< Zekeriya 11 >
1 Ey Lübnan, kapılarını aç ki, Ateş sedir ağaçlarını yakıp yok etsin!
Buebue wʼapon, Lebanon, na ogya mmɛhyew wo sida!
2 Ey çam ağacı, haykır! Sedir ağacı yıkıldı, Ulu ağaçlar yok oldu! Haykırın, ey Başan meşeleri, Gür ormanın ağaçları devrildi!
Twa adwo, wo ɔpepaw, na sida ahwe ase; wɔasɛe nnua a ɛwɔ anuonyam no! Twa adwo Basan adum; wɔabubu kwaeberentuw no mu nnua no!
3 Çobanların haykırışını duy, Çünkü güzelim otlakları yok oldu! Genç aslanların kükremesini dinle, Çünkü Şeria Irmağı'nın kıyısındaki ağaçlık yok oldu!
Tie nguanhwɛfo agyaadwo; wɔasɛe wɔn adidibea frɔmfrɔm no! Tie gyata no mmubomu; Yordan ho nkyɛkyerɛ fɛɛfɛ no asɛe!
4 Tanrım RAB, “Kesime ayrılmış sürüyü sen güt” diyor,
Sɛɛ na Awurade me Nyankopɔn se: “Fa nguankuw a wɔrebekum wɔn no kɔ adidibea.
5 “Sürüyü satın alanlar koyunları kesiyor ama cezalarını çekmiyorlar. Koyunları satanlar da, ‘Tanrı'ya övgüler olsun, zengin oldum!’ diyorlar. Çobanlar kendi sürülerine acımıyor.
Atɔfo no kunkum nguan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nguan no ka se, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefo!’ Na nguan no ahwɛfo no mpo nnya ahummɔbɔ mma wɔn.
6 Çünkü ülkede yaşayan halka artık acımayacağım” diyor RAB, “Herkesi kendi komşusunun ve kralının eline teslim edeceğim. Ülkeyi ezecekler, ben de halkı ellerinden kurtarmayacağım.”
Merenhu asase no so nnipa mmɔbɔ bio,” sɛnea Awurade se ni. “Mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko ne hene nsa. Wɔbɛhyɛ asase no so, na merennye obiara mfi wɔn nsam.”
7 Bunun üzerine kesime ayrılmış sürünün özellikle ezilenlerini güttüm. Elime iki değnek aldım; birine “Lütuf”, ötekine “Birlik” adını koydum. Böylece sürüyü gütmeye başladım.
Enti mede nguankuw a wɔrekokum wɔn no kɔɔ adidibea, ne titiriw ne wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ no. Afei mefaa pema abien, na mefrɛɛ baako Adɔe na baako nso Nkabom na mede wɔn kɔɔ adidi.
8 Bir ayda üç çobanı başımdan savdım. Çünkü ben sürüden bıkmıştım, sürü de benden tiksinmişti.
Ɔsram baako mu, mepam nguanhwɛfo abiɛsa no. Nguankuw no ampɛ me, na wɔmaa me brɛe
9 Sürüye, “Artık sizi gütmeyeceğim. Ölen ölsün, kesilen kesilsin, geri kalanlar da birbirinin etini yesin” dedim.
na mekae se, “Merenyɛ mo hwɛfo bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekyere wɔn ho wɔn ho nwe.”
10 Sonra “Lütuf” adındaki değneğimi aldım ve bütün uluslarla yapmış olduğum antlaşmayı bozmak için kırdım.
Afei mefaa me pema a mefrɛ no Adɔe no bubuu mu de sɛee apam a me ne aman no nyinaa ayɛ no.
11 Böylece antlaşma o gün bozuldu. Beni gözleyen sürünün ezilenleri RAB'bin sözünün yerine geldiğini anladılar.
Wɔsɛee no da no ara, na wɔn a wɔrehu amane wɔ nguankuw no mu a na wɔrehwɛ me no hui se, ɛyɛ Awurade asɛm.
12 Onlara, “Uygun görürseniz ücretimi ödeyin, yoksa boş verin” dedim. Onlar da ücret olarak bana otuz gümüş verdiler.
Na meka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a muntua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wotuaa dwetɛ mpɔw aduasa maa me.
13 RAB bana, “Çömlekçiye at” dedi. Böylece bana biçtikleri yüksek değerin karşılığı olan otuz gümüşü alıp RAB'bin Tapınağı'ndaki çömlekçiye attım.
Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Tow ma ɔnwemfo no,” ɛbo a ɛsɔ ani a wɔatwa ama me no. Enti, mefaa dwetɛ mpɔw aduasa no, na metow maa ɔnwemfo a ɔwɔ Awurade fi mu no.
14 Sonra Yahuda ile İsrail arasındaki kardeşliği bozmak için “Birlik” adındaki öteki değneğimi kırdım.
Afei mibuu me pema a ɛto so abien a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no.
15 RAB bana, “Sen yine akılsız bir çoban gibi donat kendini” dedi,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Fa oguanhwɛfo kwasea no nneɛma no bio.
16 “Ülkeye öyle bir çoban atayacağım ki, yitiklere bakmayacak, dağılmışları aramayacak, yaralıları iyileştirmeyecek, sağlamları beslemeyecek. Ancak semiz koyunların etini yiyecek, tırnaklarını koparacak.
Na merebɛma oguanhwɛfo bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ nea wayera, ɔrenhwehwɛ nguantenmma no akyi kwan, ɔrensa nea wapira yare, ɔremma nea ɔwɔ ahoɔden aduan, na mmom, ɔbɛwe nguan a wɔadɔ no nam, na watwitwa wɔn tɔte.
17 “Sürüyü terk eden değersiz çobanın vay haline! Kılıç kolunu ve sağ gözünü vursun! Kolu tamamen kurusun, Sağ gözü kör olsun!”
“Nnome nka oguanhwɛfo a ne so nni mfaso, na oguan gya nguankuw no! Afoa ntwa ne basa, ne nʼaniwa nifa. Ne basa no nwu koraa, nʼaniwa nifa no mfura koraa!”