< Kutoka 34 >

1 Bwana akamwambia Mose, “Chonga vibao viwili vya mawe kama vile vya kwanza, nami nitaandika juu yake maneno yale yaliyokuwa kwenye vile vibao vya kwanza, ulivyovivunja.
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yɛ aboɔ twerɛ apono mmienu te sɛ deɛ woyɛɛ kane no na mɛtwerɛ mmara korɔ no ara sɛdeɛ na ɛwɔ deɛ wobubuu mu no so ara pɛ ama wo.
2 Uwe tayari asubuhi, kisha upande juu ya Mlima Sinai. Uje mbele zangu kukutana nami huko juu ya mlima.
Siesie wo ho na bra Sinai Bepɔ so anɔpa na fa wo ho bɛkyerɛ me.
3 Mtu yeyote asije pamoja nawe, wala asionekane mtu popote juu ya mlima, wala kondoo na mbuzi au ngʼombe wasilishe karibu mbele ya huo mlima.”
Mfa obiara nka wo ho na ɛnsɛ sɛ obiara bɛn bepɔ no ho baabiara. Mma mmoa biara nkɔ adidi mmɛn bepɔ no.”
4 Kwa hiyo Mose akachonga vibao viwili vya mawe kama vile vya kwanza, naye akapanda juu ya Mlima Sinai asubuhi na mapema, kama Bwana alivyokuwa amemwagiza, akachukua vile vibao viwili vya mawe mikononi mwake.
Enti, Mose twaa twerɛ apono mmienu te sɛ kane deɛ no de kɔɔ Sinai Bepɔ so anɔpahema sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.
5 Kisha Bwana akashuka katika wingu akasimama pamoja naye huko, akalitangaza jina lake, Bwana.
Awurade siane baa sɛ omununkum fadum bɛgyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron Awurade no.
6 Bwana akapita mbele ya Mose, akitangaza, “Bwana, Bwana, Mungu mwenye huruma na neema, asiye mwepesi wa hasira, mwingi wa upendo na uaminifu,
Awurade faa nʼanim frɛɛ no kaa sɛ, “Me, Awurade, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ a me bo kyɛre fu na mewɔ ɔdɔ na medi nokorɛ nso;
7 akidumisha upendo kwa maelfu, pia akisamehe uovu, uasi na dhambi. Lakini haachi kuadhibu mwenye hatia; huwaadhibu watoto na watoto wao kwa ajili ya dhambi ya baba zao hata katika kizazi cha tatu na cha nne.”
me Awurade, me dɔ nnipa mpempem na mede atirimuɔden, atuateɛ ne bɔne kyɛ. Metwe afɔdie aso na metwe Agyanom, mma ne mmanananom kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne ɛnan aso.”
8 Mara Mose akasujudu na kuabudu.
Mose kotoo Awurade somm no.
9 Mose akasema, “Ee Bwana, kama nimepata kibali mbele zako, basi Bwana uende pamoja nasi. Ingawa watu hawa ni wenye shingo ngumu, samehe uovu wetu na dhambi yetu, tuchukue kuwa urithi wako.”
Ɔkaa sɛ, “Sɛ ɛyɛ nokorɛ pa ara sɛ woagye me atom deɛ a, Ao Awurade, wo ne yɛnkɔ bɔhyɛ asase no so. Saa nnipa yi yɛ asoɔden deɛ, nanso fa yɛn bɔne kyɛ yɛn na gye yɛn sɛ wo ara wo nnipa.”
10 Kisha Bwana akasema: “Tazama ninafanya Agano mbele ya watu wako wote. Mbele ya watu wako wote nitafanya maajabu ambayo hayajafanyika katika taifa lolote katika ulimwengu wote. Watu wale mnaoishi miongoni mwao wataona jinsi ilivyo ya kushangaza ile kazi nitakayowafanyia mimi Bwana wenu.
Awurade buaa sɛ, “Ɛyɛ, me ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Merebɛyɛ anwanwadeɛ bi a ebi nsii asase so da, na ɛnam so ama Israelfoɔ nyinaa ahunu tumi a Awurade wɔ. Menam wo so na mɛyɛ saa tumideɛ no.
11 Tii yale ninayokuamuru leo. Tazama nawafukuza mbele yako Waamori, Wakanaani, Wahiti, Waperizi, Wahivi na Wayebusi.
Wo fam deɛ a wobɛyɛ ara ne sɛ, wobɛtie nsɛm a mɛhyɛ wo no na woayɛ ne nyinaa; na sɛ ɛba saa a, mɛpam Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no nyinaa afiri wʼanim.
