< Zekeriya 13 >

1 “O gün Davut soyunu ve Yeruşalim'de yaşayanları günahtan ve ruhsal kirlilikten arındırmak için bir pınar açılacak.
“Saa da no, wobetu asubura ama Dawidfi ne Yerusalemfo de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.
2 O gün ülkeden putların adlarını kaldıracağım, bir daha anılmayacaklar” diyor Her Şeye Egemen RAB, “Sahte peygamberleri de, kirli ruhu da ülkeden uzaklaştıracağım.
“Saa da no, meyi ahoni no din afi asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Meyi adiyifo ne fi honhom afi asase no so.
3 Biri yine peygamberlik edecek olursa, öz annesiyle babası, ‘Öleceksin, çünkü RAB'bin adıyla yalan söylüyorsun’ diyecekler. Peygamberlik ettiğinde de öz annesi babası onun bedenini deşecekler.
Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a agya ne ɛna a wɔwoo saa nipa no bɛka akyerɛ no se, ‘Ɛsɛ sɛ wuwu, efisɛ, wode Awurade din atwa atoro.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofo bɛwɔ no afoa.
4 “O gün her peygamber peygamberlik ederken gördüğü görümden utanacak; insanları aldatmak için çuldan giysi giymeyecek.
“Saa da no, odiyifo biara ani bewu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehu ho. Ɔrenhyɛ odiyifo atade a wɔde nwi ayɛ no mfa nnaadaa nnipa.
5 ‘Ben peygamber değilim, çiftçiyim. Gençliğimden beri hep tarlada çalıştım’ diyecek.
Ɔbɛka se, ‘Menyɛ odiyifo. Meyɛ okuafo. Na efi me mmerantebere mu, asase yi so na minya mʼano aduan.’
6 Biri, ‘Bağrındaki bu yaralar ne?’ diye sorduğunda da, ‘Bunlar dostlarımın evinde aldığım yaralar’ diye yanıtlayacak.”
Na sɛ obi bisa no se, ‘Akuru bɛn na ɛwɔ wo ho yi a?’ Obebua se, ‘Ɛyɛ akuru a minyaa wɔ me nnamfonom fi.’”
7 “Uyan, ey kılıç! Çobanıma, yakınıma karşı harekete geç” Diyor Her Şeye Egemen RAB. “Çobanı vur da Koyunlar darmadağın olsun. Ben de elimi küçüklere karşı kaldıracağım.
“Sɔre, afoa, sɔre tia me guanhwɛfo, tia onipa a ɔbɛn me!” Sɛnea Asafo Awurade se ni. “Bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no bɛbɔ ahwete, na mɛma me nsa so atia nguantenmma no.
8 Bütün ülkede” diyor RAB, “Halkın üçte ikisi vurulup ölecek, Üçte biri sağ kalacak.
Asase no so nyinaa,” sɛnea Awurade se ni, “Wɔbɛbɔ nkyɛmu abiɛsa mu abien ahwe fam ma wɔawuwu; na nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛka wɔ so.
9 Kalan üçte birini ateşten geçireceğim, Onları gümüş gibi arıtacağım, Altın gibi sınayacağım. Beni adımla çağıracaklar, Ben de onlara karşılık vereceğim, ‘Bunlar benim halkım’ diyeceğim. Onlar da, ‘Tanrımız RAB'dir’ diyecekler.”
Mede nkyɛmu abiɛsa mu baako yi bɛfa ogya mu; mɛnan wɔn te sɛnea wɔnan dwetɛ, na masɔn wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ. Wɔbɛbɔ me din afrɛ me, na megye wɔn so. Mɛka se, ‘Wɔyɛ me nkurɔfo,’ na wɔbɛka se, ‘Awurade yɛ yɛn Nyankopɔn.’”

< Zekeriya 13 >