< Zaburi 8 >

1 Yahweh Bwana wetu, ni jinsi gani jina lako ni tukufu katika dunia yote, wewe ufunuaye utukufu wako juu mbinguni.
Dawid dwom. Awurade, yɛn Awurade, wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa. Wode wʼanuonyam atimtim ɔsoro nohɔ,
2 Kutoka katika midomo ya watoto na vichanga umeumba sifa kwa sababu ya utukufu wako, ili kuwanyamazisha maadui wote na walipa kisasi wote.
mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano kamfo wo, wʼatamfo nti; na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano.
3 Ninapozitazama mbingu, ambazo vidole vyako vimeumba, mwezi na nyota, ambazo umeziweka kila mmoja katika nafasi yake,
Sɛ mehwɛ wo ɔsorosoro, wo nsateaa ano adwuma; ɔsram ne nsoromma a wode obiara asi nʼafa a,
4 Binadamu ni nani hata umtazame, na watu hata uwajali wao?
onipa ne hena a wokae no, na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?
5 Umewaumba chini kidogo kuliko viumbe vya mbinguni na umewazunguka na utukufu na heshima.
Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri.
6 Umemfanya binadamu kutawala kazi ya mikono yako; umeviweka vitu vyote chini ya miguu yake:
Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwuma wode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase:
7 kondoo na ng'ombe wote, na hata wanyama wa porini,
nguankuw ne anantwikuw nyinaa ne wuram mmoa nso,
8 ndege wa angani, na samaki wa baharini, na vyote vipitavyo katika mikondo ya bahari.
wim nnomaa ne po mu mpataa, nea ɛnenam po mu akwan so nyinaa.
9 Yahweh Bwana wetu, ni jinsi gani jina lako ni tukufu katika dunia yote!
Awurade, yɛn Awurade, wo din yɛ kɛse wɔ asase nyinaa so! Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Ɔba no wu”.

< Zaburi 8 >