< Deuteronomio 28 >

1 Ahora, si escuchas la voz del Señor tu Dios y guarda con cuidado todos sus mandamientos que te he dado hoy, entonces el Señor tu Dios te pondrá en alto sobre todas las naciones de la tierra.
Na sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, na modi mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so a, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpagya mo asene aman a wɔwɔ ewiase nyinaa.
2 Y todas estas bendiciones vendrán sobre ti y te alcanzarán, si tus oídos están abiertos a la voz del Señor tu Dios.
Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn a, mobɛnya saa nhyira yi nyinaa:
3 Bendito serás en la ciudad, y bendito en el campo.
Wɔbɛhyira mo wɔ mo nkuro ne mo ɔman mu.
4 Bendito será el fruto de tu cuerpo, y el fruto de tu tierra, el fruto de tu ganado, y las crías de tu rebaño.
Wɔde mma bebree ne nsase bereɛ bɛhyira mo. Wɔde anantwie ne nnwan a wɔn ase dɔre bɛhyira mo.
5 Benditas serán tu canasta y las sobras de tu tazón donde amasas la harina.
Wɔde nnuaba nkɛntɛn ma ma, ne mmɔre kodoɔ a burodo ahyɛ so ma bɛhyira mo.
6 Bendita será tu entrada y tu salida.
Wɔbɛhyira mo wɔ baabiara a mobɛkɔ, mo fieba mu ne mo adifire mu.
7 Por el poder del Señor, aquellos que tomen las armas contra ti serán vencidos ante ti; saldrán contra ti por un camino y huirán de ti por siete caminos.
Sɛ atamfoɔ to hyɛ mo so a, Awurade bɛdi wɔn so. Wɔbɛfiri baabi ato ahyɛ mo so na wɔafa akwan nson so ahwete afiri mo anim.
8 El Señor enviará su bendición a tus almacenes y a todo lo que pongas en tus manos. Su bendición estará sobre ti en la tierra que el Señor tu Dios te está dando.
Biribiara a mobɛyɛ no, Awurade bɛhyira so na ɔde aburoo ahyɛ mo apata ma ma. Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo wɔ asase a ɔde rema mo no so.
9 El Señor te mantendrá como pueblo santo para sí mismo, como te lo ha dicho en su juramento, si cumples los mandamientos del Señor tu Dios y sigues su camino.
Sɛ modi Awurade, mo Onyankopɔn, mmara no so na monante nʼakwan so a, Awurade bɛgyina mo sɛ ne nnipa kronkron sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛyɛ no.
10 Y todos los pueblos de la tierra verán que el nombre del Señor es invocado sobre ti, y te temerán.
Afei, ewiase aman nyinaa bɛhunu sɛ, moyɛ nnipa a Awurade afa mo, na wɔbɛsuro mo.
11 Y el Señor te hará fecundo en todo lo bueno, en el fruto de tu cuerpo, y en el fruto de tu ganado, y en el fruto de tus campos, en la tierra que el Señor, por su juramento a tus padres, dijo que te daría.
Awurade bɛma mo nneɛma pa ma aboro so ma—nyɛmmoa ne afudeɛ pii wɔ asase a ɔhyɛɛ mo agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no so.
12 Al abrir su almacén en el cielo, el Señor enviará lluvia a tu tierra en el momento adecuado, bendiciendo toda la obra de tus manos; otras naciones harán uso de tu riqueza y tu no tendrás necesidad de pedir prestado.
Awurade firi nʼahonya dodoɔ a ɛwɔ soro no mu bɛma osuo atotɔ wɔ ne berɛ mu, nam so ahyira mo nnwuma a moyɛ so. Mobɛfɛm aman pii nanso, mo deɛ, moremfɛm hwee mfiri wɔn nkyɛn.
13 El Señor te hará cabeza y no cola; y siempre tendrás el lugar más alto, nunca por debajo; si prestas atención a los mandamientos del Señor tu Dios que te doy hoy, para que las guardes y las hagas;
Sɛ motie saa Awurade, mo Onyankopɔn, mmara yi na modi so a, Awurade bɛyɛ mo ti na ɛnyɛ nan, na moakorɔn.
