< 1 Beresosɛm 12 >
1 Bere a Dawid guan fii Kis babarima Saulo anim kohintaw wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔm no. Na wɔka dɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodi mu no ho.
Evo onih što dođoše k Davidu u Siklag dok se još uklanjao od Kiševa sina Šaula i bili su mu među junacima pomagači u boju;
2 Na wɔn nyinaa yɛ agyantowfo antoamfomfo. Na wotumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa tow agyan ne ahwimmo. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafo a wofi Benyamin abusuakuw mu.
umjeli su rukovati lukom i desnicom i ljevicom i znali se služiti kamenjem i strijelama. Između Šaulove braće, Benjaminovaca:
3 Na nea otua wɔn ano yɛ Semaia a ofi Gibea no babarima Ahieser. Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabediakyiri. Eyinom ne dɔmmarima no nkae: Asmawet mmabarima Yesiel ne Pelet; Beraka ne Yehu a wofi Anatot;
vojvoda Ahiezer i Joaš, sinovi Gibeanca Šemaje, pa Jeziel i Pelet, Azmavetovi sinovi, i Beraka i Jehu Anatoćanin;
4 Ismaia a ofi Gibeon, ɔkofo kɛse ne ntuanoni wɔ Aduasa no mu; Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Yosabad a wofi Gedera;
Gibeonac Išmaja, junak među tridesetoricom i nad tridesetoricom, Jeremija, Jahaziel, Johanan i Jozabad Gederoćanin;
5 Elusai, Yerimot, Bealia, Semaria, ne Sefatia a ofi Harif;
Eluzaj, Jerimot, Bealja, Šemarja i Šefatja Harufejac;
6 Elkana, Yesia, Asarel, Yoeser, Yasobeam a wɔyɛ Korafo;
Elkana, Jišija, Azarel, Joezer i Jašobam Korhinjani,
7 Yoela, Sebadia, Yeroham mmabarima a wofi Gedor.
Joel i Zebadja, sinovi Jerohama Gedorca.
8 Gadfo akofo akokodurufo bi a wɔakwadaw akodi mu guan kɔɔ Dawid afa bere a na ɔwɔ aguaabɔ mu wɔ sare so no. Na wɔyɛ nimdefo wɔ nkatabo ne peaw akodi mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔw so atwe.
Neki su Gadovci prešli k Davidu u tvrđavu u pustinju, hrabri junaci, ratnici vješti boju, naoružani štitom i kopljem; lica im bijahu kao lavovska, a brzi bijahu kao gazele po gorama:
9 Eser na na otua wɔn ano. Obadia yɛ abediakyiri. Eliab na ɔto so abiɛsa.
vojvoda Ezer, drugi Obadja, treći Eliab;
10 Nea ɔto so anan ne Mismana. Nea ɔto so anum ne Yeremia.
četvrti Mišmana, peti Jeremija,
11 Atai to so asia, Eliel to so ason.
šesti Ataj, sedmi Eliel;
12 Yohanan to so awotwe, Elsabad to so akron.
osmi Johanan, deveti Elzabad,
13 Yeremia to so du, Makbanai to so dubaako.
deseti Jeremija, jedanaesti Makbanaj.
14 Saa dɔmmarima a wofi Gad yi yɛ asahene. Nea ɔnyɛ den koraa no, otumi ne asraafo ɔha ko, na nea ɔyɛ den no tumi ne asraafo apem ko.
To su bile od Gadovih sinova vojne starješine, najmanji nad stotinom, a najveći nad tisućom.
15 Afe no mfiase a Asubɔnten Yordan ayiri no, wotwa kɔpam nnipa a wɔtete tataw so wɔ nʼapuei ne nʼatɔe konkɔn so nyinaa fii hɔ.
To su oni koji su prvoga mjeseca prešli preko Jordana kad se razlio preko svih svojih obala i koji su rastjerali sve stanovnike iz dubokih dolina na istok i na zapad.
16 Afoforo a wofi Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ hintabea hɔ.
Došli su i od Benjaminovih i Judinih sinova k Davidu u tvrđavu.
