< Salmos 67 >

1 Al Vencedor: en Neginot: Salmo de Canción. Dios tenga misericordia de nosotros, y nos bendiga; haga resplandecer su rostro sobre nosotros (Selah)
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ. Dwom. Onyankopɔn nnom yɛn na ɔnhyira yɛn ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,
2 para que conozcamos en la tierra tu camino, entre todos los gentiles tu salud.
na ɔmma wɔnhunu nʼakwan wɔ asase so, ne ne nkwagyeɛ wɔ amanaman no nyinaa mu.
3 Alábente los pueblos, oh Dios; Alábente todos los pueblos.
Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo.
4 Alégrense y gócense los gentiles cuando juzgares los pueblos con equidad, y pastorearás los gentiles en la tierra. (Selah)
Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom, ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee mu na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.
5 Alábente los pueblos, oh Dios: Alábente todos los pueblos.
Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo!
6 Entonces la tierra dará su fruto; nos bendecirá Dios, el Dios nuestro.
Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbaeɛ, na Onyankopɔn, yɛn Onyankopɔn ahyira yɛn.
7 Bendíganos Dios, y témanlo todos los confines de la tierra.
Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa bɛsuro no.

< Salmos 67 >