< 1 Beresosɛm 11 >

1 Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo.
茲にイスラエルの人みなヘブロンに集まりてダビデの許に詣り言けるは我らは汝の骨肉なり
2 Mmere tenten bi a atwa mu, mpo bere a Saulo di yɛn so hene no, na wone obi a nokware na wudi Israel anim. Na Awurade, wo Nyankopɔn, aka kyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ oguanhwɛfo ama me nkurɔfo Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifo!’”
前にサウルが王たりし時にも汝はイスラエルを率ゐで出入する者なりき又なんぢの神ヱホバ汝にむかひて汝はわが民イスラエルを牧養ふ者となり我民イスラエルの君とならんと言たまへりと
3 Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofo yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛnea Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no.
斯イスラエルの長老みなヘブロンにきたりて王の許にいたりければダビデ、ヘブロンにてヱホバの前に彼らと契約をたてたり彼らすなはちダビデに膏をそそぎてイスラエルの王となしサムエルによりて傳はりしヱホバの言のごとくせり
4 Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛnea na wɔfrɛ hɔ kan no, efisɛ Yebusifo na wɔkɔtenaa asase no so kan kyekyeree.
かくてダビデはイスラエルの人々を率ゐてエルサレムに往りヱルサレムは即ちヱブスなりその國の土人ヱブス人其處に居り
5 Nnipa a wofi Yebus no ka kyerɛɛ Dawid se, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kurow no.
是においてヱブスの民ダビデに言けるは汝は此に入べからずと然るにダビデはシオンの城を取り是すなはちダビデの邑なり
6 Dawid ka kyerɛɛ nʼakofo no se, “Mo mu biara a obedi anim na yɛakɔtow ahyɛ Yebusifo no so no na ɔbɛyɛ mʼakofo so sahene.” Na Dawid, nuabea Seruia babarima Yoab dii ɔko no anim, nti ɔbɛyɛɛ Dawid asraafo so sahene.
この時ダビデいひけるは誰にもあれ第一にエブス人を撃やぶる者を首となし將となさんと斯てゼルヤの子ヨアブ先登して首となれり
7 Dawid tenaa aban no mu, na ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kurow no.
ダビデその城に住たればこれをダビデの邑と稱へたり
8 Dawid kyekyeree kurow no, trɛw mu fi Milo de twaa ho hyiae, bere a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkae no.
ダビデまたその邑の四方すなはちミロ(城塞)より内の四方に建築をなせり邑の中のその餘の處はヨアブこれを修理へり
9 Na Dawid tumi yɛɛ kɛse, efisɛ na Asafo Awurade ka ne ho.
斯てダビデはますます大になりゆけり萬軍のヱホバこれとともに在したればなり
10 Eyinom ne Dawid dɔmmarima ntuanofo. Wɔne Israel nyinaa bɔɔ mu, sii gyinae sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so hene sɛnea Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no.
ダビデが有る勇士の重なる者は左のごとし是等はイスラエルの一切の人とともにダビデに力をそへて國を得させ終にこれを王となしてヱホバがイスラエルにつきて宣ひし言を果せり
11 Dawid dɔmmarima no ho nsɛm ni: Nea odi kan no ne Yasobeam a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ dɔmmarima akatakyi a na wɔwɔ Dawid asraafo mu. Bere bi ɔde ne peaw kunkum atamfo ahaasa wɔ akodi baako mu.
ダビデの有る勇士の數は是のごとし第一は三十人の長たるハクモニ人の子ヤシヨベアム彼は槍を揮ひて一時に三百人を衝殺せし事あり
12 Nea ɔto so abien wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahoa aseni.
彼の次はアホア人ドドの子エレアザルにして三勇士の中なり
13 Bere a Dawid sɔre tiaa Filistifo wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuw nko, na Israel asraafo no guanee.
