< 2 Reyes 15 >

1 En el año vigésimo séptimo del gobierno de Jeroboam, rey de Israel, Azarías, hijo de Amasías, se convirtió en rey de Judá.
Bere a Yeroboam a ɔto so abien di ade wɔ Israel no, ne mfe aduonu ason so na Amasia babarima Asaria fii ase dii ade wɔ Yuda.
2 Tenía dieciséis años cuando comenzó a reinar, y reinó en Jerusalén durante cincuenta y dos años; el nombre de su madre era Jecolías de Jerusalén.
Obedii hene no, na wadi mfe dunsia. Na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum abien. Na ne na din de Yekolia a ofi Yerusalem.
3 E hizo lo correcto ante los ojos del Señor, como había hecho su padre Amasías.
Na ɔteɛ wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Amasia teɛ no.
4 Pero él no quitó los lugares altos, y la gente siguió haciendo sacrificios quemando incienso en los lugares altos.
Wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no.
5 Y el Señor envió enfermedad al rey, y se convirtió en leproso, y hasta el día de su muerte vivía separado en su casa particular. Y Jotam su hijo estaba sobre su casa, y gobierno de la nación.
Awurade maa kwata yɛɛ ɔhene no, kosii da a owui. Ne saa nti, na ɔno nko te ofi bi mu. Yotam a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfi no so, na odii nnipa a wɔwɔ asase no so no so.
6 Los demás hechos de Azarías y todo lo que hizo, ¿no están registrados en el libro de las crónicas de los reyes de Judá?
Na Asaria adedi ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
7 Entonces Azarías durmió con sus padres y fue enterrado con sus padres en la ciudad de David; y Jotam su hijo se convirtió en rey en su lugar.
Asaria wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Yotam na odii nʼade sɛ ɔhene.
8 En el año treinta y ocho de Azarías, rey de Judá, Zacarías, hijo de Jeroboam, reinó sobre Israel durante seis meses.
Yudahene Asaria dii ade no, ne mfe aduasa awotwe mu no na Yeroboam a ɔto so abien babarima Sakaria nso dii ade Israel wɔ Samaria. Odii ade asram asia.
9 E hizo lo malo ante los ojos del Señor, como había hecho su padre, sin apartarse del pecado que hizo Jeroboam, el hijo de Nabat, e hizo que hiciera Israel.
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagyanom yɛe no. Wamfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfo som no ho.
10 Y Salum, hijo de Jabes, hizo un plan secreto contra él, y atacándolo en Ibleam, lo mató y se convirtió en rey en su lugar.
Na Yabes babarima Salum bɔɔ pɔw de tiaa Sakaria, kum no wɔ bagua mu, dii akongua no.
11 Los demás hechos de Zacarías están registrados en el libro de las crónicas de los reyes de Israel.
Sakaria dwuma a odii nkae no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
12 Esto era lo que el Señor le había dicho a Jehú: Tus hijos hasta la cuarta generación serán reyes de Israel. Y así se cumplió.
Enti, Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ, Yehu se, “Wʼasefo na wɔbɛyɛ Israel ahemfo akosi awo ntoatoaso a ɛto so anan” mu no, baa mu.
13 Salum, hijo de Jabes, se convirtió en rey en el año treinta y nueve de Uzías, rey de Judá; y él estaba gobernando en Samaria por el espacio de un mes.
Yabes babarima Salum bedii Israel so hene no, na ɛyɛ Yudahene Usia adedi mfe aduasa akron mu. Salum dii ade wɔ Samaria ɔsram baako pɛ.
14 Entonces Menahem, el hijo de Gadi, subió de Tirsa y fue a Samaria, y atacando a Salum, hijo de Jabes, en Samaria, lo mató y se hizo rey en su lugar.
Afei, Gadi babarima Menahem fii Tirsa kɔɔ Samaria. Ɔkɔtow hyɛɛ Yabes babarima Salum so kum no, na ɔtenaa akongua no so.
15 Ahora, el resto de los actos de Salum y el plan secreto contra Zacarías, están registrados en el libro de las crónicas de los reyes de Israel.
Salum ahenni ho nsɛm nkae ne pɔw a ɔbɔe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu?
16 Entonces Menahem envió destrucción sobre Tifsa y todas las personas que había en ella, y sus límites, desde Tirsa, porque no lo dejaron entrar; e hizo que a todas las mujeres embarazadas les abrieran el vientre.
Saa bere no mu, Menahem fii Tirsa kɔtoaa Tifsa ne obiara a ɔwɔ hɔ ne ne nkurow nyinaa, efisɛ ɛhɔfo no ampene so sɛ wɔde kurow no bɛma. Okunkum kurow no mu nnipa nyinaa, paapae emu apemfo nyinaa yafunu mu.
17 En el año treinta y nueve de Azarías, rey de Judá, Menahem, hijo de Gadi, se convirtió en rey de Israel y reinó en Samaria durante diez años.
Gadi babarima Menahem fii ase dii Israelhene bere a na Usia adi ade wɔ Yuda ne mfe aduasa akron so. Odii hene wɔ Samaria mfirihyia du.
18 Hizo lo malo ante los ojos del Señor; no se apartó del pecado que hizo e hizo hacer a Israel, Jeroboam, el hijo de Nebat.
Nanso Menahem yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Nʼahenni mu nyinaa, wannyae bɔne a ɛyɛ ahonisom no a na Nebat babarima Yeroboam adi Israelfo anim de wɔn asom no.
19 En sus días, Pul, rey de Asiria, subió a la tierra; y Menahem le dio a Pul un millar de talentos de plata para que le permitiera conservar el reino.
Afei, Asiriahene Pul bedii asase no so. Na Menahem tuaa dwetɛ nkaribo tɔn aduasa ason maa no sɛnea ɔbɛtaa nʼakyi ama nʼahenni no atim.