14 No se aparten de ninguna de los mandamientos que les doy hoy, ni a la derecha ni a la izquierda, para ir tras otros dioses para servirle.
Ɛnsɛ sɛ motwe mo ho firi mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi biara ho sɛ morekɔdi anyame foforɔ akyi asom wɔn.
15 Pero si no escuchas la voz del Señor tu Dios, ni cumples sus mandamientos y las leyes que te doy hoy, entonces todas estas maldiciones vendrán sobre ti y te alcanzarán.
Na sɛ moantie Awurade, mo Onyankopɔn, anni ne mmara nyinaa a mede rema mo ɛnnɛ no so a, saa nnome yi nyinaa bɛba abɛbunkam afa mo so.
16 Serás maldecido en la ciudad y maldito en el campo.
Nnome bɛka mo wɔ mo nkuro ne mo ɔman mu.
17 Maldita será tu canasta y tazón de amasar la harina.
Wɔde nkɛntɛn a aduaba biara nni mu ne mmɔre kodoɔ a burodo nni mu bɛdome mo.
18 Maldito será el fruto de tu cuerpo, y el fruto de tu tierra, sobre el aumento de tu ganado y las crías de tu rebaño.
Wɔde mma kakra bi ne nsase bonini bɛdome mo. Wɔde anantwie ne nnwan abonini bɛdome mo.
19 Serás maldecido cuando entres y maldecido cuando salgas.
Baabiara a mobɛkorɔ, mo fieba ne mo adifire mu, wɔbɛdome mo.
20 El Señor te enviará maldiciones, y problemas y castigos en todo aquello a lo que pongas tu mano, hasta que la repentina destrucción te alcance; Por haberlo abandonado con tus malos caminos.
Awurade bɛma nnome, basabasayɛ ne hwammɔdie aba adeɛ biara a moyɛ mu, kɔsi sɛ awieeɛ no wɔbɛsɛe mo koraa sɛ moayɛ bɔne na moagya me enti.
21 El Señor enviará enfermedad tras enfermedad sobre ti, hasta que seas cortado por la muerte de la tierra a la que vas.
Awurade de nyarewa bɛba mo so akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo nyinaa wɔ asase a morebɛkɔ akɔfa no so.
22 El Señor enviará la enfermedad y el dolor ardiente y el calor ardiente contra ti, reteniendo la lluvia hasta que tu tierra esté agotada y muerta; así será hasta que tu destrucción sea completa.
Awurade de yadeɛ a ɛbɛma mo afonfɔn bɛka mo. Ɔbɛma huraeɛ ne ahonhono abɔ mo na wama ɔhyeɛ a ano yɛ den, mfudeɛ nyarewa ne kakawirewire aba mo so na aha mo ara kɔsi sɛ mo ase bɛhye.
23 Y el cielo sobre sus cabezas será de bronce; y la tierra debajo de ti, será dura como el hierro.
Ɔsoro a ɛkata mo tiri so no bɛdane sumpii na ɛfam adane dadeɛ.
24 El Señor hará que la lluvia de tu tierra se convierta en polvo y arena, enviándola desde el cielo hasta que tu destrucción sea completa.
Awurade bɛdane osutɔ a ɛwɔ mo ɔman mu no mfuturo; ɛbɛpore afiri soro agu mo so kɔsi sɛ mobɛsɛe.
25 El Señor te dejará ser vencido por tus enemigos; saldrás contra ellos de una manera ordenada, y volarás ante ellos siete caminos. Serás escarnio entre todos los reinos de la tierra.
Awurade bɛma mo atamfoɔ adi mo so nkonim. Mobɛfa baabi akɔto ahyɛ mo atamfoɔ so, nanso, mobɛfa akwan nson so adwane afiri wɔn anim. Mobɛyɛ ahodwiredeɛ wɔ ahennie a ɛwɔ asase yi so nyinaa ani so.
26 Tus cuerpos serán carne para todas las aves del aire y las bestias de la tierra; No habrá nadie quien las espante lejos.
