< Hâkimler 9 >

1 Yerubbaal'ın oğlu Avimelek, dayılarının bulunduğu Şekem Kenti'ne giderek onlara ve annesinin boyundan gelen herkese şöyle dedi:
Da koro bi, Yerub-Baal babarima Abimelek kɔɔ Sekem kɔsraa ne wɔfanom a wɔyɛ ne na nuabarimanom. Ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne na fifo nkae no se,
2 “Şekem halkına şunu duyurun: ‘Sizin için hangisi daha iyi? Gidyon'un yetmiş oğlu tarafından yönetilmek mi, yoksa bir kişi tarafından yönetilmek mi?’ Unutmayın ki ben sizinle aynı etten, aynı kandanım.”
“Mummisa ɔmanfo a wɔwɔ Sekem no se, wɔpɛ sɛ Yerub-Baal mmabarima aduɔson no nyinaa di wɔn so anaasɛ wɔpɛ sɛ ɔbarima baako di wɔn so? Na monkae sɛ meyɛ mo bogya!”
3 Dayıları Avimelek'in söylediklerini Şekem halkına ilettiler. Halkın yüreği Avimelek'ten yanaydı. “O bizim kardeşimizdir” dediler.
Enti Abimelek wɔfanom gyinaa nʼanan mu kasa kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Sekem nyinaa. Na wotiee wɔn adwenkyerɛ no, wɔpenee so faa Abimelek, efisɛ ɔyɛ wɔn busuani.
4 Ona Baal-Berit Tapınağı'ndan yetmiş parça gümüş verdiler. Avimelek bu parayla kiraladığı belalı serserileri peşine taktı.
Wɔfaa dwetɛ sika nnwetɛbona aduɔson fi Baal-Berit nsɔre so de maa Abimelek, na ɔde faa asraafo a wɔpenee so sɛ wubedi nʼakyi.
5 Sonra Ofra'ya, babasının evine dönüp kardeşlerini, Yerubbaal'ın yetmiş oğlunu bir taşın üzerinde kesip öldürdü. Yalnız Yerubbaal'ın küçük oğlu Yotam kaçıp gizlendiği için sağ kaldı.
Ɔde asraafo no kɔɔ nʼagya kurom wɔ Ofra. Na ɛhɔ, ɔbo bi so, na okunkum nʼagya mmabarima aduɔson no nyinaa. Nanso ne nuanom mu akumaa koraa a wɔfrɛ no Yotam no guan kɔtɛwee baabi.
6 Şekem ve Beytmillo halkları toplanarak hep birlikte Şekem'de dikili taş meşesinin olduğu yere gittiler; Avimelek'i orada kral ilan ettiler.
Enti Sekemfo ne Bet-Milofo yɛɛ nhyiamu wɔ odupɔn a ɛbɛn nkaedum a ɛwɔ Sekem no ase. Wosii Abimelek wɔn so hene.
7 Olup biteni Yotam'a bildirdiklerinde Yotam Gerizim Dağı'nın tepesine çıkıp yüksek sesle halka şöyle dedi: “Ey Şekem halkı, beni dinleyin, Tanrı da sizi dinleyecek.
Yotam tee asɛm yi no, ɔforo kɔɔ Gerisim bepɔw no atifi na ɔteɛɛ mu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sekemfo muntie me! Sɛ mopɛ sɛ Onyankopɔn tie mo de a, muntie me!
8 Bir gün ağaçlar kendilerine bir kral meshetmek istediler; zeytin ağacına gidip, ‘Gel kralımız ol’ dediler.
Bere bi, nnua nyinaa pɛɛ sɛ wosi wɔn so hene. Nea edi kan no, wɔka kyerɛɛ ngodua se, ‘Bedi yɛn so hene!’
9 “Zeytin ağacı, ‘İlahları ve insanları onurlandırmak için kullanılan yağımı bırakıp ağaçlar üzerinde sallanmaya mı gideyim?’ diye yanıtladı.
“Nanso, wampene so kae se, ‘Adɛn? Minnyae me ngo a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa anuonyam no, na minkokyinkyin nnua a aka so ana?’
10 “Bunun üzerine ağaçlar incir ağacına, ‘Gel sen kralımız ol’ dediler.
“Afei, wɔka kyerɛɛ borɔdɔma se ‘Bedi yɛn so hene!’
