< Zaburi 121 >
1 Nitayainua macho yangu nitazame milimani. Msaada wangu utatoka wapi?
Ɔsoroforɔ dwom. Mema mʼani so kyerɛ mmepɔ no, ɛhe na me mmoa firi bɛba?
2 Msaada wangu unatoka kwa Yahwe, aliyezifanya mbingu na nchi.
Me mmoa firi Awurade, ɔsoro ne asase yɛfoɔ no.
3 Hatauacha mguu wako uteleze; yeye akulindaye hatasinzia.
Ɔremma wo nan nwatiri, deɛ ɔhwɛ wo no, ɔrentɔ nko.
4 Tazama, mlinzi wa Israeli hatasinzia wala hatalala usingizi kamwe.
Ampa ara deɛ ɔhwɛ Israel no rentɔ nko na ɔrenna.
5 Yahwe ni mlinzi wako; Yahwe ni uvuli mkono wako wa kuume.
Awurade hwɛ wo so; Awurade ne wo nwunu wɔ wo nsa nifa so;
6 Jua halitakudhuru wakati wa mchana, wala mwezi wakati wa usiku.
Owia renhye wo wɔ awiaberɛ mu, na ɔsrane nso renha wo anadwo.
7 Yahwe atakulinda na madhara yote, na ataulinda uhai wako.
Awurade bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo nkwa so;
8 Yahwe atakulinda katika yote ufanyayo sasa na hata milele.
Awurade bɛhwɛ wʼadifire ne wo efieba so, seesei ne daa.