< Daniel 10 >

1 Pers Kralı Koreş'in krallığının üçüncü yılında Belteşassar diye çağrılan Daniel'e bir giz açıklandı. Büyük bir savaşla ilgili olan bu giz gerçekti. Daniel görümde kendisine açıklanan gizi anladı.
Persiahene Kores adedie afeɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel (a na wɔfrɛ no Beltesasar). Na nkra no yɛ nokorɛ, na ɛfa ɔko kɛseɛ bi ho. Ɔnyaa nkra no asekyerɛ wɔ anisoadehunu mu.
2 O sırada ben Daniel üç haftadır yas tutuyordum.
Saa ɛberɛ no, me, Daniel, medii awerɛhoɔ nnawɔtwe mmiɛnsa.
3 Üç hafta dolana dek ağzıma ne güzel bir yiyecek ya da et koydum, ne şarap içtim, ne de yağ süründüm.
Manni aduane pa biara. Ɛnam anaa nsã biara anka mʼano, na mamfa sradehwam ansra kɔsii nnawɔtwe mmiɛnsa no awieeɛ.
4 Birinci ayın yirmi dördüncü günü, Büyük Irmak'ın, yani Dicle'nin kıyısındayken,
Ɔbosome a ɛdi ɛkan no, da a ɛtɔ so aduonu ɛnan, ɛberɛ a megyina asubɔnten kɛseɛ Tigris konkɔn so no,
5 gözlerimi kaldırıp bakınca keten giysi giyinmiş, beline Ufaz altınından kemer kuşanmış bir adam gördüm.
mepagyaa mʼani na mehunuu ɔbarima bi a ɔfira nweratam. Na ɔbɔ sikakɔkɔɔ amapa abɔsoɔ a ɛfiri Ufas wɔ nʼasene mu.
6 Bedeni sarı yakut gibiydi. Yüzü şimşek gibi parlıyordu. Gözleri alevli meşalelere benziyordu. Kollarıyla bacakları cilalı tunç gibi parlıyor, sesi büyük bir kalabalığın çıkardığı gürültüyü andırıyordu.
Ne onipadua no te sɛ aboɔdenboɔ. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ, ne nsa ne nan te sɛ yaawa a wɔabere ho hyerɛn, na ne nne nso te sɛ nipakuo nnyegyeɛ.
7 Görümü yalnız ben Daniel gördüm. Yanımdakiler görmediler, ama dehşete düşerek gizlenmek için kaçtılar.
Me, Daniel nko ara na mehunuu saa anisoadehunu no; nnipa a na wɔka me ho no anhunu hwee. Ehu kɛseɛ bi bɔɔ wɔn ma wodwane kɔtetɛeɛ.
8 Böylece ben yalnız kaldım. Bu büyük görümü seyrederken gücüm tükendi, benzim büsbütün soldu, kendimi toparlayamadım.
Enti, ɛkaa me nko ara a merehwɛ anisoadehunu kɛseɛ yi. Na mʼahoɔden asa, mʼanim too hoa, afei na menni ɔboafoɔ biara.
9 Sonra adamın sesini duyunca yüzüstü yere düşüp derin bir uykuya daldım.
Na metee sɛ ɔrekasa, na meretie no no, mefaa mu daa nnahɔɔ a mʼanim butu fam.
10 Derken bir el dokundu, titredim; beni dizlerimle ellerimin üzerine kaldırdı.
Nsa bi sɔɔ me mu, pagyaa me a me nsa ne me kotodwe rewoso biribiribiri.
11 Bana, “Ey Daniel, sen ki çok sevilen birisin!” dedi, “Ayağa kalk ve söyleyeceklerime iyi kulak ver. Çünkü sana gönderildim.” O bunları söyler söylemez titreyerek ayağa kalktım.
Ɔkaa sɛ, “Daniel, wo a wɔbu wo yie, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopoɔ sɔreeɛ.