Mo afunu bɛyɛ nnomaa ne wiram mmoa aduane, na obiara nso nni hɔ saa ɛberɛ no a ɔbɛpam wɔn.
27 El Señor te enviará la enfermedad de Egipto y otros tipos de enfermedades de la piel: tumores, úlceras, sarna y comezón, de lo que no podrás ser sanado.
Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛsisii mo wɔ Misraim no bi asisi mo. Na ɔde nsisiiwa, ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ mo.
28 Él hará que sus mentes se enfermen, y sus ojos se vuelvan ciegos, y sus corazones se desvanezcan de miedo.
Awurade de adammɔ, anifiraeɛ ne ayamhyehyeɛ bɛto mo so.
29 Andarás a tientas tu camino cuando el sol esté alto, como un ciego para quien todo está oscuro, y en nada te irá bien: serás oprimido y empobrecido para siempre, y no tendrás un salvador.
Mode mo nsa bɛhwehwɛ ɛkwan awia ketee te sɛ deɛ onifirani de ne nsa keka anadwo. Biribiara a moyɛ no, morenni mu nkonim. Wɔbɛhyɛ mo so, abɔ mo korɔno daa na obiara mmɛgye mo.
30 Tomarás una esposa, pero otro hombre dormirá con ella. La casa que han hecho tus manos nunca será tu lugar de descanso. Plantarás un viñedo, pero nunca tomarás el fruto de ella.
Mobɛgye ɔbaa aware nso obi ne no bɛda. Mobɛsi dan nso obi hunu na ɔbɛtena mu. Mobɛdɔ bobefuo nanso monnni mu aba.
31 Tu buey será muerto delante de tus ojos, pero su carne no será tu alimento; tu asno será quitado violentamente ante tu rostro y no te será devuelto. Tus ovejas serán entregadas a tus enemigos, y no habrá quien te salve.
Wɔbɛkum mo nantwie wɔ mo anim nanso morennya ne nam bi nwe. Wɔbɛgye mo afunumu afiri mo nsam a, ɔrensane mma bio. Wɔde mo dwan bɛma mo atamfoɔ na morennya ɔboafoɔ a ɔbɛgye no ama mo.
32 Tus hijos y tus hijas serán entregados a otra gente, y tus ojos mirarán y desfallecen por ellos todo el día y no tendrás poder para hacer nada.
Wɔde mo mmammarima ne mo mmammaa bɛma ɔman foforɔ na daa mobɛhwɛ wɔn ara ama mo ani atɔre sia, nanso morentumi nyɛ ho hwee.
33 El fruto de tu tierra y toda la obra de tus manos será alimento para una nación que sea extraña para ti y para tus padres; solo serás oprimido y malos tratos para siempre.
Nnipa a monnim wɔn na wɔbɛfo mo mfuo mu nnɔbaeɛ adi, na daa wɔasane ahyɛ mo so.
34 Para que las cosas que tus ojos tienen que ver, te vuelvan loco.
Na mo ani so adeɛ a mobɛhunu no bɛbɔ mo dam.
35 El Señor enviará una enfermedad de la piel, atacará tus rodillas y tus piernas, estallando desde tus pies hasta la parte superior de tu cabeza, para que nada te haga sentir bien.
Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛyɛ ya a wɔko a ɛnko abobɔ mo kotodwe ne mo nan ho na atrɛ afiri mo nan aseɛ akɔsi mo tiri so.
36 Y a ti, y al rey que has puesto sobre ti, el Señor los llevará a una nación extraña para ti y para tus padres; Allí serás siervos de otros dioses de madera y piedra.
Awurade bɛpamo mo ne mo ɔhene a ɔdi mo so no akɔ ɔman bi a mo ne mo agyanom nnim so so. Ɛhɔ na mobɛsom anyame foforɔ, anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ.
37 Y te convertirás en espanto, en proverbio, en un nombre de vergüenza entre todas las naciones donde el Señor te llevará.
Aman a Awurade de mobɛkɔ so no nyinaa so, mobɛyɛ akyiwadeɛ ne aseredeɛ ama wɔn.
