< Jueces 3 >

1 Estas son las naciones que el Señor guardó en la tierra con el propósito de probar a Israel, a todos aquellos que no tuvieron experiencia de todas las guerras de Canaán;
Awurade gyaw aman bi wɔ asase no so a na ɔnam so pɛ sɛ ɔsɔ Israelfo a wɔnkɔɔ Kanaan ko no bi da hwɛ.
2 Solo por las generaciones de los hijos de Israel, con el propósito de enseñarles la guerra, solo aquellos que hasta ese momento no tenían experiencia de ello;
Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ Israel nkyirimma a wɔnkɔɔ ɔko da no sɛnea wobenya akodi ho nimdeɛ.
3 Los cinco jefes de los filisteos, y todos los cananeos, los sidonios y los heveos que viven en el monte Líbano, desde la montaña Baal-hermón hasta Hamat:
Saa aman no ni: Filistifo (wɔn a na wɔhyɛ Filistifo ahemfo baanum bi ase no), Kanaanfo nyinaa, Sidonfo, Hewifo a na wɔte Lebanon bepɔw no so fi Baal Hermon bepɔw ho de kosi Lebo Hamat.
4 Con el propósito de poner a prueba por ellos a Israel, para ver si obedecerían las órdenes del Señor, que él había dado a sus padres por medio de Moisés.
Wogyaw saa nkurɔfo yi de sɔɔ Israelfo no hwɛe, pɛɛ sɛ wohu sɛ wobedi mmara a Awurade nam Mose so hyɛ maa wɔn agyanom no so ana.
5 Los hijos de Israel vivían entre los cananeos, los hititas, los amorreos, los ferezeos, los heveos y los jebuseos.
Enti Israelfo no tenaa Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no mu.
6 Y tomaron como esposas a las hijas de estas naciones y dieron sus hijas a sus hijos, y se convirtieron en sirvientes de sus dioses.
Na wodii wɔn ho aware. Israelfo mmabarima no warewaree wɔn mmabea na wɔde Israelfo mmabea nso maa wɔn mmabarima aware. Na Israelfo no som wɔn anyame.
7 Y los hijos de Israel hicieron lo malo ante los ojos del Señor, y sacaron de sus mentes al Señor su Dios, y se convirtieron en siervos de los baales y las imágenes de asera.
Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ Awurade ani so bɔne. Wɔn werɛ fii Awurade wɔn Nyankopɔn, na wɔsom Baalim ahoni ne Asera nnua.
8 Así se encendió la ira del Señor contra Israel, y los entregó en manos de Cusán-risataim, rey de Mesopotamia; y los hijos de Israel fueron sus siervos por ocho años.
Awurade abufuw mu yɛɛ den tiaa Israel nti, ɔde wɔn hyɛɛ Aramhene Kusan-Risataim nsam. Na Israelfo yɛɛ Kusan-Risataim nkoa mfirihyia awotwe.
9 Y cuando los hijos de Israel oraron al Señor, él les dio un salvador, Otoniel, el hijo de Cenaz, el hermano menor de Caleb.
Nanso Israelfo su frɛɛ Awurade no, oyii ɔbarima bi sɛ ogyefo maa wɔn. Ne din ne Otniel a ɔyɛ Kaleb nua kumaa Kenas babarima.
10 Entonces el espíritu del Señor vino sobre él, y se convirtió en juez de Israel, y salió a la guerra, y el Señor entregó a Cusan-risataim, rey de Mesopotamia, en sus manos y lo venció.
Awurade honhom baa ne so, enti ɔbɛyɛɛ Israel otemmufo. Ɔko tiaa Aramhene Kusan-Risataim na Awurade maa Otniel dii ne so nkonim.
11 Entonces, durante cuarenta años, la tierra tuvo paz hasta la muerte de Otoniel, hijo de Cenaz.
Enti asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduanan. Na Kenas babarima Otniel wui.
12 Entonces los hijos de Israel volvieron a hacer lo malo ante los ojos del Señor; e hizo el Señor a Eglón, rey de Moab, fuerte contra Israel, porque habían hecho lo malo ante los ojos del Señor.
Bio, Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ Awurade ani so bɔne, na ɛno nti, Awurade de tumi hyɛɛ Moabhene Eglon nsa ma odii Israel so.
13 Y Eglón reunió a la gente de Amón y Amalec, y fueron y vencieron a Israel y tomaron el pueblo de palmeras.
Eglon boaboaa Amonfo ne Amalekfo ano ma wɔbɛkaa ne ho na wɔkɔtow hyɛɛ Israelfo so. Wodii wɔn so, faa kuropɔn Yeriko.
14 Y los hijos de Israel fueron siervos de Eglón, rey de Moab, por dieciocho años.
Israelfo no som Moabhene Eglon mfirihyia dunwɔtwe.
15 Entonces, cuando los hijos de Israel oraron al Señor, les dio un salvador, Aod, el hijo de Gera, el Benjamita, un hombre zurdo; y los hijos de Israel enviaron por él ofrenda a Eglón, rey de Moab.
Nanso Israelfo no su frɛɛ Awurade bio no, Awurade maa wɔn ogyefo. Ne din ne Ehud, Gera babarima a ɔyɛ abenkumma na ofi Benyamin abusuakuw mu. Israelfo no somaa Ehud sɛ ɔmfa wɔn sonkahiri sika nkɔma Moabhene Eglon.
