< Psaltaren 128 >

1 En vallfartssång. Säll är envar som fruktar HERREN och vandrar på hans vägar.
Ɔsoroforo dwom. Nhyira ne wɔn a wosuro Awurade, na wɔnantew nʼakwan so.
2 Ja, av dina händers arbete får du njuta frukten; säll är du, och väl dig!
Wubedi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de.
3 Lik ett fruktsamt vinträd varder din hustru, därinne i ditt hus, lika olivtelningar dina barn, omkring ditt bord.
Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba wɔ wo fi; na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifi atwa wo pon ho ahyia.
4 Ty se, så varder den man välsignad, som fruktar HERREN.
Yiw, sɛɛ ne nea wobehyira onipa a osuro Awurade no.
5 HERREN välsigne dig från Sion; må du få se Jerusalems välgång i alla dina livsdagar,
Awurade nhyira wo mfi Sion na ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ; wo nkwanna nyinaa.
6 och må du få se barn av dina barn. Frid över Israel!
Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma. Asomdwoe nka Israel.

< Psaltaren 128 >