38 Sembrarás mucha semilla al campo, pero recogerás poco; porque la langosta lo consumió.
Mobɛdua bebree nanso mobɛtwa kakraa bi, ɛfiri sɛ, ntutummɛ bɛwe mo mfudeɛ.
39 Pondrás en viñedos y cuidarás de ellas, pero no obtendrás vino ni uvas de ellas; porque serán comida para los gusanos.
Mobɛyɛ bobe nturo ahwɛ so yie nanso monnnom anaa monnni so aba, ɛfiri sɛ, asonson bɛsɛe bobe no.
40 Tu tierra estará llena de olivos, pero no habrá aceite para la comodidad de tu cuerpo; porque tu olivo no dará fruto.
Mobɛdua ngo nnua afa mo nsase so nyinaa nanso monnnya mu ngo biara, ɛfiri sɛ, aba no bɛte agu fam ɛberɛ a ɛmmereɛ.
41 Tendrás hijos e hijas, pero no serán tuyos; porque se irán prisioneros a tierra extraña.
Mobɛwo mmammarima ne mmammaa nanso ɛnyɛ mo na mobɛtete wɔn, ɛfiri sɛ, wɔbɛkyere wɔn de wɔn akɔ nkoasom mu.
42 Todos tus árboles y el fruto de tu tierra serán destruidos por la langosta.
Mo mfuo nyinaa, mmoawa bɛsɛe no.
43 El extranjero que vive en medio de ti será elevado más y más alto sobre ti, mientras tú desciendes más y más.
Ahɔhoɔ a wɔte mo mu no bɛnya ahoɔden anya no mmorosoɔ, na mo deɛ, mobɛyɛ mmerɛ ayɛ mmerɛ mmorosoɔ.
44 Él te prestará su riqueza en interés, y tu no tendrás nada que prestar; él será la cabeza y tú la cola.
Wɔbɛbɔ mo bosea a moremmɔ wɔn bi. Wɔbɛyɛ tiri na moayɛ nan.
45 Y todas estas maldiciones vendrán después de ti y te alcanzarán, hasta que tu destrucción sea completa; porque no escuchaste la voz del Señor tu Dios, ni guardaste sus mandamientos y las órdenes que él te dio.
Sɛ moanyɛ ɔsetie amma Awurade, mo Onyankopɔn, anni mmara a ɔde ama mo no so a, saa nnome yi nyinaa bɛdi mo akyi na abunkam afa mo so kɔsi sɛ wɔbɛsɛe mo.
46 Estas cosas vendrán sobre ti y sobre tu simiente, para ser una señal y una maravilla para siempre,
Saa nsɛm a ɛyɛ hu yi bɛba sɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne kɔkɔbɔ ama mo ne mo asefoɔ daa nyinaa.
47 Porque no honraste al Señor tu Dios, adorándolo con alegría, con gozo en sus corazones cuando tantos bienes te había dado.
Esiane sɛ moamfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ ansom Awurade mo Onyankopɔn wɔ mfasoɔ dodoɔ a moanya no ho enti,
48 Por esta causa te convertirás en siervo de los que el Señor tu Dios enviará contra ti: en hambre, en sed y desnudez, y en escasez de todas las cosas; y él te pondrá un yugo de hierro en el cuello hasta que te haya puesto fin.
mobɛsom mo atamfoɔ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛsoma wɔn abɛtia mo no. Ɛkɔm bɛde mo; sukɔm bɛde mo; mobɛda adagya na biribiara ho ahia mo. Wɔbɛhyɛ mo kɔnnua kɔsi sɛ wɔbɛsɛe mo.
49 El Señor enviará una nación contra ti desde los confines de la tierra, viniendo con la rapidez de un Águila en vuelo; una nación cuyo lenguaje no entenderás;
Awurade de ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri baabi wɔ asase ano bɛba abɛtia mo na wɔato ahyɛ mo so te sɛ ɔkɔdeɛ. Ɛyɛ ɔman a monte wɔn kasa;
50 Una nación de aspecto feroz, que no tendrá respeto por los ancianos ni misericordia por los niños.
ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔn akoma apirim na wɔmmu ɔpanin, nni ahummɔborɔ ma abɔfra.
