< 1 Beresosɛm 14 >

1 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo ne abo adansifo ne nnua dwumfo kɔɔ Dawid nkyɛn sɛ, wonkosi ahemfi mma no. Afei, Huram san de sida nnua a wɔbɛpae kɔe.
Hiram king of Tyre sent messengers to David, and cedar trees, and craftsmen of a wall, and craftsmen of wood, to build him a palace.
2 Na Dawid huu sɛ Awurade de no asi Israel so hene, na esiane Israel nti, wayɛ nʼahenni kɛse.
And David knew that Jehovah had established him king over Israel; for his kingdom was exalted on high, for his people Israel's sake.
3 Afei, Dawid waree mmea bebree wɔ Yerusalem, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea bebree.
David took more wives at Jerusalem; and David became the father of more sons and daughters.
4 Dawid mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Yerusalem no ne Samua, Sobab, Natan ne Salomo,
These are the names of the children whom he had in Jerusalem: Shammua, and Shobab, Nathan, and Solomon,
5 Yibhar, Elisua, ne Elpelet,
and Ibhar, and Elishua, and Eliphelet,
6 Noga, Nefeg ne Yafia,
and Nogah, and Nepheg, and Japhia,
7 Elisama, Beeliada ne Elifelet.
and Elishama, and Baaliada, and Eliphelet.
8 Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so hene no, wɔboaboaa wɔn asraafo nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkyere no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid se wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima fii kurow no mu kohyiaa wɔn.
When the Philistines heard that David was anointed king over all Israel, all the Philistines went up to seek David: and David heard of it, and went out against them.
9 Na Filistifo no abedu Refaim bon asɛe hɔ pasaa.
Now the Philistines had come and made a raid in the Valley of Rephaim.
10 Enti Dawid bisaa Onyankopɔn se, “Mimpue na me ne Filistifo no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa ana?” Awurade buae se, “Yiw, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.”
David inquired of God, saying, "Shall I go up against the Philistines? Will you deliver them into my hand?" Jehovah said to him, "Go up; for I will deliver them into your hand."
11 Enti Dawid ne nʼakofo kɔɔ Baal-Perasim kodii Filistifo no so wɔ hɔ. Dawid teɛɛ mu se, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfo mu te sɛ, nsuyiri a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beae hɔ din Baal-Perasim (a nkyerɛase ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”).
So they came up to Baal Perazim, and David struck them there; and David said, God has broken through my enemies by my hand, like a breakthrough of waters. Therefore they called the name of that place Baal Perazim.
12 Filistifo no gyaw wɔn ahoni nyinaa hɔ nti, Dawid hyɛ ma wɔhyew ne nyinaa.
They left their gods there; and David gave commandment, and they were burned with fire.
13 Nanso ankyɛ biara, Filistifo no san baa obon no mu bio bɛsɛee hɔ.
The Philistines yet again made a raid in the valley.
14 Dawid bisaa Onyankopɔn nea ɔnyɛ bio. Onyankopɔn buae se, “Nkɔ tee nkɔtow nhyɛ wɔn so. Mmom, fa wɔn ho kosi wɔn akyi na montow nhyɛ wɔn so wɔ baabi a ɛbɛn baka nnua no.
And David inquired again of God; and God said to him, "You shall not go up after them. Turn away from them, and come at them opposite the poplar trees.
15 Na sɛ mote nnyigye bi te sɛ nnipa bi a wɔrebɔ nsra anan ase wɔ baka nnua no atifi a, montow nhyɛ wɔn so. Ɛno na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn adi mo anim rekɔka Filistifo no agu.”
And it shall be, when you hear the sound of marching in the tops of the poplar trees, that then you shall go out to battle; for God has gone out before you to strike the army of the Philistines."
16 Enti Dawid yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔkaa Filistifo asraafo no guu fi Gibeon de kosii Geser.
David did as God commanded him, and he struck the army of the Philistines from Gibeon even to Gezer.
17 Na Dawid din hyetaa baabiara, na Awurade maa aman no nyinaa suroo Dawid.
The fame of David went out into all lands; and Jehovah brought the fear of him on all nations.

< 1 Beresosɛm 14 >