< Mga Awit 61 >
1 O Diyos pakinggan mo ako; pansinin mo ang aking panalangin.
Dawid dwom. Ao, Onyankopɔn, tie me sufrɛ; tie me mpaebɔ.
2 Tumatawag ako mula sa dulo ng daigdig kapag nagapi ang aking puso; dalhin mo ako sa bato na mataas kaysa sa akin.
Mifi asase ano frɛ wo, mefrɛ wo, efisɛ me koma atɔ beraw; fa me kɔ ɔbotan a ɛware sen me no so.
3 Dahil naging kanlungan ka sa akin, isang matatag na muog mula sa kaaway.
Woayɛ me guankɔbea, aban a ɛyɛ den ma ɔtamfo no.
4 Magpakailanman akong mananahan sa iyong tolda; magtatago ako sa ilalim ng iyong mga pakpak. (Selah)
Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntamadan no mu afebɔɔ na manya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase.
5 Dahil narinig mo, O Diyos, ang aking mga panata; binigyan mo ako ng mana para sa mga nagpaparangal sa iyong pangalan.
Woate me bɔ a mehyɛe no, Onyankopɔn; na wode wɔn a wosuro wo din no agyapade ama me.
6 Pahahabain mo ang buhay ng hari; ang kaniyang mga taon ay magiging katulad ng maraming salinlahi.
To ɔhene nkwanna mu bebree; na ne mfe mfi awo ntoatoaso nkodu awo ntoatoaso.
7 Mananatili siyang nasa harapan ng Diyos magpakailanman;
Ma onni hene wɔ Onyankopɔn anim daa fa wʼadɔe ne wo nokware bɔ ne ho ban.
8 Magpupuri ako sa iyong pangalan magpakailanman para araw-araw kong magawa ang aking mga panata.
Afei mɛto ayeyi dwom ama wo din daa na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa. Wɔde ma dwonkyerɛfo. De ma Yedutun.