< Zaburi 61 >

1 Sikia kulia kwangu, shughulikia maombi yangu.
Dawid dwom. Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ; tie me mpaeɛbɔ.
2 Kutokea mwisho wa nchi nitakuita wewe wakati moyo wangu umeelemewa; uniongoze kwenye mwamba ulio juu kuliko mimi.
Mefiri asase ano frɛ wo, mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha; fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so.
3 Maana wewe umekuwa kimbilio langu la usalama, nguzo imara dhidi ya adui.
Woayɛ me dwanekɔbea, aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no.
4 Uniache niishi hemani mwako milele! Nipate kimbilio salama chini ya makazi ya mbawa zako. (Selah)
Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔ na manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.
5 Kwa kuwa wewe, Mungu, umesikia viapo vyangu, wewe umenipa mimi urithi wa wale wanao liheshimu jina lako.
Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn; na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me.
6 Wewe utaongeza maisha ya mfalme; miaka yake itakuwa kama vizazi vingi.
To ɔhene nkwa nna mu bebree; na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ.
7 Yeye atabakia mbele ya Mungu milele.
Ma ɔnni ɔhene wɔ Onyankopɔn anim daa. Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ bɔ ne ho ban.
8 Nitaliimbia sifa jina lako milele ili kwamba niweze kufanya viapo vyangu kila siku.
Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daa na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ Yedutun.

< Zaburi 61 >