< Eyüp 3 >
1 Sonunda Eyüp ağzını açtı ve doğduğu güne lanet edip şöyle dedi:
Akyire no, Hiob kasaeɛ, na ɔdomee ɛda a wɔwoo no.
3 “Doğduğum gün yok olsun, ‘Bir oğul doğdu’ denen gece yok olsun!
“Ma ɛda a wɔwoo me no nyera, ne anadwo a wɔkaa sɛ, ‘Wɔawo ɔbabarima no!’
4 Karanlığa bürünsün o gün, Yüce Tanrı onunla ilgilenmesin, Üzerine ışık doğmasın.
Saa ɛda no nnuru sum; mma Ɔsoro Onyankopɔn nhwehwɛ akyire kwan; mma hann biara ntɔ ngu so.
5 Karanlık ve ölüm gölgesi sahip çıksın o güne, Bulut çöksün üzerine; Işığını karanlık söndürsün.
Ma esum ne owusum nnye no mfa; ma omununkum nkata so; na esum mmunkam ne hann so.
6 Zifiri karanlık yutsun o geceyi, Yılın günleri arasında sayılmasın, Aylardan hiçbirine girmesin.
Ma esum kabii nnye saa anadwo no mfa; ma wɔnyi saa anadwo no mfiri asranna so na wɔmmfa nhyɛ ɔbosome biara mu.
7 Kısır olsun o gece, Sevinç sesi duyulmasın içinde.
Saa anadwo no nyɛ obonini; mma wɔnnte anigyeɛ nteam wɔ mu.
8 Günleri lanetleyenler, Livyatan'ı uyandırmaya hazır olanlar, O günü lanetlesin.
Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa ɛda no; wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkanyane dɛnkyɛmmirampɔn no.
9 Akşamının yıldızları kararsın, Boş yere aydınlığı beklesin, Tan atışını görmesin.
Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum; na ɔntwɛne adekyeeɛ kwa a ɔnhunu anɔpa owia nsensaneɛ a ɛdi ɛkan,
10 Çünkü sıkıntı yüzü görmemem için Anamın rahminin kapılarını üstüme kapamadı.
ɛfiri sɛ anto deɛ ɔwoo me awotwaa mu ama wawo me, anka mʼani nhunu saa abɛbrɛsɛ yi.
11 “Neden doğarken ölmedim, Rahimden çıkarken son soluğumu vermedim?
“Adɛn enti na manwu awoeɛ hɔ, ɛberɛ a mefiri me maame awotwaa mu no?
12 Neden beni dizler, Emeyim diye memeler karşıladı?
Adɛn enti na nkotodwe gyee me ne nufoɔ sɛ mennum?
13 Çünkü şimdi huzur içinde yatmış, Uyuyup dinlenmiş olurdum;
Anka sɛsɛɛ meda hɔ asomdwoeɛ mu; anka mada regye mʼahome
14 Yaptırdıkları kentler şimdi viran olan Dünya kralları ve danışmanlarıyla birlikte,
me ne ewiase ahemfo ne fotufoɔ, wɔn a wɔsisii adan maa wɔn ho na ɛnnɛ yi abubuo no,
15 Evlerini gümüşle dolduran Altın sahibi önderlerle birlikte.
me ne sodifoɔ a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ, wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afie mu ma.
16 Neden düşük bir çocuk gibi, Gün yüzü görmemiş yavrular gibi toprağa gömülmedim?
Anaasɛ adɛn enti na wɔansie me sɛ ɔpɔn ba, te sɛ abadomaa a wanhunu adekyeeɛ hann da?
17 Orada kötüler kargaşayı bırakır, Yorgunlar rahat eder.
Ɛhɔ na amumuyɛfoɔ gyae basabasayɛ, na abrɛfoɔ nya ahomegyeɛ.
18 Tutsaklar huzur içinde yaşar, Angaryacının sesini duymazlar.
Nneduafoɔ nso nya wɔn ahofadie; na wɔnte nnommumfoɔ wuranom ateatea bio.
19 Küçük de büyük de oradadır, Köle efendisinden özgürdür.
Nketewa ne akɛseɛ wɔ hɔ, na akoa de ne ho firi ne wura nsam.
20 “Niçin sıkıntı çekenlere ışık, Acı içindekilere yaşam verilir?
“Adɛn enti na wɔma mmɔborɔfoɔ hann, na ɔkra mu ahohiahiafoɔ nya nkwa?
21 Oysa onlar gelmeyen ölümü özler, Onu define arar gibi ararlar;
Wɔn kɔn dɔ owuo, nanso ɛmma. Wɔbrɛ hwehwɛ owuo sene sɛdeɛ wɔhwehwɛ akoradeɛ.
22 Mezara kavuşunca Neşeden coşar, sevinç bulurlar.
Sɛ wɔwu a, wɔn ani gye na wɔduru damena mu a, wɔdi ahurisie.
23 Neden yaşam verilir nereye gideceğini bilmeyen insana, Çevresini Tanrı'nın çitle çevirdiği kişiye?
Adɛn enti na wɔde nkwa ma onipa a ɔnni daakye, deɛ Onyankopɔn aka no ahyɛ mu?
24 Çünkü iniltim ekmekten önce geliyor, Su gibi dökülmekte feryadım.
Ahomekokoguo adane mʼaduane; na mʼapinisie gu te sɛ nsuo.
25 Korktuğum, Çekindiğim başıma geldi.
Deɛ na mesuro no aba me so; deɛ na ɛbɔ me hu no ato me.
26 Huzur yok, sükûnet yok, rahat yok, Yalnız kargaşa var.”
Menni ahotɔ, menni asomdwoeɛ; menni ahomegyeɛ na mmom, ɔhaw nko ara.”