< Yeşaya 50 >

1 RAB şöyle diyor: “Boşadığım annenizin boşanma belgesi nerede? Hangi alacaklıma sattım sizi? Suçlarınız yüzünden satıldınız, Anneniz isyanlarınız yüzünden dışlandı.
Sɛɛ na Awurade se: “Ɛhe na awaregyae ho adansedi nhoma, nea migyinaa so gyaa no kwan no wɔ? Anaa sɛ mʼadefirifo mu hena na metɔn wo maa no? Wo bɔne nti na wɔtɔn wo; Wʼamumɔyɛ nti na wɔpam wo na.
2 Geldiğimde neden kimse yoktu, Çağırdığımda niçin yanıt veren olmadı? Sizi kurtaramayacak kadar kısa mı elim, Ya da gücüm yok mu sizi özgür kılmaya? Azarlayarak denizi kurutur, Irmakları çöle çeviririm. Su kalmayınca balıklar ölür ve kokar.
Mebae no, adɛn nti na na obiara nni hɔ? Mefrɛe no, adɛn nti na obiara annye so? Na me nsa yɛ tia dodo sɛ ebegye wo ana? Minni ahoɔden a mede begye wo ana? Mede mʼanimka kɛkɛ no ma po yow, medan nsubɔnten nweatam mu mpataa porɔw esiane nsu a wonnya nti na osukɔm kum wɔn.
3 Göklere karalar giydirir, Çul ederim onların örtüsünü.”
Mede sum fura ɔsoro na mema atweaatam yɛ ne nkataho.”
4 Yorgunlara sözle destek olmayı bileyim diye Egemen RAB bana eğitilmişlerin dilini verdi. Eğitilenler gibi dinleyeyim diye kulağımı uyandırır her sabah.
Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma sɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfo den. Onyan me anɔpa biara, na obue mʼaso ma mitie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.
5 Egemen RAB kulağımı açtı, Karşı koymadım, geri çekilmedim.
Otumfo Awurade abue mʼaso na menyɛɛ otuatewfo ɛ; na mensan mʼakyi ɛ.
6 Bana vuranlara sırtımı açtım, Yanaklarımı uzattım sakalımı yolanlara. Aşağılamalardan, tükürükten yüzümü gizlemedim.
Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me, ne mʼafono maa wɔn a wotutu mʼabogyesɛ. Mamfa mʼanim anhintaw wɔn fɛwdi ne ntasu ho.
7 Egemen RAB bana yardım ettiği için Utanç duymam. Kararımdan dönmem, Utandırılmayacağımı bilirim.
Esiane sɛ, Asafo Awurade boa me nti, wɔrengu mʼanim ase. Enti na mayɛ mʼanim sɛ ɔtwɛrebo, na minim sɛ mʼanim rengu ase.
8 Beni haklı çıkaran yakınımda. Benden davacı olan kim, yüzleşelim, Kimdir hasmım, karşıma çıksın.
Nea obu me bem no abɛn. Enti hena na ɔbɛbɔ me kwaadu? Ɔmma yenhyia mu! Hena na ɔbɔ me sobo? Ma ɔnka nsi mʼanim!
9 Bana yardım eden Egemen RAB'dir, Kim suçlu çıkaracak beni? Onların hepsi giysi gibi eskiyecek, Tümünü güve yiyip bitirecek.
Asafo Awurade na ɔboa me. Hena ne nea obebu me fɔ? Wɔn nyinaa bɛtetew sɛ atade; nnwewemmoa bɛwe wɔn.
10 Aranızda RAB'den korkan, Kulunun sözünü dinleyen kim var? Karanlıkta yürüyen, ışığı olmayan, RAB'bin adına güvensin, Tanrısı'na dayansın.
Mo mu hena na osuro Awurade, na odi ne somfo asɛm so? Ma nea ɔnam sum mu nea onni hann no, onnye Awurade din nni na ɔmfa ne ho nto ne Nyankopɔn so.
11 Ama ateş yakan, Alevli oklar kuşanan sizler, hepiniz, Ateşinizin aydınlığında, Tutuşturduğunuz alevli okların arasında yürüyün. Benden alacağınız şudur: Azap içinde yatacaksınız.
Na afei, mo a mososɔ ogya nyinaa na moyɛ ogyatɛn ma mo ho, monkɔ, nkɔnantew mo gya hann no, ne ogyatɛn a wɔasɔ ano no mu. Eyi ne nea mubenya afi me nsa mu; mobɛdeda fam wɔ ɔyaw mu.

< Yeşaya 50 >