< Salmos 60 >

1 Dios, nos has apartado de ti, nos has enviado en todas direcciones, has estado enojado; O vuelve a nosotros de nuevo.
Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no bere a ɔne Aram Naharanfo ne Aram Zobafo koe na Yoab san kokum Edomfo mpem dumien wɔ Nkyene Bon mu no. Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛn agu; wo bo afuw yɛn, nanso gye yɛn bio!
2 Con el poder de tu mano la tierra tiembla y se abrió; hazla fuerte de nuevo, porque se movió.
Woawosow asase no na woapae mu; toatoa nea abubu no, efisɛ ɛrehinhim.
3 Has hecho que la gente vea tiempos difíciles; nos has dado el vino de aturdimiento para nuestra bebida.
Woama wo nkurɔfo ahu mmere bɔne; woama yɛn nsa a ɛma yɛtɔ ntintan.
4 Da un lugar seguro a las personas que te temen, a dónde pueden huir de las flechas. (Selah)
Nanso wɔn a wosuro wo de, woama wɔn frankaa so sɛ wontu ntia agyan no.
5 Para que tus seres queridos puedan salvarse, deja que tu diestra sea mi salvación, y dame una respuesta.
Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
6 Dios ha dicho en su lugar santo, me alegraré. Haré una división de Siquem, y el valle de Sucot será medido.
Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se, “Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu, na masusuw Sukot bon no.
7 Galaad es mío, y Manasés es mío; y Efraín es la fortaleza de mi cabeza; Judá es mi dador de leyes;
Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara; Efraim yɛ me dade kyɛw, Yuda yɛ mʼahempema.
8 Moab es mi vasija para lavarme; sobre Edom pondré mi zapato; sobre Filistea sonará un alegre clamor.
Moab yɛ me guasɛn, Edom so na metow me mpaboa gu; na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.”
9 ¿Quién me llevará a la ciudad amurallada? ¿Quién será mi guía en Edom?
Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hena na obedi mʼanim akɔ Edom?
10 ¿No nos has apartado, oh Dios? y no has salido con nuestros ejércitos.
Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn na wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana?
11 Danos ayuda en nuestro problema; porque no hay ayuda en el hombre.
Boa yɛn tia ɔtamfo no, na ɔdesani mmoa nka hwee.
12 Por medio de Dios haremos grandes cosas, porque a través de él nuestros enemigos serán aplastados bajo nuestros pies.
Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim, na obetiatia yɛn atamfo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.

< Salmos 60 >