51 Tomará el fruto de tu ganado y de tu tierra hasta que la muerte te ponga fin. No te permitirá tener nada de tu grano, vino o aceite, ni del aumento de tu ganado o de tus crías. rebaño, hasta que él te haya destruido completamente.
Nʼasraadɔm bɛto ahyɛ mo nyɛmmoa ne mo nnɔbaeɛ so na ɛkɔm ade mo yie ama moawuwu. Wɔrennya aburoo, nsã, ngo, nantwie mma anaa nnwan mma mma mo, na ɛnam so ama mo asɛe.
52 Tus ciudades serán cerradas por sus ejércitos, hasta que sus altos muros, en los que depositan su fe, hayan descendido: sus ejércitos rodearán tus ciudades, a través de toda la tierra que el Señor su Dios les ha dado.
Wɔbɛtua mo nkuropɔn nyinaa. Afasuo denden a mode mo ho too so sɛ ɛbɛbɔ mo ho ban wɔ mo asase no so no nyinaa, wɔbɛka agu fam. Wɔbɛto ahyɛ nkuro a ɛwɔ asase a Awurade mo Onyankopɔn de ama mo no so.
53 Y tu alimento será el fruto de tu cuerpo, la carne de los hijos e hijas que el Señor tu Dios te ha dado; Debido a tu amarga necesidad y al cruel control de tus enemigos.
Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɔtamfoɔ de bɛba mo so wɔ otua no mu no enti, mobɛwe mo mmammarima ne mmammaa a Awurade de ama mo no ɛnam mono.
54 El hombre entre ustedes que es tierno y acostumbrado a consolar será duro y cruel con su hermano, con su querida esposa y con aquellos de sus hijos que aún viven;
Mpo, mo mu ɔhobrɛaseni ne mmɔborɔni a ɔwɔ mo mu no renhunu ɔno ara ne nuabarima anaa ne yere a ɔdɔ no no ne ne mma a wɔte ase no so mmɔbɔ,
55 Y no dará a ninguno de ellos la carne de sus hijos, que será su alimento, porque no tiene otro; en las dificultades y ataques crueles de tus enemigos sobre todos tus pueblos.
na ɔremma wɔn mu biara ɛnam no bi nwe. Esiane sɛ, ɔnni biribi a aka a ɔbɛwe wɔ otua no a mo atamfoɔ no bɛtua mo nkuropɔn no nyinaa enti.
56 La más tierna y delicada de tus mujeres, que ni siquiera pondría el pie en la tierra, por delicada que era; será de corazón duro para su esposo, para su hijo y para su hija;
Mo mu ɔbaa a ɔbrɛ ne ho ase na ɔwɔ nkatedeɛ wɔ ne mu, a mpo ɔmpɛ sɛ ɔde ne nan bɛsi fam no, ɔbɛnya ne kunu a ɔdɔ no ne ɔno ara ne mmammarima anaa ne mmammaa ho menasepɔ.
57 Y a su bebé recién nacido, y a los hijos de su cuerpo; por no tener otra comida, ella los comerá en secreto, debido a su amarga necesidad y dificultad y cruel control de tus enemigos en todas tus ciudades.
Ɔbaa no de awodeɛ ne abɔfra a wawo no foforɔ no bɛsie wɔn sɛdeɛ ɔbɛtumi awe ne nyinaa kɔkoam. Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a mo atamfoɔ de bɛba mo nkuro nyinaa so no enti, biribiara renka a wɔbɛwe wɔ otua no mu.
58 Si no te preocupas por hacer todas las palabras de esta ley, registradas en este libro, honrando ese nombre de gloria y de temor, EL SEÑOR TU DIOS;
Sɛ moanni mmara no nyinaa a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no so na moansuro onimuonyamfoɔ ne ɔnwanwani Awurade mo Onyankopɔn no din a,
59 Entonces el Señor tu Dios hará tu castigo, y el castigo de tu simiente, una cosa para admirar; grandes castigos y enfermedades crueles que se extienden a través de largos años.
