< Uppenbarelseboken 7 >
1 Sedan såg jag fyra änglar stå vid jordens fyra hörn och hålla tillbaka jordens fyra vindar, för att ingen vind skulle blåsa över jorden eller över havet eller mot något träd.
Eyi akyi no, mihuu abɔfo baanan sɛ wogyinagyina asase ntwea anan no so a wɔretwe mframanan a ɛwɔ asase so no, sɛnea ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne po so ne baabiara.
2 Och jag såg en annan ängel träda fram ifrån öster med den levande Gudens signet. Och han ropade med hög röst till de fyra änglar som hade fått sig givet att skada jorden och havet,
Na mihuu ɔbɔfo foforo a ofi apuei reba a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔwano. Ɔteɛɛ mu frɛɛ abɔfo baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne po no.
3 och sade: »Gören icke jorden eller havet eller träden någon skada, förrän vi hava tecknat vår Guds tjänare med insegel på deras pannor.»
Ɔbɔfo no kae se, “Monnsɛe asase ne po anaa nnua kosi sɛ yɛde nsɔwano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfo no agyirae.”
4 Och jag fick höra antalet av dem som voro tecknade med insegel, ett hundra fyrtiofyra tusen tecknade, av alla Israels barns stammar;
Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔwano hyɛɛ wɔn agyirae wɔ wɔn moma so no dodow. Wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ɔha aduanan anan a, wɔn nyinaa fi Israel mmusuakuw no mu.
5 av Juda stam tolv tusen tecknade, av Rubens stam tolv tusen, av Gads stam tolv tusen,
Yuda abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Ruben abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Gad abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien.
6 av Asers stam tolv tusen, av Neftalims stam tolv tusen, av Manasses' stam tolv tusen,
Aser abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Naftali abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Manase abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien.
7 av Simeons stam tolv tusen, av Levi stam tolv tusen, av Isaskars stam tolv tusen,
Simeon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Lewi abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Isakar abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien.
8 av Sabulons stam tolv tusen, av Josefs stam tolv tusen, av Benjamins stam tolv tusen tecknade.
Sebulon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Yosef abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Benyamin abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien.
9 Sedan fick jag se en stor skara, som ingen kunde räkna, en skara ur alla folkslag och stammar och folk och tungomål stå inför tronen och inför Lammet; och de voro klädda i vita, fotsida kläder och hade palmer i sina händer.
Eyi akyi no, mihuu nnipakuw a obiara ntumi nkan wɔn dodow. Wofifi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu a wogyinagyina ahengua no ne Oguamma no anim a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa, kurakura berɛw.
10 Och de ropade med hög röst och sade: »Frälsningen tillhör vår Gud, honom som sitter på tronen, och Lammet.»
Wɔteɛɛ mu se, “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne Oguamma no.”
11 Och alla änglar, som stodo runt omkring tronen och omkring de äldste och de fyra väsendena, föllo ned på sina ansikten inför tronen och tillbådo Gud
Na abɔfo no atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia. Afei wobutubutuw ahengua no anim, som Onyankopɔn
12 och sade: »Amen. Lovet och priset och visheten och tacksägelsen och äran och makten och starkheten tillhöra vår Gud i evigheternas evigheter. Amen.» (aiōn )
kae se, “Amen! Nhyira ne anuonyam ne nyansa ne aseda ne nidi ne tumi ne ahoɔden yɛ Onyankopɔn de daa daa! Amen!” (aiōn )
13 Och en av de äldste tog till orda och sade till mig: »Dessa som äro klädda i de vita, fotsida kläderna, vilka äro de, och varifrån hava de kommit?»
Mpanyimfo no mu baako bisaa me se, “Ɛhefo na wɔhyehyɛ ntade fitafitaa yi, na wofi he?”
14 Jag svarade honom: »Min herre, du vet själv det.» Då sade han till mig: »Dessa äro de som komma ur den stora bedrövelsen, och som hava tvagit sina kläder och gjort dem vita i Lammets blod.
Mibuae se, “Minnim, owura. Na wo na wunim.” Ɔka kyerɛɛ me se, “Eyinom ne wɔn a wɔafi ɔtaa mu. Wɔde Oguamma no mogya ahoro wɔn ntade ama ayɛ fitaa.
15 Därför stå de inför Guds tron och tjäna honom, dag och natt, i hans tempel. Och han som sitter på tronen skall slå upp sitt tabernakel över dem.
Na ɛno nti na, “wogyinagyina Onyankopɔn ahengua anim a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi. Nea ɔbɛtena ahengua no so no bɛbɔ wɔn ho ban.
16 'De skola icke mer hungra och icke mer törsta, och solens hetta skall icke träffa dem, ej heller eljest någon brännande hetta.
Osukɔm renne wɔn bio; ɔkɔm renne wɔn bio. Owia anaa ɔhyew biara renka wɔn bio.
17 Ty Lammet, som står mitt för tronen, skall vara deras herde och leda dem till livets vattenkällor, och 'Gud skall avtorka alla tårar från deras ögon'.»
Efisɛ Oguamma no a ɔwɔ ahengua no mfimfini no bɛyɛ wɔn guanhwɛfo de wɔn akɔ nkwa asuti ho. Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisu nyinaa.”