12 Uwe mwangalifu, usifanye agano na wale wanaokaa katika nchi ile unayoiendea, la sivyo watakuwa mtego katikati yako.
Hwɛ wo ho so yie pa ara na wo ne ɔman a worekɔ mu no mufoɔ ampam, ɛfiri sɛ, sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma wo nso woayɛ nnebɔne a wɔyɛ no bi.
13 Bomoa madhabahu yao, vunja mawe yao ya kuabudia na ukatekate nguzo zao za Ashera.
Bubu wɔn abosonsom afɔrebukyia no. Sɛe wɔn aboɔ adum no na montutu wɔn abosom no ngu.
14 Usiabudu mungu mwingine, kwa kuwa Bwana, ambaye jina lake ni Wivu, ni Mungu mwenye wivu.
Na monnsom onyame foforɔ biara nka Awurade ho, na ɔno nko ara ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mosom no.
15 “Uwe mwangalifu usifanye agano na wale watu wanaoishi katika nchi, kwa maana wakati wanapojifanyia ukahaba kwa miungu yao na kuwatolea kafara, watakualika wewe nawe utakula sadaka za matambiko yao.
“Wone onipa biara a ɔte asase no so nnyɛ asomdwoeɛ apam biara, ɛfiri sɛ, wɔnni me nokorɛ, na wɔbɔ afɔdeɛ ma wɔn anyame de tia me. Sɛ wo ne wɔn fa yɔnko a, wɔbɛto nsa afrɛ wo sɛ ma yɛnkɔsom yɛn anyame na anhwɛ yie a, wobɛkɔ.
16 Unapowachagua baadhi ya binti zao kuwa wake wa wana wenu na binti hao wakajifanyia ukahaba kwa miungu yao, watawaongoza wana wenu kufanya vivyo hivyo.
Afei, ɛyɛ saa a, mobɛgye wɔn mmammaa aware ama mo mmammarima no akɔsom wɔn yerenom no anyame bi de atia me.
17 “Usijifanyie sanamu za kusubu.
“Monnsom ahoni biara.
18 “Utaadhimisha Sikukuu ya Mikate Isiyotiwa Chachu. Kwa siku saba mtakula mikate isiyotiwa chachu, kama nilivyokuamuru. Fanya hivi kwa wakati ulioamriwa, katika mwezi wa Abibu, ndio mwezi wa nne, kwa kuwa katika mwezi huo ndipo wewe ulipotoka Misri.
“Bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdi Apiti Afahyɛ no nnanson sɛdeɛ meka kyerɛɛ wo no. Di no afe biara mu ɔbosome Abib (Yudafoɔ bosome a ɛdi ɛkan) mu. Saa bosome no mu na motu firii Misraim.
19 “Mzaliwa wa kwanza wa kila tumbo ni mali yangu, pamoja na wazaliwa wa kwanza wote wa kiume wa mifugo yako, ikiwa ni wa ngʼombe au wa kondoo au mbuzi.
“Abakan biara yɛ me dea, sɛ ɛyɛ nantwie, odwan anaa abirekyie.
20 Utakomboa mzaliwa wa kwanza wa punda kwa mwana-kondoo, lakini kama humkomboi, utavunja shingo yake. Utakomboa wazaliwa wako wa kwanza wote wa kiume. “Mtu yeyote asije mbele zangu mikono mitupu.
Afunumu ba a ɔyɛ abakan deɛ, wɔmfa no nsesa odwammaa. Na sɛ wompɛ sɛ wode no di nsesa deɛ a, bu ne kɔn mu. Mo mmammarima deɛ, monsesa wɔn nyinaa. “Obiara mma mʼanim a ɔnkura akyɛdeɛ bi.
21 “Kwa siku sita utafanya kazi, lakini siku ya saba utapumzika, hata ikiwa ni majira ya kulima au ya kuvuna lazima upumzike.
“Nnansia pɛ na momfa nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, monnni dwuma biara. Ofuntumberɛ anaa otwaberɛ mpo, momfa nna nsia nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no, monhome.
22 “Utaadhimisha Sikukuu ya Majuma kwa malimbuko ya mavuno ya ngano, na Sikukuu ya Mavuno mwishoni mwa mwaka.
“Monkae na monni saa afahyɛ mmiɛnsa a ɛwɔ afe mu no nyinaa. Yeinom ne: Otwaberɛ Afahyɛ (anaasɛ Pentekoste), Atokoɔ a ɛdi ɛkan Afahyɛ ne Otwa Afahyɛ.
23 Mara tatu kwa mwaka wanaume wako wote watakuja mbele za Bwana Mwenyezi, Mungu wa Israeli.
Saa afahyɛ mmiɛnsa yi mu biara duru so a, ɛsɛ sɛ Israelfoɔ mmarima ne mmarimaa nyinaa ba Awurade wo Onyankopɔn anim.