彼ダビデとともにパスダミムに在けるにペリシテ人其處に集りきて戰へり其處に大麥の滿たる地一箇所あり時に民ペリシテ人の前より逃たりしが
14 Nanso Eleasar ne Dawid gyinaa wɔn anan so wɔ afuw no mfimfini, bɔɔ Filistifo no gui. Na Awurade ma wodii nkonim de gyee wɔn.
彼その地所の中に踐とどまり之を護りてペリシテ人を殺せり而してヱホバ大なる拯救をほどこして之を救ひたまへり
15 Da bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifo asraafo akyere nsraban wɔ Refaim bon mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wonim de wɔ Dawid asraafo mu no sian kohyiaa no wɔ hɔ.
三十人の長なる三人の者アドラムの洞穴に下り磐の處に往てダビデに詣りし事あり時にペリシテ人の軍兵はレパイムの谷に陣どれり
16 Saa bere no na Dawid te ɔko ahintawee mu hɔ a na Filistifo asraafokuw bi akɔtena Betlehem.
その時ダビデは砦に居りペリシテ人の鎮臺兵はベテレヘムにありけるが
17 Dawid fi akɔnnɔ mu kae se, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; nea ɛbɛn ɔpon ano no bi.”
ダビデ慕ひ望みて言けるは誰かベテレヘムの門にある井の水を持來りて我に飮せよかし
18 Enti Baasa no bɔ wuraa Filistifo no mu, kɔsaw abura no mu nsu no bi de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid annom. Mmom, ohwie guu Awurade anim
この三人すなはちペリシテ人の軍兵の中を衝とほりてベテレヘムの門にある井の水を汲取てダビデの許に携へきたれり然どダビデこれを飮ことをせす之をヱホバの前に灌ぎて
19 teɛɛ mu se, “Ɛmpare me sɛ mɛnom saa nsu yi. Ɛsom bo sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔre kɔsaw brɛɛ me no mogya.” Enti Dawid annom. Eyi yɛ Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛso.
言けるは我神よ我決てこれを爲じ我いかで命をかけし此三人の血を飮べけんやと彼らその命をかけて之を携へきたりたればなり故にダビデこれを飮ことを爲ざりき此三勇士は是らの事を爲り
20 Yoab nuabarima Abisai na na otua Aduasa no ano. Ɔko baako bi mu no, ɔde ne peaw kunkum atamfo no mu ahaasa. Saa mmaninsɛm yi nti na ogyee din sɛ Baasa no.
ヨアブの兄弟アビシヤイは三人の長たり彼は槍を揮ひて三百人を衝ころし三人の中に名を得たり
21 Abisai na na ne din ahyeta yiye wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nso na ɔnka Baasa no ho.
彼は第二の三人の中にて尤も貴くしてその首にせらる然ど第一の三人には及ばざりき
22 Na Yehoiada babarima Benaia a ofi Kabseel no nso wɔ hɔ. Na ɔno nso di mmarimasɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ okunkum Moab akofo akɛse baanu bi. Bere foforo bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amoa mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro nanso ɔkyeree gyata no kum no.
ヱホヤダの子カブジエルのベナヤは勇氣あり衆多の功績ありし者なり彼はモアブのアリエルの二人の子を撃殺せりまた雪の日に下りゆきて穴の中にて獅子一匹を撃殺せし事ありき
23 Da bi a na okura kontibaa nko ara no, okum Misraimni ɔkofo bi a na ne tenten yɛ anammɔn ason ne fa. Na ne peaw no mu pipiripi te sɛ ntamanwemfo nsadua. Benaia huam peaw no fii Misraimni no nsam, de kum no.
彼はまた長身五キユビト程なるエジプト人を殺せりそのエジプト人は機織の滕のごとき槍を手に執をりしに彼は杖をとりて之が許に下りゆきエジプト人の手よりその槍を捩とりてその槍をもて之を殺せり
24 Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te sɛ Baasa no.
ヱホヤダの子ベナヤ是等の事を爲し三勇士の中に名を得たり
25 Wɔhyɛɛ no anuonyam sen nkae a wɔka Aduasa no ho no, nso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfo no so sahene.