11 “İncir ağacı, ‘Tatlılığımı ve güzel meyvemi bırakıp ağaçlar üzerinde sallanmaya mı gideyim?’ diye yanıtladı.
“Borɔdɔma nso buae se, ‘Na minnyae aba sow na minkyin nnua afoforo so?’
12 “Sonra ağaçlar asmaya, ‘Gel sen bizim kralımız ol’ dediler.
“Afei wɔka kyerɛɛ bobe se, ‘Bedi yɛn so hene.’
13 Asma, ‘İlahlarla insanlara zevk veren yeni şarabımı bırakıp ağaçlar üzerinde sallanmaya mı gideyim?’ dedi.
“Na bobe no buae se, ‘Sɛ migyae me nsa pa a ɛma anyame ne nnipa anigye no ma a, na afei na merebekyin nnua bi so ana?’
14 “Sonunda ağaçlar karaçalıya, ‘Gel sen kralımız ol’ dediler.
“Ne korakora ne sɛ, nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nsɔe se, ‘Bedi yɛn so hene.’
15 “Karaçalı, ‘Eğer gerçekten beni kendinize kral meshetmek istiyorsanız, gelin gölgeme sığının’ diye karşılık verdi, ‘Eğer sığınmazsanız, karaçalıdan çıkan ateş Lübnan'ın bütün sedir ağaçlarını yakıp kül edecektir.’
“Na nsɔe buae se, ‘Sɛ ɛyɛ mo adwene kann sɛ mode me besi mo so hene a, mommra mmɛhyɛ me nwini yi ase. Sɛ ɛnte saa a, momma ogya mfi nsɔe mu mmɛhyew Lebanon sida nyinaa.’
16 “Şimdi siz Avimelek'i kral yapmakla içten ve dürüst davrandığınızı mı sanıyorsunuz? Yerubbaal'la ailesine iyilik mi ettiniz? Ona hak ettiği gibi mi davrandınız?
“Afei mugye di sɛ moayɛ nea ɛho wɔ nyam, na ɛnam ne kwan mu sɛ mode Abimelek asi mo so hene, na moayɛ Yerub-Baal ne nʼasefo nyinaa apɛde. Moayɛ nea ɛfata ama mʼagya ana?
17 Oysa babam sizi Midyanlılar'ın elinden kurtarmak için canını tehlikeye atarak sizin için savaştı.
Na ɔko maa mo de ne ho bɔɔ afɔre bere a ogyee mo fii Midianfo nsam no.
18 Ama bugün siz babamın ailesine karşı ayaklandınız, yetmiş oğlunu bir taşın üzerinde kesip öldürdünüz. Cariyesinden doğan Avimelek kardeşiniz olduğu için onu Şekem'e kral yaptınız.
Na nnɛ, moasɔre atia mʼagya ne nʼasefo, akunkum ne mmabarima aduɔson wɔ ɔbo baako so. Mode Abimelek a ɔyɛ ne somfobea babarima asi Sekem manfo so hene, sɛ ɔyɛ mo busuani nti.
19 Eğer bugün Yerubbaal'la ailesine içten ve dürüst davrandığınıza inanıyorsanız, Avimelek'le sevinin, o da sizinle sevinsin!
Sɛ moayɛ nea ɛho wɔ nyam na ɛnam ne kwan mu ama Yerub-Baal ne nʼasefo a, ɛno de mubenya ahosɛpɛw wɔ Abimelek mu na ɔno nso anya ahosɛpɛw wɔ mo mu.
20 Ama öyle değilse, dilerim, Avimelek ateş olsun, Şekem ve Beytmillo halkını yakıp kül etsin. Ya da Şekem ve Beytmillo halkı ateş olsun, Avimelek'i yakıp kül etsin.”
Sɛ nea moayɛ no mfa ne kwan mu de a, ɛno de, ogya mfi Abimelek nkyɛn mmɛhyew mo, Sekemfo ne Bet-Milofo. Na ogya nso mfi Sekemfo ne Bet-Milofo nkyɛn mmɛhyew Abimelek!”
21 Ardından Yotam kardeşi Avimelek'ten korktuğu için kaçtı, gidip Beer'e yerleşti.
Na esiane Abimelek ho suro nti, ne nuabarima Yotam guan kɔtenaa Beer.