24 Nitawafukuza mataifa mbele yako na kupanua mipaka ya nchi yako, wala hakuna mtu yeyote atakayeitamani nchi yako wakati unapokwenda mara tatu kila mwaka kuonana na Bwana Mungu wako.
Sɛ mokɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim saa mprɛnsa no nyinaa afe biara mu a, obiara nni hɔ a ɔbɛtoa mo abɛdi mo asase no so. Mɛpam saa aman no wɔ mo anim na matrɛ mo ahyeɛ mu.
25 “Usinitolee damu ya dhabihu pamoja na kitu chochote chenye chachu, wala usibakize dhabihu yoyote ya Sikukuu ya Pasaka mpaka asubuhi.
“Mommfa burodo a mmɔreka wɔ mu mmɔ me afɔdeɛ. Na Twam Afahyɛ ɛnam no nso, mommfa bi nsi hɔ mma adeɛ nkye so.
26 “Leta matunda ya kwanza yaliyo bora zaidi ya ardhi yako katika nyumba ya Bwana Mungu wako. “Usimchemshe mwana-mbuzi katika maziwa ya mama yake.”
“Sɛ motwa mo mfudeɛ a, momfa otwakane mu nyiyimu a ɛsɔ ani mmrɛ me; wɔde bɛma Awurade mo Onyankopɔn. “Nnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.”
27 Kisha Bwana akamwambia Mose, “Andika maneno haya, kwa maana kulingana na maneno haya, nimefanya Agano na wewe pamoja na Israeli.”
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Twerɛ saa mmara a mede ama wo yi nyinaa gu hɔ, ɛfiri sɛ, ɛgyina hɔ ma me ne wo ne Israel apam.”
28 Mose alikuwa huko pamoja na Bwana kwa siku arobaini usiku na mchana bila kula chakula wala kunywa maji. Naye akaandika juu ya vibao maneno ya Agano, yaani zile Amri Kumi.
Mose ne Awurade de adaduanan, awia ne anadwo, dii nkutaho wɔ bepɔ no so, na saa ɛberɛ no, Mose annidi annom. Saa ɛberɛ no, Onyankopɔn twerɛɛ Mmaransɛm Edu no guu ɛboɔ twerɛpono so.
29 Mose alipoteremka kutoka Mlima Sinai akiwa na vile vibao viwili vya Ushuhuda mikononi mwake, hakujua kuwa uso wake ulikuwa ukingʼaa, kwa sababu alikuwa amezungumza na Bwana.
Ɛberɛ a Mose de twerɛ apono no fi Onyankopɔn nkyɛn resiane bepɔ no, na ɔnnim sɛ nʼanim rehyerɛn.
30 Aroni na Waisraeli wote walipomwona Mose, kuwa uso wake unangʼaa, waliogopa kumkaribia.
Esiane nʼanim hyerɛn a na ɛhyerɛn no enti, Aaron ne Israelfoɔ no hunuu Mose no, wɔsuroeɛ sɛ wɔbɛbɛn no.
31 Lakini Mose akawaita, kwa hiyo Aroni na viongozi wote wa jumuiya wakarudi, naye akazungumza nao.
Nanso, Mose frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn maa Aaron ne ɔman no mu ntuanofoɔ ne no bɛkasaeɛ.
32 Baadaye Waisraeli wote wakamkaribia, naye akawapa amri zote Bwana alizompa katika Mlima wa Sinai.
Akyire no, nnipa no nyinaa baa ne nkyɛn maa ɔde mmaransɛm a Awurade de maa no wɔ bepɔ no so hɔ no maa wɔn.
33 Mose alipomaliza kuzungumza nao, akaweka utaji kwenye uso wake.
Mose ne wɔn kasa wieeɛ no, ɔde nkatanimu kataa nʼanim,
34 Lakini kila wakati Mose alipoingia mbele za Bwana kuzungumza naye, aliondoa ule utaji mpaka alipotoka nje. Naye alipotoka nje na kuwaambia Waisraeli lile ambalo ameagizwa,
na ɛberɛ biara a ɔbɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ ne Awurade akɔkasa no, ɔyi nkatanimu no kɔsi sɛ ɔbɛsane aba bio; ɔba saa a, asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ no no, na ɔno nso aka akyerɛ nnipa no
35 waliona kuwa uso wake unangʼaa. Kisha Mose angeliweka tena utaji juu ya uso wake mpaka alipokwenda kuzungumza na Bwana.
a wɔhunu sɛ nʼanim ayɛ hyerɛn. Akyire no, ɔde nkatanimu no kata nʼanim bio kɔsi sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔne no akɔkasa.

< Kutoka 34 >