17 Dawid kohyiaa wɔn kae se, “Sɛ moaba asomdwoe so sɛ morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo. Na sɛ moaba sɛ morebeyi me ama mʼatamfo wɔ bere a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Nyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn.”
David je izašao pred njih i, progovorivši, rekao im: “Ako dolazite s mirom k meni da mi pomognete, moje će se srce ujediniti s vama; ako li ste došli da me izdate mojim neprijateljima, neka Bog naših otaca vidi i neka osudi, jer nema nepravde na mojim rukama!”
18 Na honhom no sii Amasai a akyiri no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panyin no so, na ɔkae se, “Yɛyɛ wo dea, Dawid! Yɛwɔ wʼafa, Yisai ba; Asomdwoe ne nkɔso nyɛ wo kyɛfa na wʼaboafo nyinaa nya nkɔso, efisɛ wo Nyankopɔn ne nea ɔboa wo.” Enti Dawid ma wɔbɛkaa ne ho, na ɔyɛɛ wɔn mpanyimfo wɔ nʼakofo mu.
Tada duh obuze Amasaja, vojvodu nad tridesetoricom, i on reče: “Tebi, Davide! S tobom, sine Jišajev, mir! Mir s tobom, mir s onim tko ti pomaže, jer tvoj pomoćnik jest tvoj Bog!” Tako ih je David primio i postavio ih među vojvode nad četama.
19 Manase mmarima no bi tew wɔn ho kɔdɔm Dawid, bere a na ɔne Filistifo no rekɔko atia Saulo no. Nanso asɛm no ani dan a Filistifo ntuanofo ampene so sɛ Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ. Wodwinnwen ho ara no, wɔma wɔsan wɔn akyi kae se, “Sɛ Dawid dan nʼani kɔ Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde betwa so.”
Od Manašeovih su sinova neki prešli k Davidu kad je išao s Filistejcima na Šaula u boj, ali im nije pomogao, jer su ga filistejski knezovi, dobro promislivši, otpustili govoreći: “Mogao bi prijeći k svome gospodaru Šaulu, a to bi nas stajalo glava.”
20 Manase mmarima a wɔtew wɔn ho kɔɔ Dawid afa, bere a na ɔresan akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai. Na wɔn mu biara da asraafo apem ano.
Kad se, dakle, vraćao u Siklag, prešli su k njemu od Manašeova plemena: Adna, Jozabad, Jedael, Mihael, Jozabad, Elihu i Siltaj, glavari tisućnici u Manašeovu plemenu.
21 Wɔboaa Dawid ma ɔtaa afowfo no, efisɛ na wɔyɛ akokodurufo ne akofo akɛse a wɔbɛyɛɛ asahene wɔ nʼakofo mu.
Oni su pomagali Davidu protiv razbojničkih četa jer su svi bili hrabri junaci te su postali zapovjednici u njegovoj vojsci.
22 Adekyee biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kosii sɛ onyaa asraafodɔm a ɛso te sɛ Onyankopɔn de.
Iz dana u dan odista su dolazili k Davidu da mu pomažu, sve dok njegov tabor ne postade divovski, kao Božji tabor.
23 Eyinom ne akofo akɛse dodow a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di hene, sɛnea Awurade ahyɛ ato hɔ no.
Evo broja ljudi naoružanih za rat koji su došli k Davidu u Hebron da Šaulovo kraljevstvo prenesu na nj po Jahvinoj zapovijedi:
24 Akofo akɛse a wofi Yuda abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem asia ne ahanwɔtwe a wokurakura nkatabo ne mpeaw.
Judinih sinova, koji su nosili štit i koplje, šest tisuća i osam stotina naoružanih za rat.
25 Akofo akɛse a wofi Simeon abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem ason ne ɔha.
Od Šimunovih sinova, hrabrih junaka za rat, sedam tisuća i sto.
26 Asraafo a na wofi Lewi abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem anan ne ahansia.
Od Levijevih sinova četiri tisuće i šest stotina.