22 Avimelek İsrail'i üç yıl yönetti.
Abimelek dii Israel so mfe abiɛsa akyi no,
23 Sonra Tanrı Avimelek'le Şekem halkını birbirine düşürdü; halk Avimelek'e başkaldırdı.
Onyankopɔn somaa honhom fi bi ma ɔde ɔhaw baa Abimelek ne Sekem mpanyimfo ntam na wɔtew atua.
24 Tanrı bunu Avimelek'i Yerubbaal'ın yetmiş oğluna yapılan zorbalığın aynısına uğratmak, kardeşlerini öldüren Avimelek'ten ve onu bu kırıma isteklendiren Şekem halkından akıttıkları kanın öcünü almak için yaptı.
Nsɛm a esisii akyi yi mu no, Onyankopɔn twee Abimelek ne Sekemfo aso sɛ wokunkum Yerub-Baal mmabarima aduɔson no.
25 Şekem halkı dağ başlarında Avimelek'e pusu kurdu. Oradan geçen herkesi soyuyorlardı. Bu durum Avimelek'e bildirildi.
Sekem mmarima bi kɔtɛwee Abimelek wɔ mmepɔw atifi, na wɔbɔɔ obiara a otwaa mu wɔ hɔ no apoo. Nnipa bi kɔɔ Abimelek nkyɛn kotii nʼase.
26 Ebet oğlu Gaal kardeşleriyle birlikte gelip Şekem'e yerleşti. Şekem halkı ona güvendi.
Saa bere no, Ebed babarima Gaal ne ne nuabarimanom kɔɔ Sekem. Na Sekemfo no nyaa wɔn mu awerehyɛmu.
27 Bağlara çıkıp üzümleri topladıktan, ezip şarap yaptıktan sonra bir şenlik düzenlediler. İlahlarının tapınağına gittiler; orada yiyip içerken Avimelek'e lanetler yağdırdılar.
Bere a wɔredi Otwabere Afahyɛ wɔ Sekem wɔ ɛhɔ nyame bi nsɔree so no, bobesa buu so wɔ hɔ maa obiara fitii ase domee Abimelek.
28 Ebet oğlu Gaal kalkıp şöyle dedi: “Avimelek kim ki, biz Şekem halkı ona hizmet edelim? Yerubbaal'ın oğlu değil mi o? Zevul da onun yardımcısı değil mi? Şekemliler'in babası Hamor'un soyundan gelenlere hizmet edin. Neden Avimelek'e hizmet edelim?
Gaal teɛɛ mu se, “Hena ne Abimelek? Ɔnyɛ Sekem aseni kann, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nʼasomfo? Ɔyɛ Yerub-Baal babarima kɛkɛ na Sebul na ɔtoto ne man ho nhyehyɛe ma no. Monsom nnipa a wofi Hamor, wɔn na wɔyɛ Sekem asefo kann. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsom Abimelek?
29 Keşke bu halkı ben yönetseydim! Avimelek'i uzaklaştırır ve, ‘Ordunu güçlendir de öyle ortaya çık!’ derdim.”
Sɛ mewɔ tumi a, anka meyi Abimelek afi hɔ. Anka mɛka akyerɛ no se, ‘Pɛ asraafo bebree bra bɛko!’”
30 Kentin yöneticisi olan Zevul, Ebet oğlu Gaal'ın sözlerini duyunca öfkelendi.
Na Sebul a otua kurow no ano tee nea Gaal rekeka no, ne bo fuwii.
31 Avimelek'e gizlice gönderdiği ulaklar aracılığıyla şöyle dedi: “Ebet oğlu Gaal ve kardeşleri Şekem'e geldiler. Kenti sana karşı ayaklandırıyorlar.
Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Abimelek nkyɛn wɔ Aruma, kɔka kyerɛɛ no se, “Ebed babarima Gaal ne ne nuabarimanom abɛtena Sekem na wɔretu ɔmanfo no aso sɛ wɔnsɔre ntia wo.
32 Gel, adamlarınla birlikte gece kırda pusuya yat.
Fa asraafo bra anadwo bɛtɛw mfuw yi mu.
33 Sabah güneş doğar doğmaz kalk, kenti bas. Gaal ile adamları sana saldırdığında onlara yapacağını yap.”
Ade kyee ara pɛ, tow hyɛ kuropɔn yi so. Na sɛ Gaal ne nʼapamfo ba betia wo a, nea wopɛ biara wutumi yɛ wɔn.”
