< Psaltaren 123 >

1 En vallfartssång. Jag lyfter mina ögon upp till dig, du som bor i himmelen.
Ɔsoroforo dwom. Mema mʼani so kyerɛ wo, wo a wʼahengua si ɔsoro.
2 Ja, såsom tjänares ögon skåda på deras herres hand, såsom en tjänarinnas ögon på hennes frus hand, så skåda våra ögon upp till HERREN, vår Gud, till dess han varder oss nådig.
Sɛnea nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no, sɛnea afenaa ani hwɛ nʼawuraa nsa no no, saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn kosi sɛ obehu yɛn mmɔbɔ.
3 Var oss nådig, HERRE, var oss nådig, ty vi äro rikligen mättade med förakt.
Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, hu yɛn mmɔbɔ, na wɔabu yɛn animtiaa bebree.
4 Rikligen mättad är vår själ med de säkras bespottelse, med de högmodigas förakt.
Ahomasofo fɛwdi ama yɛabrɛ dodo, ahantanfo animtiaabu afono yɛn.

< Psaltaren 123 >