< Psaltaren 126 >

1 En vallfartssång. När HERREN åter upprättade Sion, då voro vi såsom drömmande.
Ɔsoroforɔ dwom. Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no, yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ.
2 Då blev vår mun uppfylld med löje och vår tunga med jubel; då sade man bland hedningarna: »HERREN har gjort stora ting med dem.»
Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma, anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ, “Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.”
3 Ja, HERREN hade gjort stora ting med oss; däröver voro vi glada.
Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛn na anigyeɛ ahyɛ yɛn ma.
4 HERRE, upprätta oss igen, såsom du återför bäckarna i Sydlandet.
Ao Awurade, sane fa yɛn ahonya ma yɛn, te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no.
5 De som så med tårar skola skörda med jubel.
Wɔn a wɔdua no nisuo mu no de anigyeɛ nnwom bɛtwa.
6 De gå åstad gråtande och bära sitt utsäde; de komma åter med jubel och bära sina kärvar.
Deɛ ɔde osu firi adie na ɔsoa aba kɔdua no, ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane aba a ɔso nnɔbaeɛ afiafi.

< Psaltaren 126 >