< Mezmurlar 147 >

1 RAB'be övgüler sunun! Ne güzel, ne hoş Tanrımız'ı ilahilerle övmek! O'na övgü yaraşır.
Monkamfo Awurade. Eye sɛ wɔto ayeyi nnwom ma yɛn Nyankopɔn, ɛyɛ fɛ na ɛfata dodo sɛ wɔkamfo no!
2 RAB yeniden kuruyor Yeruşalim'i, Bir araya topluyor İsrail'in sürgünlerini.
Awurade kyekyere Yerusalem; Ɔboaboa Israel nnommum ano.
3 O kırık kalplileri iyileştirir, Yaralarını sarar.
Ɔsa wɔn a wɔn koma abotow no yare, na ɔkyekyere wɔn akuru.
4 Yıldızların sayısını belirler, Her birini adıyla çağırır.
Ɔkyerɛ nsoromma dodow a ɛwɔ hɔ, na ɔde obiara din frɛ no.
5 Rabbimiz büyük ve çok güçlüdür, Sınırsızdır anlayışı.
Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛse; yɛrente nʼase nwie.
6 RAB mazlumlara yardım eder, Kötüleri yere çalar.
Awurade wowaw ahobrɛasefo na ɔtotow amumɔyɛfo hwehwe fam.
7 RAB'be şükran ezgileri okuyun, Tanrımız'ı lirle, ilahilerle övün.
Monto aseda nnwom mma Awurade. Momfa sanku nto dwom mma yɛn Nyankopɔn.
8 O'dur gökleri bulutlarla kaplayan, Yeryüzüne yağmur sağlayan, Dağlarda ot bitiren.
Ɔde omununkum kata ɔsoro ani; ɔma asase osu ma sare nyin wɔ nkoko so.
9 O yiyecek sağlar hayvanlara, Bağrışan kuzgun yavrularına.
Ɔma anantwi aduan, na sɛ kwaakwaadabimma su a, ɔma wɔn aduan.
10 Ne atın gücünden zevk alır, Ne de insanın yiğitliğinden hoşlanır.
Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.
11 RAB kendisinden korkanlardan, Sevgisine umut bağlayanlardan hoşlanır.
Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wosuro no, wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔe a ɛnsa da no so no.
12 RAB'bi yücelt, ey Yeruşalim! Tanrın'a övgüler sun, ey Siyon!
Momma Awurade so, Yerusalem; kamfo wo Nyankopɔn, Sion,
13 Çünkü senin kapılarının kol demirlerine güç katar, İçindeki halkı kutsar.
ɔma wʼapon akyi adaban yɛ den, na ohyira wo nkurɔfo a wɔte wo mu.
14 Sınırlarını esenlik içinde tutar, Seni en iyi buğdayla doyurur.
Ɔma wʼahye so dwo, na ɔde awi ankasa ma wo.
15 Yeryüzüne buyruğunu gönderir, Sözü çarçabuk yayılır.
Ɔsoma nʼahyɛde kɔ asase so; nʼasɛm tu mmirika ntɛm so.
16 Yapağı gibi kar yağdırır, Kırağıyı kül gibi saçar.
Ɔtrɛw sukyerɛmma mu sɛ oguan ho nwi, na ɔpete obosu sukyerɛmma sɛ nsõ.
17 Aşağıya iri iri dolu savurur, Kim dayanabilir soğuğuna?
Ɔtotow mparuwbo gu fam sɛ mmosea. Hena na obetumi agyina nʼawɔw dennen no ano?
18 Buyruk verir, eritir buzları, Rüzgarını estirir, sular akmaya başlar.
Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnan no; ɔhwanyan ne mframa, na nsu sen.
19 Sözünü Yakup soyuna, Kurallarını, ilkelerini İsrail'e bildirir.
Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob, ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel.
20 Başka hiçbir ulus için yapmadı bunu, Onlar O'nun ilkelerini bilmezler. RAB'be övgüler sunun!
Ɔnyɛɛ eyi maa ɔman foforo biara ɛ; wonnim ne mmara. Monkamfo Awurade!

< Mezmurlar 147 >