彼は三十人の中にて尊かりしかども第一の三人には及ばざりきダビデかれを親兵の長となせり
26 Nnipa a na wɔka Dawid dɔmmarima no ho ni: Yoab nuabarima Asahel; Dodo babarima Elhanan a ofi Betlehem;
軍兵の中の勇士はヨアブの兄弟アサヘル、ベテレヘムのドドの子エルハナン
27 Samot a ofi Harori; Heles a ofi Pelon;
ハロデ人シヤンマ、ペロニ人ヘレヅ
28 Ikes babarima Ira a ofi Tekoa; Abieser a ofi Anatot;
テコア人イツケシの子イラ、アナトテ人アビエゼル
29 Sibekai a ofi Husa; Salmon a ofi Ahoa;
ホシヤ人シベカイ、アホア人イライ
30 Maharai a ofi Netofa; Baana a ofi Netofa babarima Heled;
ネトパ人マハライ、ネトパ人バナアの子ヘレデ
31 Ribai a ofi Gibea babarima Itai (wofi Benyamin abusuakuw mu); Benaia a ofi Piraton;
ベニヤミンの子孫のギベアより出たるリバイの子イツタイ、ピラトン人ベナヤ
32 Hurai a ofi baabi a ɛbɛn Nahale-Gaas; Abiel a ofi Araba.
ガアシの谷のホライ、アルバテ人アビエル
33 Asmawet a ofi Baharum; Eliahba a ofi Saalbon.
バハルム人アズマウテ、シヤルボニ人エリヤバ
34 Hasem mmabarima a wofi Gison; Sage babarima Yonatan a ofi Harar.
ギゾニ人ハセム、ハラリ人シヤゲの子ヨナタン
35 Sakar babarima Ahiam a ofi Harar; Ur babarima Elifar.
ハラリ人サカルの子アヒアム、ウルの子エリパル
36 Hefer a ofi Mekera; Ahiya a ofi Pelon.
メケラ人へペル、ペロニ人アヒヤ
37 Hesro a ofi Karmel; Esbai babarima Naarai.
カルメル人ヘヅライ、エズバイの子ナアライ
38 Natan nuabarima Yoel; Hagri babarima Mibhar.
ナタンの兄弟ヨエル、ハグリの子ミブハル
39 Selek a ofi Amon; Naharai a ofi Beerot (a na ɔyɛ Yoab akodekurafo);
アンモニ人ゼレク、ゼルヤの子ヨアブの武器を執る者なるベエロテ人ナハライ
40 Ira a ofi Yitri; Gareb a ofi Yitri;
エテリ人イラ、エテリ人ガレブ
41 Hetini Uria; Ahlai babarima Sabad;
ヘテ人ウリヤ、アヘライの子ザバデ
42 Sisa babarima Adina a na ɔda Rubenfo ano, a na mmarima aduasa ka ne ho;
ルベン人シザの子アデナ是はルベン人の軍長の一人にして從者三十人を率ゐたり
43 Maaka babarima Hanan; Yosafat a ofi Mitna;
マアカの子ハナン、ミテニ人ヨシヤバテ
44 Usia a ofi Astera; Hotam a ofi Aroer mmabarima Sama ne Yeiel;
アシテラ人ウジヤ、アロエル人ホタンの子等シヤマとヱイエル
45 Simri babarima Yediael; Yoha ne nuabarima a ofi Tis;
デジ人シムリの子エデアエルおよびその兄弟ヨハ、
46 Eliel a ofi Mahawi; Elnaam mmabarima Yeribai ne Yosawia; Yitma a ofi Moab;
マハウ人エリエル、エルナアムの子等エリバイおよびヨシヤワヤ、モアブ人イテマ
47 Eliel ne Obed; Yaasiel a ofi Soba.
エリエル、オベデ、ソメバ人ヤシエル

< 1 Beresosɛm 11 >