Awurade de ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛbrɛ mo ne mo asefoɔ. Saa yaredɔm yi ano bɛyɛ den na ɛrennyae. Mobɛka nnompe na moayɛ mmɔbɔ.
60 Él te enviará nuevamente todas las enfermedades de Egipto, que fueron causa de temor para ti, y te tomarán bajo su control.
Ɔde yadeɛ a ɛbaa mo so wɔ Misraim a ɛbɔɔ mo hu no bɛbrɛ mo a ɛremfiri mo so da.
61 Y todas las enfermedades y dolores no registrados en el libro de esta ley, el Señor te enviará hasta que tu destrucción sea completa.
Awurade bɛsane de nyarewa ahodoɔ bebree ne amanehunu a wɔntwerɛɛ no mmara nwoma no mu bɛbrɛ mo kɔsi sɛ mobɛsɛe.
62 Y quedarán pocos en número, aunque fueran numerosos como las estrellas del cielo; porque no escuchaste la voz del Señor tu Dios.
Mo a na modɔɔso te sɛ ɔsoro nsoromma no, mo so bɛte koraa, ɛfiri sɛ, moantie Awurade, mo Onyankopɔn.
63 Y mientras el Señor se deleitaba en hacerte bien y en multiplicarte, así el Señor se complacerá en arruinarte y causar tu destrucción, y serás desarraigado de la tierra que estás a punto de tomar como tu herencia.
Sɛdeɛ na ɛyɛ Awurade anisɔ sɛ ɔbɛma mo akɔ so no, saa ara nso na ɛbɛyɛ no anisɔ sɛ ɔbɛdwerɛ mo na wasɛe mo. Ɔbɛtutu mo ase afiri asase a morekɔ so akɔfa no so.
64 Y el Señor te enviará a vagar entre todos los pueblos, de un extremo a otro de la tierra. Allí serás siervos de otros dioses, de madera y piedra, dioses de los que ni tú ni tus padres conocían.
Na Awurade bɛbɔ mo apansam afra aman nyinaa firi asase ano kɔsi asase ano. Ɛhɔ na mobɛsom ahɔhoɔ anyame a mo anaa mo agyanom nhunuu bi da; anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ!
65 Y aun entre estas naciones no habrá paz para ti, ni descanso para tus pies; pero el Señor te dará allí un corazón tembloroso y un derroche de ojos tristes y cansancio del alma.
Saa aman no so morennya dwanekɔbea anaa ahomegyeɛ. Na Awurade bɛma mo akoma atutu na mo ani ayɛ siamoo na mo kra akusa.
66 Tu misma vida quedará en suspenso delante de ti, y día y noche se llenarán de miedos, y nada en la vida será seguro.
Mo asetena bɛdi nsensɛnmu. Anadwo ne awia nyinaa mobɛbɔ ehu a morennya gyidie biara sɛ mobɛhunu anɔpa hann.
67 Por la mañana dirás: ¡Ojalá fuera la tarde! Y al anochecer dirás: ¡Si solo llegara la mañana! Por el miedo en tus corazones amedrentados y las cosas que tus ojos verán.
Anɔpa mobɛka sɛ, “Sɛ ɛyɛɛ anadwo a!” Na anwummerɛ nso mobɛka sɛ, “Sɛ ɛyɛɛ anɔpa a!” Mobɛka saa, ɛfiri sɛ, mohunu sɛ ehu atwa mo ho ahyia.
68 Y el Señor te llevará de vuelta a Egipto en barcos, por el camino que te había dicho: Nunca lo volverás a ver: allí se ofrecerán en venta como siervos y siervas a sus enemigos, y ningún hombre los comprará.
Na Awurade bɛma mo asane akɔ Misraim wɔ ahyɛn mu, akwantuo a mehyɛɛ mo bɔ sɛ morentu bio no. Ɛhɔ na mode mo ho bɛma mo atamfoɔ sɛ wɔntɔ mo sɛ nkoa, nanso obiara rempɛ sɛ ɔbɛtɔ mo.

< Deuteronomio 28 >