< Salmos 116 >

1 Amo al SEÑOR, porque ha oído mi voz y mis súplicas.
Medɔ Awurade ɛfiri sɛ, ɔtee me nne. Ɔtee me mmɔborɔhunu su.
2 Porque ha inclinado a mí su oído, le invocaré en todos mis días.
Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso maa me enti, mɛfrɛ no wɔ ɛberɛ a mete ase yi.
3 Me rodearon los dolores de la muerte, me encontraron las angustias del sepulcro; angustia y dolor había yo hallado. (Sheol h7585)
Owuo nhoma kyekyeree me, ɛda ho ahometeɛ baa me so, ɔhaw ne awerɛhoɔ hyɛɛ me so. (Sheol h7585)
4 Entonces invoqué el Nombre del SEÑOR, diciendo: Libra ahora, oh SEÑOR, mi alma.
Afei mebɔɔ Awurade din kaa sɛ, “Ao Awurade, gye me nkwa!”
5 Clemente es el SEÑOR y justo; sí, misericordioso es nuestro Dios.
Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni; ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma.
6 El SEÑOR guarda a los simples; estaba debilitado, y me salvó.
Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban; ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me.
7 Vuelve, oh alma mía, a tu reposo; porque el SEÑOR te ha hecho bien.
Nya abotɔyam bio, Ao me kra, ɛfiri sɛ Awurade ne wo adi no yie.
8 Porque has librado mi alma de la muerte, mis ojos de lágrimas, y mis pies de resbalar.
Na wo, Ao Awurade, woagye me kra afiri owuo mu; woamma mʼani amporo nisuo, na woamma me nan ansunti,
9 Andaré delante del SEÑOR en la tierra de los vivientes.
sɛ mɛnante Awurade anim wɔ ateasefoɔ asase so.
10 Creí; por tanto hablé, y fui afligido en gran manera.
Megye diiɛ; ɛno enti mekaa sɛ, “Mewɔ ahohia kɛseɛ mu.”
11 Y dije en mi apresuramiento: Todo hombre es mentiroso.
Na mʼabasamtuo mu, mekaa sɛ, “Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.”
12 ¿Qué pagaré al SEÑOR por todos sus beneficios para conmigo?
Ɛdeɛn na mɛtumi de atua Awurade ka wɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa?
13 Tomaré la copa de la salud, e invocaré el Nombre del SEÑOR.
Mɛma nkwagyeɛ kuruwa no so na mabɔ Awurade din.
14 Ahora pagaré mis votos al SEÑOR delante de todo su pueblo.
Mɛdi ɛbɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim.
15 Estimada es en los ojos del SEÑOR la muerte de sus misericordiosos.
Nʼahotefoɔ wuo yɛ aboɔden wɔ Awurade ani so.
16 Así es oh SEÑOR, porque yo soy tu siervo, yo soy tu siervo, hijo de tu sierva; tú rompiste mis prisiones.
Ao Awurade, ampa ara meyɛ wo ɔsomfoɔ; meyɛ wo ɔsomfoɔ, wʼafenaa babarima; wayi me afiri me mpɔkyerɛ mu.
17 Te ofreceré sacrificio de alabanza, e invocaré el Nombre del SEÑOR.
Mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama wo na mabɔ Awurade din.
18 Ahora pagaré mis votos al SEÑOR delante de todo su pueblo;
Mɛdi me bɔ a mahyɛ Awurade no so wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim,
19 en los atrios de la Casa del SEÑOR, en medio de ti, oh Jerusalén. Alelu-JAH.
wɔ adihɔ a ɛwɔ Awurade fie wɔ wo mfimfini, Ao Yerusalem. Monkamfo Awurade.

< Salmos 116 >