34 Böylece Avimelek'le adamları gece kalkıp dört bölük halinde Şekem yakınında pusuya yattılar.
Na Abimelek ne ne mmarima kɔɔ anadwo no, na wɔkyɛɛ wɔn mu akuw anan de twaa Sekem ho hyiae.
35 Ebet oğlu Gaal çıkıp kentin giriş kapısında durunca, Avimelek'le yanındakiler pusu yerinden fırladılar.
Bere a Abimelek ne nʼakofo pue fii ahintawee mu no, na Gaal gyina kurow no pon ano.
36 Gelenleri gören Gaal, Zevul'a, “Dağların tepesinden inip gelenlere bak!” dedi. Zevul, “Adam sandığın aslında dağların gölgesidir” diye karşılık verdi.
Bere a Gaal huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ Sebul se, “Hwɛ, nnipa bi fi bepɔw no so reba!” Sebul buae se, “Ɛyɛ mmepɔw no sunsuma na ayɛ sɛ nnipa no.”
37 Ama Gaal ısrar etti: “Bak, topraklarımızın ortasında ilerleyenler var. Bir kısmı da Falcılar Meşesi yolundan geliyor.”
Nanso Gaal san kae se, “Dabi, nnipa bi resian mmepɔw no. Na kuw foforo nso nam ɔkwan a ɛfa Akɔmfo Dupɔn ho no reba.”
38 Bunun üzerine Zevul, “‘Avimelek kim ki, ona hizmet edelim’ diye övünen sen değil miydin?” dedi, “Küçümsediğin halk bu değil mi? Haydi şimdi git, onlarla savaş!”
Afei, Sebul dan guu ne so se, “Anosɛm a na woyɛ no ase ne dɛn? Ɛnyɛ wo ara na wokae se ‘Hena ne Abimelek, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nkoa’ no? Ɛnyɛ nnipa yi na wudii wɔn ho fɛw no? Kɔ na wo ne wɔn nkɔko!”
39 Şekem halkına öncülük eden Gaal, Avimelek'le savaşa tutuştu.
Enti Gaal dii Sekem mmarima anim sɛ wɔrekɔko atia Abimelek,
40 Ama tutunamayıp kaçmaya başladı. Avimelek ardına düştü. Kentin giriş kapısına dek çok sayıda ölü yerde yatıyordu.
nanso odii nkogu na oguanee. Wokunkum Sekem akofo bebree sɛw wɔn afunu kɛtɛ wɔ ɔkwan a ɛkɔ kuropɔn no pon ano no so.
41 Avimelek Aruma'da kaldı. Zevul ise Gaal'ı ve kardeşlerini Şekem'den kovdu, kentte yaşamalarına izin vermedi.
Abimelek tenaa Aruma na Sebul pam Gaal ne ne nuanom mmarima fii Sekem.
42 Savaşın ertesi günü Avimelek Şekemliler'in tarlalarına gittiklerini haber aldı.
Ade kyee no, Sekemfo no kɔɔ wura mu sɛ wɔrekɔko. Abimelek tee no,
43 Adamlarını üç bölüğe ayırıp kırda pusuya yattı. Halkın kentten çıktığını görünce saldırıp onları öldürdü.
ɔkyɛɛ ne mmarima mu akuwakuw abiɛsa ma wɔkɔtetɛw wura mu. Bere a Abimelek huu sɛ nnipa no fi kuropɔn no mu reba no, ɔne ne mmarima no fii wɔn ahintawee mu tow hyɛɛ wɔn so.
44 Sonra yanındaki bölükle hızla ilerleyerek kentin giriş kapısına dayandı. Öbür iki bölükse tarlalardakilere saldırıp onları öldürdü.
Abimelek ne ne kuw no kogyee kuropɔn no pon ano hɔ fae sɛnea ɛbɛyɛ a Sekemfo rentumi nsan wɔn akyi. Afei, akuw abien tow hyɛɛ Sekemfo a wɔwɔ wuram hɔ no so kunkum wɔn.
45 Avimelek gün boyu kente karşı savaştı; kenti ele geçirdikten sonra halkını kılıçtan geçirdi. Kenti yıkıp üstüne tuz serpti.
Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa ansa na Abimelek redi kuropɔn no so koraa. Okunkum nnipa no, sɛee kuropɔn no, na ɔpetee nkyene wɔ hɔ nyinaa.