20 Y Menahem obtuvo el dinero de Israel, de todos los hombres ricos, cincuenta siclos de plata de cada hombre, para dárselo al rey de Asiria. Entonces el rey de Asiria regresó sin detenerse en la región.
Menahem nam apoobɔ so gyigyee Israel asikafo no mu biara nkyɛn dwetɛ a ɛkari gram ahannum aduoson de maa Asiriahene. Ɛno nti, Asiriahene ankɔtow anhyɛ Israel so, na wantena asase no so nso.
21 Ahora, los demás hechos de Menahem y todo lo que hizo, ¿no están registrados en el libro de las crónicas de los reyes de Israel?
Na Menahem adedi ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
22 Y Menahem durmió con sus padres; Y Pekaia su hijo se hizo rey en su lugar.
Bere a Menahem wui no, ne babarima Pekahia na odii nʼade sɛ ɔhene.
23 En el quincuagésimo año de Azarías, rey de Judá, Pekaías, hijo de Menahem, se convirtió en rey de Israel en Samaria, y gobernó durante dos años.
Menahem babarima Pekahia fii ase dii Israelhene wɔ Yudahene Usia ahenni ne mfe aduonum so. Odii hene wɔ Samaria mfe abien.
24 E hizo lo malo ante los ojos del Señor, sin apartarse del pecado que hizo Jeroboam, el hijo de Nabat, e hizo pecar a Israel.
Nanso Pekahia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔsom no ho.
25 Y Peka, el hijo de Remalías, su capitán, conspiró contra él, atacándolo en el palacio real del rey en Samaria; también Argob and Arie, con él había cincuenta varones de Galaad; y lo mató, y se hizo rey en su lugar.
Na Remalia babarima Peka a na ɔyɛ Pekahia asraafo so sahene no bɔɔ pɔw tiaa no. Ɔfaa mmarima aduonum fii Gilead, kaa ne ho, kokum ɔhene no ne Argob ne Arie wɔ Samaria ahemfi abangua mu. Peka na afei obedii hene wɔ Israel.
26 Los demás hechos de Pekaía, y todo lo que hizo, están registrados en el libro de las crónicas de los reyes de Israel.
Pekahia ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
27 En el año cincuenta y dos de Azarías, rey de Judá, Peka, el hijo de Remalías, se convirtió en rey de Israel en Samaria, y gobernó durante veinte años.
Remalia babarima Peka bedii hene wɔ Israel wɔ bere a na Usia adi hene wɔ Yuda mfe aduonum abien. Odii ade wɔ Samaria mfirihyia aduonu.
28 E hizo lo malo ante los ojos del Señor, sin apartarse del pecado que hizo Jeroboam, el hijo de Nebat, e hizo pecar a Israel.
Nanso Peka yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔsom no ho.
29 En los días de Peka, rey de Israel, Tiglat-pileser, rey de Asiria, vino y tomó a Ijón, Abel-bet-maaca y Janoa y Cedes y Hazor y Galaad y Galilea y toda la tierra de Neftalí; y se llevó a la gente a Asiria.
Peka ahenni so no, Asiriahene Tiglat-Pileser kɔtoaa Israelfo bio, faa nkurow Iyon ne Abel-Bet-Maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea ne Naftali nsase nyinaa. Na ɔfaa nnipa no nnommum kɔɔ Asiria.
30 Y Oseas, el hijo de Ela, conspiró contra Peka, el hijo de Remalías, y, atacándolo, lo mató y se convirtió en rey en su lugar, en el año veinte de Jotam, el hijo de Uzías.
Na Ela babarima Hosea bɔɔ pɔw, tiaa Peka na okum no. Ofii ase dii Israel so hene bere a na Usia babarima Yotam nso adi ade mfe aduonu wɔ Yuda.
31 Los demás hechos de Peka, y todo lo que hizo, están registrados en el libro de las crónicas de los reyes de Israel.
Peka adedi mu nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
32 En el segundo año de Peka, el hijo de Remalías, rey de Israel, Jotam, hijo de Uzías, se convirtió en rey de Judá.
Usia babarima Yotam dii hene wɔ Yuda bere a na ɔhene Peka adi ade wɔ Israel mfirihyia abien.
33 Tenía veinticinco años cuando comenzó a reinar, y estuvo gobernando durante dieciséis años en Jerusalén; y el nombre de su madre era Jerusa, la hija de Sadoc.
Odii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii Yerusalem so hene mfe dunsia. Na ne na a ɔyɛ Sadok babea no din de Yerusa.
34 E hizo lo correcto ante los ojos del Señor, como había hecho su padre Uzías.
Yotam yɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, sɛnea nʼagya Usia yɛe no ara pɛ.
35 Pero él no quitó los lugares altos, y la gente siguió haciendo sacrificios quemando incienso en los lugares altos. Fue el constructor de la puerta superior de la casa del Señor.
Nanso wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no. Ɔno ne obi a ɔsan sii Awurade Asɔredan no atifi pon.
36 Los demás hechos de Jotam y todo lo que hizo, ¿no están registrados en el libro de las crónicas de los reyes de Judá?
Yotam ahenni ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
37 En aquellos días, el Señor envió primero contra Judá, Rezín, el rey de Aram, y Peká, el hijo de Remalías.
Saa mmere no mu, Awurade fii ase somaa Aramhene Resin ne Israelhene Peka, sɛ wɔnkɔtow nhyɛ Yuda so.
38 Y Jotam durmió con sus padres, y fue enterrado en el pueblo de David su padre; Y su hijo Acaz se convirtió en rey en su lugar.
Bere a Yotam wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Ahas bedii nʼade sɛ ɔhene.

< 2 Reyes 15 >