< 1 Krallar 6 >

1 İsrail halkı Mısır'dan çıktıktan dört yüz seksen yıl sonra, Süleyman, krallığının dördüncü yılının ikinci ayı olan Ziv ayında RAB'bin Tapınağı'nın yapımına başladı.
Mfe ahannan aduɔwɔtwe a wogyee Israelfo fii nkoasom mu wɔ Misraim no a na Salomo nso adi Israel so hene mfe anan no ɔsram Sif mu no, ofii ase sii Awurade Asɔredan no.
2 Kral Süleyman'ın RAB için yaptığı tapınağın uzunluğu altmış, genişliği yirmi, yüksekliği otuz arşındı.
Asɔredan a ɔhene Salomo si maa Awurade no tenten mu yɛ anammɔn aduɔkron, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduanan anum.
3 Tapınağın ana bölümünün önündeki eyvan tapınağın genişliğinde olup yirmi arşındı. Eyvan tapınağın önünden ileriye doğru on arşındı.
Ntwironoo a ɛda asɔredan no anim no tenten yɛ anammɔn aduasa, a ɛne asɔredan no ntrɛwmu yɛ pɛ. Na ne trɛw nso yɛ anammɔn dunum.
4 Süleyman tapınakta dışa doğru daralan kafesli pencereler yaptırdı.
Salomo yɛɛ mfɛnsere wɔ ɔfasu no soro hyiae.
5 Tapınağın dış cephesine bitişik, ana bölümün ve iç odanın çevresindeki duvarlara bitişik, odalardan oluşan katlar yaptırdı.
Asɔredan no fasu no akyi no nso, wosisii adan bebree bataa ho hyiae.
6 Alt kat beş arşın, orta kat altı arşın, üst kat yedi arşın genişliğindeydi. Kirişler tapınağın duvarlarına girmesin diye duvarların çevresinde dışarıya doğru çıkıntılar bıraktı.
Na ɛyɛ aban a ɛtoa so abiɛsa a ase dan no trɛw mu yɛ anammɔn ason ne fa. Aban a ɛto so abien no trɛw yɛ anammɔn akron na apampamu dan no trɛw yɛ anammɔn du ne fa. Wɔde mpuran a egugu dannua bi a ɛhyehyɛ ɔfasu no mu na aka adan no abatabata ɔfasu no ho. Enti ɛkyerɛ sɛ wɔamfa mpuran no anhyehyɛ ɔfasu no ankasa mu.
7 Tapınağın yapımında kullanılan taşlar taş ocaklarında yontulmuştu. Onun için yapım halindeki tapınakta çekiç ve balta dahil hiçbir demir aletin sesi duyulmadı.
Na abo a wɔde sii asɔredan no nso, wosiesiee ho wɔ abopaebea hɔ nti, ɔdan no si no, obi ante asae, pɛe anaa dade biara nnyigyei wɔ ɔdansibea hɔ.
8 Aşağı yan katın girişi tapınağın güneyindeydi. Döner bir merdivenle orta kata, oradan da üçüncü kata çıkılırdı.
Na ɔkwan a wɔde kɔ ase adan no mu no da Asɔredan no anafo fam. Atrapoe kyinkyimii na wɔforo kɔ ɔdan a ɛto so abien no so na foforo nso wɔ adan a ɛto so abien ne abiɛsa no ntam.
9 Süleyman tapınağı yapıp tamamladı. Üstünü sedir ağacından direklerle, kalın tahtalarla kapattı.
Wowiee asɔredan no si no, Salomo de nnua ne sida mpuran yɛɛ ani nsamso no.
10 Dış duvarlara bitişik katlar tapınağın çevresini kapsıyordu. Her birinin yüksekliği beş arşındı. Bunlar sedir ağacından kirişlerle tapınağa eklendi.
Sɛnea wɔaka no, na adan wowɔ ɔdan no afanan nyinaa a wɔnam sida so de abata Asɔredan no afasu no ho. Ɔdan no mu biara sorokɔ yɛ anammɔn ason.
11 RAB, Süleyman'a şöyle seslendi:
Na Awurade de saa asɛm yi brɛɛ Salomo se,
12 “Bu tapınağı yapmaktasın. Kurallarıma, ilkelerime ve bütün buyruklarıma uyup onlara bağlı kalırsan, baban Davut'a verdiğim sözü senin aracılığınla yerine getireceğim.
