛ ɔhene Dawid resaw na ɔde anigye rehuruhuruw no, obuu no animtiaa wɔ ne koma mu.
主の契約の箱がダビデの町にはいったとき、サウルの娘ミカルが窓からながめ、ダビデ王の舞い踊るのを見て、心のうちに彼をいやしめた。