16 Aod se hizo una espada de dos filos, un largo de codo, que se puso a su lado derecho debajo de su túnica.
Enti Ehud bɔɔ afoa anofanu a ne tenten yɛ nsateaa dunwɔtwe. Ɔde hyɛɛ ne srɛ nifa ho de siee nʼatade mu.
17 Y tomó la ofrenda a Eglón, rey de Moab, que era un hombre muy gordo.
Ɔde sonkahiri sika no brɛɛ Eglon a wayɛ kɛse tobonn no.
18 Y después de dar la ofrenda, envió a la gente que había venido con la ofrenda.
Ɔde sika no maa no wiee no, Ehud gyaa wɔn a na wɔso sika no kwan ma wɔkɔɔ fie.
19 Pero él mismo, volviendo de las imágenes de piedra de Gilgal, dijo: Tengo algo que decirte en secreto, oh rey; y él dijo: Que haya silencio. Entonces salieron todos los que lo esperaban.
Nanso bere a Ehud duu abo ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsan nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Mewɔ kokoamsɛm bi ka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfo no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa fii ɔdan mu hɔ.
20 Entonces Aod entró a él mientras estaba sentado solo en su casa de verano. Y Aod dijo: Tengo una palabra de Dios para ti. Y se levantó de su asiento.
Afei, Ehud kɔɔ Eglon nkyɛn. Na ɔte abansoro dan bi a emu dwo mu. Ehud ka kyerɛɛ no se, “Mewɔ asɛm bi a efi Onyankopɔn nkyɛn ka kyerɛ wo!” Bere a ɔhene Eglon sɔre fii nʼakongua mu ara pɛ,
21 Aod extendió su mano izquierda, tomó la espada de su lado derecho y la insertó en su estómago;
Ehud de ne nsa benkum twee afoa a ɔde ahyɛ ne srɛ nifa ho no de wɔɔ ɔhene no yafunu mu.
22 Y la empuñadura entró después de la espada, y la grasa cubrió la espada; porque no sacó la espada de su estómago y se le salieron los excrementos.
Afoa no kɔɔ akyiri kosii sɛ ne bona no mpo wuraa ɔhene no srade mu maa ɛso katae. Enti Ehud gyaa afoa no wɔ yafunu no mu maa ne nsono tu gui.
23 Entonces Aod salió por la ventana, cerró las puertas de la casa de verano y cerró con llave.
Afei, Ehud totoo apon no mu foroo agyanan dan no, faa ne asuten no mu guan kɔe.
24 Cuando se hubo ido, vinieron los siervos del rey y vieron que las puertas de la casa de verano estaban cerradas con llave; y dijeron: Puede ser que esté en su casa de verano para un propósito privado.
Ehud kɔe akyi no, ɔhene asomfo no baa hɔ behuu sɛ wɔatoto apon a ɛkɔ aban no so no mu. Na wodwen sɛ ɔwɔ agyananbea hɔ,
25 Y siguieron esperando empezaron a preocuparse, pero las puertas seguían cerradas; así que tomaron la llave y, al abrirlas, vieron a su señor tendido muerto en el suelo.
enti wɔtwɛnee. Wɔtwɛn ara na ɔhene no mma no, ɛhaw wɔn ma wɔkɔhwehwɛɛ safe bi. Na wobuee pon no, wohuu sɛ wɔn wura awu da fam.
26 Pero Aod se había escapado mientras estaban esperando y había pasado las imágenes de piedra y se había escapado a Seirat.
Bere a asomfo no retwɛn no, Ehud guan faa abo ahoni no so a ɔrekɔ Seira.
27 Y ​​cuando llegó allí, tocó un cuerno; shofar, en la región montañosa de Efraín, y todos los hijos de Israel bajaron con él de la región montañosa, y él a la cabeza.
Oduu Efraim bepɔw asase no so no, Ehud hyɛn torobɛnto kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔmfa akode mmra. Enti odii Israelfo kuw bi anim sian bepɔw no.
28 Y él les dijo: Síganme; porque el Señor ha entregado a los moabitas, sus enemigos, en sus manos. Entonces bajaron tras él y tomaron los lugares de cruce del Jordán contra Moab, y no dejaron que nadie cruzara.
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munni mʼakyi. Awurade ama moadi Moabfo a wɔyɛ mo atamfo no so nkonim.” Enti wotu dii nʼakyi. Israelfo no faa asubɔnten Yordan baabi a ɛhɔ nnɔ a wofi Moab twa. Ɛno nti na obiara ntumi mfa hɔ ntwa Asubɔnten no.
29 En ese momento pusieron cerca de diez mil hombres de Moab a la espada, cada hombre fuerte y cada hombre de guerra; ni un hombre se escapó.
Wɔtow hyɛɛ Moabfo no so. Wokunkum wɔn dɔmmarima no bɛyɛ mpem du. Wɔn mu biara antumi anguan.
30 Entonces Moab fue quebrantado aquel día bajo la mano de Israel. Y durante ochenta años la tierra tuvo paz.
Enti Israelfo dii Moabfo so nkonim saa da no, na asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduɔwɔtwe.
31 Después de él vino, Samgar el hijo de Anat, quien mató a seiscientos filisteos con una aguijada de buey; y él fue otro salvador de Israel.
Ehud akyi no, Anat babarima Samgar gyee Israelfo. Ɔde nantwika abaa kum Filistifo ahansia.

< Jueces 3 >