“Saa Asɔredan a woresi yi de, sɛ woyɛ osetie ma me mmara nyinaa ne me nhyehyɛe, na wudi me hyɛ nsɛm so a, menam wo so bedi bɔ a mehyɛɛ wʼagya Dawid no so.
13 Halkım İsrail'in arasında yaşayıp onları hiç terk etmeyeceğim.”
Mɛtena Israel manfo mu, na merempa me nkurɔfo akyi da.”
14 Süleyman tapınağı yapıp bitirdi.
Na Salomo wiee asɔredan no si.
15 Tapınağın iç duvarlarının yüzeyini sedir ağaçlarıyla döşeyip üstlerini tabandan tavana kadar tahtalarla kapladı. Tapınağın zeminini ise çam tahtalarla döşetti.
Na emu nyinaa, efi fam kosi nsamso no, wɔde nnua na ɛkataa fasu no anim. Wɔde sida na ɛkataa ɔfasu no anim, na wɔde ɔpepaw kataa abrannaa no so.
16 En Kutsal Yer olarak adlandırılan iç oda, tapınağın arka bölümünde yapıldı. Tabandan tavana kadar sedir tahtasından oluşan bir duvarla öbür bölümlerden ayrıldı. Bu bölümün uzunluğu yirmi arşındı.
Otwaa mu, nyaa kronkronbea a ɛhɔ yɛ kronkron mu kronkron wɔ asɔredan no ti mu hɔ pɛɛ. Na ɛhɔ ntwemu yɛ anammɔn aduasa a wɔde sida asam fam hɔ, de kosi ani nsɛmee no so.
17 Bu iç odanın önündeki ana bölümün uzunluğu ise kırk arşındı.
Asɔredan no ankasa a na ɛwɔ kronkron mu kronkron no akyi no, na ne tenten mu yɛ anammɔn aduosia.
18 Taşlar görünmesin diye tapınağın içi, üzerine sukabağı ve çiçek motifleri oyulmuş sedir tahtalarıyla kaplandı.
Wɔde sida na ɛsam abo afasu a ɛwɔ asɔredan no nyinaa so, na wosen ntoa fɛfɛ ne nhwiren de dii nsɛmee no ani adwinni.
19 Tapınağın içinde RAB'bin Antlaşma Sandığı'nın konacağı iç oda hazırlandı.
Salomo siesiee kronkron mu kronkron a ɛtoa asɔredan no so; faako a wɔde Awurade Apam Adaka no besi.
20 Bu odanın içten içe uzunluğu, genişliği ve yüksekliği yirmişer arşındı. Süleyman odayı saf altınla kaplattı. Sunağı da sedir tahtalarla döşetti.
Saa kronkron mu kronkron no, na ne tenten mu yɛ anammɔn aduasa na ne trɛw yɛ anammɔn aduasa, na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn aduasa. Na Salomo de sikakɔkɔɔ ankasa duraa nʼafasu ne ne nsamso no ho nyinaa. Saa ara na oduraa afɔremuka a wɔde sida ayɛ no ho.
21 Tapınağın içini saf altınla kaplattı; iç odanın önüne altın zincirler asıp orayı da altınla kaplattı.
Afei, asɔredan no mu nkae no, ɔde sikakɔkɔɔ ankasa sam hɔ nyinaa, na ɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn de guu ɔkwan a wɔde kɔ kronkron mu kronkron hɔ, de bɔɔ hɔ ano ban.
22 Böylece iç odadaki sunak dahil, tapınağın içini tamamen altınla kaplatmış oldu.
Enti ɔde sikakɔkɔɔ duraa Asɔredan no ho nyinaa, kronkron mu kronkron ne afɔremuka no nyinaa ho, de wiei.
23 İç odada her biri on arşın yüksekliğinde, iğde ağacından iki Keruv yaptı.
Kronkronbea mu hɔ, ɔde ngodua sen kerubim abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn dunum, de sisii hɔ.
24 Her kanadı beşer arşın olan Keruv'un açık kanatları bir uçtan öbür uca toplam on arşındı.
Kerubim baako biara ntaban mu trɛw yɛ anammɔn dunum a, ntaban baako biara tenten yɛ anammɔn ason ne fa.
