< Hezekiel 29 >

1 Sürgünlüğümüzün onuncu yılı, onuncu ayın on ikinci günü RAB bana şöyle seslendi:
Mfe du so ɔsram a ɛto so du no da a ɛto so dumien no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2 “İnsanoğlu, yüzünü firavuna çevir, ona ve Mısır'a karşı peygamberlik et.
“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa.
3 Onlara de ki, ‘Egemen RAB şöyle diyor: “‘Kendi kanallarının içinde yatan Büyük canavar firavun, İşte, sana karşıyım. Sen ki, Nil benimdir, Onu kendim için yaptım dersin.
Kasa kyerɛ no na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se. “‘Me ne wo anya, Misraimhene Farao asuboa kɛse a woda wo nsuwansuwa mu.’” Woka se, “Nil yɛ mede; meyɛ maa me ho.”
4 Çenelerine çengeller takacak, Kanallarındaki balıkları Senin pullarına yapıştıracağım. Pullarına yapışmış balıklarla birlikte Seni kanallarından çıkaracağım.
Na mede nnarewa besuso wʼabogye mu na mama mpataa a wɔwɔ wo nsuwansuwa mu no atetare wʼabon ho. Mɛtwe wo afi wo nsuwansuwa no mu, a mpataa no nyinaa tetare wo ho.
5 Seni de kanallarındaki bütün balıkları da Çöle atacağım. Kırlara düşeceksin, Toplanmayacak, gömülmeyeceksin. Seni yem olarak yabanıl hayvanlara Ve yırtıcı kuşlara vereceğim.
Megyaw wo hɔ wɔ sare no so, wo ne mpataa a wɔwɔ wo nsuwansuwa mu no nyinaa. Mobɛhwe ase wɔ asase petee mu a wɔremma mo so bio. Mede wo bɛma asase so mmoa ne wim nnomaa sɛ wɔn aduan.
6 O zaman Mısır'da yaşayan herkes Benim RAB olduğumu anlayacak. “‘Çünkü sen İsrail halkına kamış bir değnek oldun.
Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa behu sɛ mene Awurade no. “‘Woayɛ sɛ demmire pema ama Israelfi.
7 Seni elleriyle tuttuklarında parçalanıp onların omuzlarını yardın. Sana dayandıklarında parçalanıp bellerini burktun.
Wɔde wɔn nsa soo wo mu no, wo mu bukaw ma wuhuruwii, wotwerii wo no, wo mu bu ma wobɔɔ pemmɔ.
8 “‘Bu yüzden Egemen RAB şöyle diyor: Üzerine halkını ve hayvanlarını öldürecek bir kılıç gönderiyorum.
“‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede afoa bɛba abɛko atia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa.
9 Mısır kimsesiz bırakılacak, viraneye çevrilecek. O zaman benim RAB olduğumu anlayacaklar. “‘Madem Nil benimdir, onu ben yaptım dedin,
Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wobehu sɛ mene Awurade. “‘Efisɛ wokae se, “Nil yɛ me de; me na meyɛe,” enti
10 ben de sana ve kanallarına karşıyım. Mısır'ı Migdol'dan Asvan'a, Kûş sınırına dek kimsesiz bırakacak, viraneye çevireceğim.
me ne wo ne wo nsuwansuwa na anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, efi Migdol kosi Aswan twa mu de kɔka Kus hye so.
11 İçinden insan ayağı da, hayvan ayağı da geçmeyecek. Kırk yıl orada kimse yaşamayacak.
Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfe aduanan.
12 Mısır'ı ıssız kalmış ülkeler gibi ıssız bırakacağım. Kentleri, viran olmuş kentler arasında kırk yıl kimsesiz kalacak. Mısırlılar'ı uluslar arasına gönderecek, ülkelere dağıtacağım.
Mɛma Misraim asase no ada mpan wɔ nsase a asɛe mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfe aduanan wɔ wɔn nkuropɔn a asɛe no mu. Na mɛbɔ Misraimfo apete wɔ amanaman mu, na mahwete wɔn wɔ nsase so.
13 “‘Egemen RAB şöyle diyor: Kırk yıl sonra onları dağılmış oldukları uluslardan toplayacağım.
“‘Nanso sɛɛ ne nea Otumfo Awurade se: Mfe aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfo ano afi aman a mebɔɔ wɔn petee so no so.
14 Sürgündekileri geri getirip Patros'a, yurtlarına döndüreceğim. Orada güçsüz bir krallık oluşturacaklar.
Mede wɔn befi nnommumfa mu aba na mede wɔn akɔ Misraim Atifi, wɔn nenanom asase. Ɛhɔ na wɔbɛyɛ ahenni mu kumaa bi.
15 Krallıkların en güçsüzü olacak, bir daha ulusların üzerinde egemenlik sürmeyecek. Ulusları yönetmesinler diye onları küçük düşüreceğim.
Ɛbɛyɛ ahenni a ɛnyɛ den na ɛrentumi mma ne ho so wɔ aman a aka no mu. Mɛyɛ no ahenni a ɛrentumi nni aman afoforo so.
16 Mısır bir daha İsrail halkının güveneceği bir yer olmayacak. Ancak Mısırlılar onlara Mısır'a dönmekle işledikleri günahı anımsatacaklar. O zaman İsrailliler benim Egemen RAB olduğumu anlayacaklar.’”
Misraim renyɛ ɔman a Israelfo de wɔn ho bɛto no so bio, mmom ɛbɛkae wɔn bɔne a wɔyɛɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔdan no de pɛɛ mmoa. Afei, wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.’”
17 Sürgünlüğümüzün yirmi yedinci yılı, birinci ayın birinci günü RAB bana şöyle seslendi:
Mfe aduonu ason so, ɔsram a edi kan no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
18 “İnsanoğlu, Babil Kralı Nebukadnessar ordusunu Sur Kenti'ne karşı büyük bir saldırıya geçirdi; herkesin saçı döküldü, ağır yük yüzünden omuz derileri yüzüldü. Ama Sur'a karşı ordusunu saldırıya geçirmesine karşın, bundan ne kendisi ne de ordusu yararlandı.
“Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼasraafo tuu Tiro so sa abran so, eti biara so pepae, na ɔbati nso so popɔree. Nanso ɔne nʼasraafo no annya hwee amfi adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu.
19 Bu yüzden Egemen RAB şöyle diyor: Mısır'ı Babil Kralı Nebukadnessar'a vereceğim, onun servetini alıp götürecek. Ordusuna ücret olarak ülkeden yağmaladığı çapul malını dağıtacak.
Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahode akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼasraafo.
20 Hizmetine karşılık Mısır'ı ona verdim; çünkü o da ordusu da bana hizmet ettiler. Egemen RAB böyle diyor.
Mede Misraim ama no sɛ nʼadwumayɛ so akatua, efisɛ ɔne nʼakofo yɛ maa me, Otumfo Awurade asɛm ni.
21 “O gün İsrail halkını güçle donatacağım. Onların arasında senin dilini çözeceğim. O zaman benim RAB olduğumu anlayacaklar.”
“Saa da no mɛma abɛn bi afifi ama Israelfi, na mebue wʼano wɔ wɔn mu. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.”

< Hezekiel 29 >