12 “Korkma, ey Daniel!” diye devam etti, “Anlayışa erişmeye ve kendini Tanrın'ın önünde alçaltmaya karar verdiğin gün duan işitildi. İşte bu yüzden geldim.
Afei, ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Nsuro, Daniel. Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a wopɛɛ sɛ wote anisoadehunu no ase na wobrɛɛ wo ho ase wɔ wo Onyankopɔn anim no na ɔtee wo nsɛm, na ɛno enti na maba yi.
13 Pers krallığının önderi yirmi bir gün bana karşı durdu. Sonra baş önderlerden Mikail bana yardıma geldi, çünkü orada, Pers krallarının yanında alıkonulmuştum.
Nanso, ɔhene babarima a ɔfiri Persia ahennie mu sii me ɛkwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitire no mu baako bɛboaa me, ɛfiri sɛ na wɔde me asie wɔ Persia ɔhene nkyɛn.
14 Son günlerde halkının başına neler geleceğini sana açıklamak için geldim şimdi, çünkü bu görüm gelecekle ilgilidir.”
Seesei, maba sɛ merebɛkyerɛkyerɛ wo deɛ ɛbɛba wo nkurɔfoɔ so daakye, ɛfiri sɛ saa anisoadehunu yi fa berɛ bi a ɛrebɛba ho.”
15 O bunları söyleyince, suskun suskun yere baktım.
Ɛberɛ a ɔreka yei akyerɛ me no, mebɔɔ me mu ase, na metɔree mum.
16 Derken insanoğluna benzeyen biri dudaklarıma dokundu. Ben de ağzımı açıp konuşmaya başladım. Karşımda durana, “Ey efendim, bu görüm yüzünden acı çekiyorum, kendimi toparlayamıyorum” dedim,
Afei, obi a ɔte sɛ onipa de ne saa kaa mʼano, na mebuee mʼano, hyɛɛ aseɛ kasaeɛ. Meka kyerɛɛ deɛ ɔgyina mʼanim no sɛ, “Anisoadehunu no ama me ho adwiri me, me wura, na menni ɔboafoɔ biara.
17 “Ben kulun nasıl seninle konuşayım? Gücüm tükendi, soluğum kesildi.”
Ɛbɛyɛ dɛn na wʼakoa bɛtumi ne wo akasa, me wura? Mʼahoɔden asa, na mentumi nhome.”
18 İnsana benzeyen varlık yine dokunup beni güçlendirdi.
Deɛ ɔte sɛ onipa no de ne nsa kaa me bio, na ɔmaa me ahoɔden.
19 “Ey çok sevilen adam, korkma!” dedi, “Esenlik olsun sana! Güçlü ol! Evet, güçlü ol!” O benimle konuşunca güçlendim. “Konuşmanı sürdür, efendim, çünkü bana güç verdin” dedim.
Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuro, wo a wɔbu wo bebree. Asomdwoeɛ nka wo. Hyɛ wo ho den. Yɛ den.” Ɔkasa kyerɛɛ me no, menyaa ahoɔden na mekaa sɛ, “Sɛ woama me ahoɔden yi, kasa, me wura.”
20 Bunun üzerine, “Sana neden geldiğimi biliyor musun?” dedi, “Çok yakında dönüp Pers önderiyle savaşacağım. Ben gidince Grek önderi gelecek.
Enti ɔbisaa sɛ, “Wonim deɛ enti a maba wo nkyɛn? Ɛrenkyɛre, mɛsane akɔ na me ne Persia ɔhene babarima akɔko, na sɛ mekɔ a, Hela ɔhene babarima bɛba;
21 Ama önce Gerçek Kitap'ta neler yazıldığını sana bildireceğim. Onlara karşı önderiniz Mikail dışında bana yardım eden kimse yok.
nanso, mɛdi ɛkan aka deɛ wɔatwerɛ wɔ Nokorɛ Nwoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye sɛ Mikael a ɔyɛ wo henebabarima no.

< Daniel 10 >