25 Öbür Keruv'un kanat açıklığı da on arşındı. Her iki Keruv'un da ölçüsü ve görünüşü aynıydı.
Na kerubim abien no nyinaa tebea ne wɔn kɛse yɛ pɛ
26 İkisinin de yüksekliği on arşındı.
a ɔbaako biara sorokɔ yɛ anammɔn dunum.
27 Süleyman Keruvlar'ı tapınağın iç odasına yerleştirdi. Keruvlar'dan birinin açık kanadı bir duvara, ötekinin kanadı karşı duvara erişirken, öbür kanatları da odanın ortasında birbirine değiyordu.
Salomo de wɔn sisi bɛnee wɔn ho wɔn ho wɔ asɔredan kronkronbea mu hɔ. Wɔn ntaban mu trɛw no fi ɔfasu baako kɔka ɔfasu baako. Na wɔn ntaban a ɛwɔ ntam no hyia ɔdan no mfimfini.
28 Süleyman Keruvlar'ı da altınla kaplattı.
Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa kerubim abien no ho.
29 Tapınağın iç ve dış odalarının bütün duvarlarını kabartma Keruvlar, hurma ağaçları ve çiçek motifleriyle süsletti.
Na kronkronbea mu afasu ne ɔdan mu no, odii adwinni a ɛyɛ kerubim mmedua ne nhwiren guu ho.
30 Tapınağın hem iç, hem de dış odasının döşemelerini altınla kaplattı.
Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa adan abien no abrannaa so.
31 İç odanın girişine iğde ağacından iki kanatlı söveli bir kapı yaptırdı. Söveli kapının genişliği tapınağın genişliğinin beşte biriydi.
Ɔkwan a wɔfa so kɔ kronkronbea mu hɔ no, Salomo de ngodua yɛɛ apon abien a emu biara wɔ twɔtwɔw anum.
32 İğde ağacından yapılan iki kapı kanadının üstüne kabartma Keruvlar, hurma ağaçları ve çiçek motifleri oydurdu. Keruvlar ve hurma ağaçlarını altınla kaplattı.
Saa apon no ho nso, na wɔadi kerubim, mmedua ne nhwiren adwinni, na ne nyinaa nso, ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.
33 Aynı biçimde ana bölümün girişine de iğde ağacından kapı söveleri yaptırdı. Bu söveli kapı tapınağın genişliğinin dörtte biriydi.
Afei, ɔde ngodua yɛɛ apongua a emu biara wɔ twɔtwɔw anan a wɔfa hɔ kɔ asɔredan no mu.
34 Ayrıca, çam ağacından, her biri iki kanatlı, katlanabilen iki kapı yaptırdı.
Ɔde ɔpepaw nnua yɛɛ apon abien a wɔbobɔw, na wosii ɔpon no biara wɔ ɔkwan bi so sɛ, emu biara tumi bobɔw gu ɛno ara so.
35 Bunların da üstüne Keruvlar, hurma ağaçları ve çiçek motifleri oydurdu. Oymaların üzerini düzgün biçimde altınla kaplattı.
Wɔde kerubim, mmedua ne nhwiren adi saa apon yi ho adwinni, na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.
36 İç avlunun duvarlarını üç sıra yontma taş ve bir sıra sedir ağacı kirişleriyle yaptırdı.
Wosii adiwo hɔ afasu no a sida nnua mmeaso baako wɔ abo a wɔatwa ntotoso abiɛsa biara so.
37 RAB'bin Tapınağı'nın temeli dördüncü yılın Ziv ayında atıldı.
Wɔtoo Awurade Asɔredan fapem no ɔsram Sif (a ɛte sɛ Kɔtɔnimma) mfimfini a saa bere no na Salomo adi hene mfe anan no.
38 On birinci yılın sekizinci ayı olan Bul ayında tapınak tasarlandığı biçimde bütün ayrıntılarıyla tamamlandı. Tapınağın yapımı Süleyman'ın yedi yılını almıştı.
Wowiee ɔdan no ho biribiara ɔsram Bul mfimfini no a na wadi hene mfe dubaako. Enti mfe ason na wɔde sii asɔredan no.

< 1 Krallar 6 >