27 Na Yehoiada a otua Aaron abusua no ano no wɔ asraafo mpem abiɛsa ne ahanson a wɔhyɛ nʼase.
Tako i Jojada, poglavar Aronovim potomcima, i s njim tri tisuće i sedam stotina;
28 Saa ara nso na na Sadok, ɔbabun ɔkofo kɛse ne nʼabusuafo aduonu abien a wɔn nyinaa yɛ asraafo mpanyimfo ka ho.
i mladi Sadok, hrabar junak, i od njegova roda dvadeset i dva kneza.
29 Akofo akɛse a wofi Benyamin abusuakuw mu a wɔyɛ Saulo abusuafo no, na wɔn dodow yɛ mpem abiɛsa. Na Benyaminfo no mu fa kɛse no taa Saulo akyi ara.
A od Benjaminovih sinova, Šaulove braće, tri tisuće, jer ih je dotad najveći dio još ostao vjeran Šaulovoj kući.
30 Akofo akɛse a wofi Efraim abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu ne ahanwɔtwe a wɔn mu biara agye din wɔ nʼabusua mu.
Efrajimovih sinova dvadeset tisuća i osam stotina, sve hrabrih junaka, ljudi na glasu u svojim porodicama.
31 Manase abusuakuw fa a na ɛwɔ Yordan atɔe fam no nso, wotuu mmarima mpem dunwɔtwe a wɔn botae ara ne sɛ wɔbɛboaa Dawid ma wadi hene.
Od polovine Manašeova plemena osamnaest tisuća, poimence spomenutih, da dođu da zakralje Davida.
32 Ntuanofo a wofi Isakar abusuakuw mu ne wɔn abusuafo dodow yɛ ahannu. Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa bere no ase, na wonim ɔkwan pa a eye ma Israel nso.
Od Jisakarovih sinova, koji su umjeli proniknuti svoje vrijeme i spoznati što treba da učini Izrael; njihovih poglavara dvije stotine. Sva su im njihova braća bila podložna.
33 Akofo a wɔakwadaw akodi mu a wofi Sebulon abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonum. Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodi, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn.
Od Zebulunovih sinova, sposobnih za rat i naoružanih za boj svakojakim bojnim oružjem, pedeset tisuća, koji su se odvažna srca vrstali u bojne redove.
34 Wɔn a wofi Naftali abusuakuw mu no yɛ asraafo mpanyimfo apem ne akofo akɛse mpem aduasa ason a wokurakura nkatabo ne mpeaw.
Od Naftalijeva plemena tisuću knezova i s njima trideset i sedam tisuća ljudi sa štitovima i kopljima;
35 Akofo a wofi Dan abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu awotwe ne ahansia a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.
od Danova plemena dvadeset i osam tisuća i šest stotina naoružanih za boj,
36 Akofo akɛse a wɔatetew wɔn yiye a wofi Aser abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduanan a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko.
a od Ašerova plemena četrdeset tisuća sposobnih za vojsku i za boj opremljenih.
37 Ruben, Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apuei fam no maa asraafo mpem ɔha ne aduonu a wɔwɔ akode ahorow nyinaa.
Od onih s onu stranu Jordana, od Rubenova, od Gadova i od polovine Manašeova plemena, sto i dvadeset tisuća ljudi sa svakojakim ratnim oružjem.
38 Saa asraafo yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botae ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene. Nokware, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn hene.
Svi ti vojnici, svrstani u bojne redove, dođoše poštena srca u Hebron da zakralje Davida nad svim Izraelom; i svi su ostali Izraelci bili jednodušni da Davida postave za kralja.
39 Wɔne Dawid didi nomee nnansa, efisɛ na wɔn abusuafo no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn kwan.
Proveli su s Davidom tri dana, jedući i pijući. Braća sve spremiše za njih.
40 Nnipa bi a wofi akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuan tenaa wɔn mfurum, yoma ne anantwi so bae. Wɔde asikresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsa, ngo, anantwi ne nguan bebree baa afahyɛ no ase. Anigye a enni kabea baa Israel asase so.
Njihovi su najbliži susjedi, sve do Jisakara, Zebuluna i Naftalija, donosili hranu na magarcima, devama i mazgama, a na volovima jela: brašna, smokvenih kolača, suha grožđa, vina, ulja, krupne i sitne stoke izobila, jer je bilo veselje u Izraelu.