46 Şekem Kulesi'ndeki halk olup biteni duyunca, El-Berit Tapınağı'nın kalesine sığındı.
Nnipa a wɔte Sekem abantenten mu tee asɛm a asi no, wokohintaw Baal-Berit nsɔree so.
47 Onların Şekem Kulesi'nde toplandığını haber alan Avimelek,
Obi kɔbɔɔ Abimelek amanneɛ sɛ nnipa no bi aboa wɔn ho ano wɔ nsɔree so hɔ,
48 yanındaki halkla birlikte Salmon Dağı'na çıktı. Eline bir balta alıp ağaçtan bir dal kesti, dalı omuzuna atarak yanındakilere, “Ne yaptığımı gördünüz” dedi, “Çabuk olun, siz de benim gibi yapın.”
enti odii nʼakofo anim kɔɔ Salmon Bepɔw so. Ɔfaa abonnua twaa mman bi fii dua bi so na ɔde guu ne mmati so. Ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Ntɛm, nea mayɛ yi, monyɛ bi!”
49 Böylece hepsi birer dal kesip Avimelek'i izledi. Dalları kalenin dibinde yığıp ateşe verdiler. Şekem Kulesi'ndeki bin kadar kadın, erkek yanarak öldü.
Enti wɔn mu biara twitwaa dua mman no bi, sɛnea Abimelek yɛe no. Wɔboaa mman no ano wɔ nsɔree so no afasu ho de ogya too mu. Enti nnipa a na wɔte Sekem abantenten mu a wɔn dodow bɛyɛ mmarima ne mmea apem no nyinaa wuwui.
50 Bundan sonra Avimelek Teves üzerine yürüdü, kenti kuşatıp ele geçirdi.
Afei Abimelek tow hyɛɛ kuropɔn Tebes so dii so.
51 Kentin ortasında sağlam bir kule vardı. Kadın erkek bütün kent halkı oraya sığındı. Kapıları kapayıp kulenin damına çıktılar.
Nanso na abandennen bi wɔ kuropɔn no mu. Ɛno nti, kuropɔn no mu nnipa nyinaa guan kɔhyɛɛ mu. Wɔtoo wɔn ho pon mu, foforo kɔɔ abandennen no atifi pɛɛ.
52 Avimelek gelip kuleyi kuşattı. Ateşe vermek için kapısına yaklaştığında,
Abimelek toaa wɔn sɛ ɔrekɔtow ahyɛ abandennen no so. Ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔreto mu gya pɛ,
53 bir kadın değirmenin üst taşını Avimelek'in üzerine atıp başını yardı.
ɔbea bi a ɔwɔ abandennen no atifi gyaa awiyammo mu ma ɛbɛbɔɔ Abimelek moma so na ɛpɛtɛw ne ti koraa.
54 Avimelek hemen silahlarını taşıyan uşağını çağırdı ve, “Kılıcını çek, beni öldür” dedi, “Hiç kimse, ‘Avimelek'i bir kadın öldürdü’ demesin.” Uşak kılıcını Avimelek'e saplayıp onu öldürdü.
Abimelek ka kyerɛɛ aberante a okura nʼakode no se, “Twe wʼafoa na kum me! Na nnipa anka sɛ ɔbeabasia na okum Abimelek!” Enti aberante no de nʼafoa wɔɔ no maa owui.
55 Avimelek'in öldüğünü görünce İsrailliler evlerine döndüler.
Bere a Abimelek nkurɔfo huu sɛ wawu no, wɔde wɔn akode guu hɔ san kɔɔ wɔn afi mu.
56 Böylece Tanrı yetmiş kardeşini öldürerek babasına büyük kötülük eden Avimelek'i cezalandırdı.
Saa na Onyankopɔn twee Abimelek aso wɔ bɔne a ɔyɛ de tiaa nʼagya sɛ okum ne nuabarimanom aduɔson no.
57 Tanrı Şekem halkını da yaptıkları kötülüklerden ötürü cezalandırdı. Yerubbaal'ın oğlu Yotam'ın lanetine uğradılar.
Saa ara na Onyankopɔn twee mmarima a wɔwɔ Sekem aso wɔ wɔn bɔne ahorow a wɔyɛɛ no ho. Ɛno nti, Yerub-Baal babarima Yotam nnome no baa mu.

< Hâkimler 9 >